Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 62

Ahobrɛase Ho Asuade Kɛse

Ahobrɛase Ho Asuade Kɛse

MATEO 17:22–18:5 MARKO 9:30-37 LUKA 9:43-48

  • YESU SAN KAA NE WUO HO ASƐM

  • ƆDE SIKA A WƆYI FII APATAA ANOM TUAA TOW

  • HWAN NE ƆKƐSEƐ WƆ AHENNI NO MU?

Yesu ahosakra no akyi no, ɔtuu ahonhommɔne fii abofra bi mu wɔ Kaesarea Filipi, na afei ɔde n’ani kyerɛɛ Kapernaum. Ɔne n’asuafo no nko ara na ɛkɔe, efisɛ na ‘ɔmpɛ sɛ obiara bɛte’ ne nka. (Marko 9:30) Bere a ɔne n’asuafo no nko ara wɔ hɔ no, ɔnyaa kwan kaa ne wuo no ho asɛm bio; ná ɛbɛma wɔada wɔn ho so na wɔasiesie wɔn ho ama adwuma a ɛda wɔn anim no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛtwa sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ nnipa nsa, na wɔbɛku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”—Mateo 17:22, 23.

Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ asuafo no, na ɛnyɛ asɛm foforo. Ná wadi kan aka akyerɛ wɔn sɛ nkurɔfo bɛku no; saa bere no Petro annye anni sɛ biribi saa bɛsi. (Mateo 16:21, 22) Afei nso asomafo mmiɛnsa huu Yesu ahosakra no, na wɔtee sɛ wɔreka Yesu “kɔ” ho asɛm. (Luka 9:31) Nsɛm a Yesu kae no, asuafo no ante ne nyinaa ase deɛ, nanso ɛmaa “wɔn werɛ hoo pii.” (Mateo 17:23) Ne nyinaa akyi no, na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa ɛho asɛm.

Akyiri yi wɔkɔɔ Kapernaum; ɛhɔ na na Yesu taa soɛ, na ɛhɔ ara nso na na asomafo no bi fi. Wɔwɔ hɔ no, mmarima a wɔgyegye asɔrefie tow no bɛbisaa Petro biribi. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔrepɛ biribi agyina so abɔ Yesu sobo sɛ ɔntua tow. Asɛm a wɔbisaa Petro ne sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfoɔ no tua drakma mmienu [asɔrefie] toɔ no anaa?”—Mateo 17:24.

Petro buaa sɛ: “Aane.” Petro baa fie no, na Yesu ahu nea asi dadaada. Enti Yesu antwɛn amma Petro ammisa no, ɛnna ɔbisaa sɛ: “Simon, wodwene ho sɛn? Hwan nkyɛn na asase so ahemfo no gye amanneɛ anaa toɔ no? Wɔn mma anaa ahɔhoɔ nkyɛn?” Petro buaa sɛ: “Ahɔhoɔ nkyɛn.” Afei Yesu kaa sɛ: “Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ mma no tua toɔ.”—Mateo 17:25, 26.

Yesu Agya ne amansan Hene no, na ɔno nso na nkurɔfo som no wɔ asɔrefie hɔ. Enti, na mmara nkyekyere Onyankopɔn Ba no sɛ asɔrefie tow no, ɔno nso bɛtua bi. Nanso Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn suntidua nti, wo deɛ kɔ po kɔto daawa na apataa a ɛdi kan a wobɛyie no, sɛ wobue n’anom a wobɛhunu dwetɛ sika [anaa drakma nnan]. Yi ma wɔn fa tua me ne wo deɛ.”—Mateo 17:27.

Akyiri yi a asuafo no ano boae no, wɔbisaa Yesu nea ɔbɛyɛ kɛse wɔ Ahenni no mu. Yesu reka sɛ ɔbɛwu no, asuafo koro yi ara na na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no ho asɛm no, nanso ɛbaa wɔn daakye deɛ, wɔammɔ hu sɛ wɔbɛbisa ho asɛm. Ná Yesu ahu wɔn adwene. Efisɛ bere a wɔnam kwan so reba Kapernaum no, na wɔregye nea ɔbɛyɛ kɛse wɔ Ahenni no mu ho akyinnye. Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na na moregye ho akyinnyeɛ wɔ kwan soɔ no?” (Marko 9:33) Asuafo no fɛree paa, enti wɔyɛɛ komm; ná wɔn ara nim nea wɔayɛ. Afei deɛ wɔnyaa akokoduru bisaa Yesu asɛm a na wɔregye ho akyinnye no. Wɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔyɛ kɛseɛ paa wɔ ɔsoro ahennie mu?”—Mateo 18:1.

Wohwɛ mfe mmiɛnsa a Yesu ne asuafo no anantew, na wɔatie ne nkyerɛkyerɛ no a, ɛyɛ nwonwa sɛ na wɔregye saa akyinnye no. Nanso kae sɛ na bɔne wɔ wɔn ho. Baabi a wɔtenae nso, ɛhɔ yɛ baabi a nkurɔfo pere ɔsom mu dibea paa. Afei nso, na Yesu aka akyerɛ Petro sɛ ɔde Ahenni no ho “nsafoa” bi bɛma no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ma ɔtee nka sɛ ɔkyɛn asuafo a aka no. Yakobo ne Yohane nso, wɔhuu Yesu ahosakra no, enti ɛbɛtumi aba sɛ wɔn nso wɔtee nka sɛ wɔkyɛn asuafo a aka no.

Sɛnea ɛte biara no, Yesu tenee wɔn adwene. Ɔfrɛɛ abofra bi bɛgyinaa asuafo no mfinifini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moannane anyɛ sɛ mmɔfra nkumaa a, morenhyɛn ɔsoro ahennie mu da. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra kumaa yi ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ ɔsoro ahennie no mu, na obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa a ɔte sei me din mu no, na wagye me nso.”—Mateo 18:3-5.

Yesu nkyerɛkyerɛ no tu mpɔn paa. Ne bo amfu asuafo no anka sɛ wɔyɛ anibere anaa adifudepɛ. Mmom ɔde biribi yɛɛ asuade maa wɔn. Mmofra deɛ, wɔnyɛ akɛsesɛm na wɔmpɛ dibea. Enti Yesu maa n’asuafo no huu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho sɛ mmofra. Afei Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Deɛ ɔyɛ ne ho kumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛseɛ.”—Luka 9:48.