Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 67

“Obiara Nkasaa Saa Da”

“Obiara Nkasaa Saa Da”

YOHANE 7:32-52

  • WƆSOMAA NKURƆFO SƐ WƆNKƆKYERE YESU

  • NIKODEMO KAA BI MAA YESU

Bere a Yesu kɔɔ Yerusalem kɔdii Asese Afahyɛ no, n’ani gyee sɛ “nnipakuo no mu pii gyee no diiɛ.” Nyamesom mpanimfoɔ no deɛ, na biribi abɛhyɛ wɔn bo. Enti wɔsomaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔkyere no. (Yohane 7:31, 32) Nanso Yesu amfa ne ho ansie.

Mmom no, ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe wɔ Yerusalem a wansuro. Ɔkaa sɛ: “Mɛwɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi ansa na makɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Mobɛhwehwɛ me nso morenhu me, na baabi a mewɔ no montumi mma hɔ.” (Yohane 7:33, 34) Yudafo no ante ase, enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ɛhe na onipa yi pɛ sɛ ɔkɔ a enti yɛnhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a wɔahwete Helafoɔ mu no nkyɛn na ɔkɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ no anaa? Asɛm a ɔkaeɛ yi kyerɛ sɛn, ‘Mobɛhwehwɛ me nso morenhu me, na baabi a mewɔ no montumi mma hɔ’?” (Yohane 7:35, 36) Nea na Yesu reka ho asɛm no ne sɛ ɔbɛwu na wanyane akɔ soro; ɛhɔ deɛ, n’atamfo rentumi nni n’akyi nkɔ.

Afei deɛ, na afahyɛ no reyɛ akɔ n’awiei. Sɛ wɔredi afahyɛ no a, anɔpa biara ɔsɔfo kɔsa nsuo fi Siloa Tare no mu bɛhwie gu asɔrefie afɔremuka no mu ma ɛtene kɔgu ase. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛno wɔ Yesu adwenem, enti ɔkaa sɛ: “Sɛ sukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsuo. Deɛ ɔgye me die no, sɛdeɛ Twerɛnsɛm no aka no, ‘Ne mu na nkwa asubɔnten bɛtene afire.’”—Yohane 7:37, 38.

Sɛ wɔde honhom kronkron sra Yesu asuafo ma wɔbɛnya ɔsoro anidaso a, nea ɛbɛkɔ so na na Yesu reka ho asɛm. Yesu wui no, wɔde honhom sraa asuafo no. Ɛfiri Pentekoste da, afe a ɛdi hɔ no, nkwa nsuo firii ase tenee. Saa bere no, asuafo no kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.

Ebinom tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, wɔkaa sɛ: “Nokwasɛm nie, oyi ne Odiyifoɔ no.” Ɛbɛyɛ sɛ na wɔretwe adwene asi odiyifo a wɔaka sɛ ɔbɛyɛ kɛse asen Mose no so. Afoforo kaa sɛ: “Oyi ne Kristo no.” Ebinom nso kaa sɛ: “Galilea na Kristo no bɛfiri aba anaa? Twerɛnsɛm no nkaa sɛ Kristo no bɛfiri Dawid ase ne Betlehem akuraa a na Dawid teɛ no mu na aba anaa?”—Yohane 7:40-42.

Afei deɛ, na nkurɔfo no mu akyɛ. Ná nyamesom mpanimfoɔ no pɛ sɛ wɔkyere Yesu, nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no. Enti bere a mmarima a wɔsomaa wɔn no bae a Yesu nka wɔn ho no, asɔfo mpanin ne Farisifo no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” Mmarima no buaa sɛ: “Obiara nkasaa saa da.” Asɛm yi maa nyamesom mpanimfoɔ no bo fui, na wɔdii mmarima no ho fɛw kaa sɛ: “Wɔadaadaa mo nso anaa? Atumfoɔ no anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa? Nanso nnipakuo a wɔnnim Mmara yi yɛ wɔn a wɔadome wɔn.”—Yohane 7:45-49.

Ɛyɛɛ saa no, Farisini bi a wɔfrɛ no Nikodemo sɔree. Ná ɔka Sanhedrin no ho, nanso ɔkaa bi maa Yesu. Saa ɔbarima Nikodemo yi, bɛyɛ mfe mmienu ne fã a na atwam no, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn anadwo bi. Ɔne Yesu kɔbɔɔ nkɔmmɔ bi a ɛma yɛhu sɛ na ɔgye Yesu di. Afei bere a Nikodemo sɔree wɔ Sanhedrin yi anim no, ɔkaa sɛ: “Sɛ wɔnnii kan ntiee obi anom asɛm nhunuu deɛ ɔreyɛ a, yɛn mmara tumi bu no atɛn anaa?” Mmuaeɛ bɛn na wɔde maa no? Wɔkaa sɛ: “Adɛn, wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ mu hwɛ na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara nni hɔ a ɔbɛfiri Galilea asɔreɛ.”—Yohane 7:51, 52.

Kyerɛwnsɛm no anka ansi no pi sɛ odiyifo bi bɛfiri Galilea aba. Nanso Onyankopɔn Asɛm kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na Kristo no bɛfiri aba; ɛhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛhu “hann kɛseɛ bi” wɔ “amanaman mufoɔ Galilea.” (Yesaia 9:1, 2; Mateo 4:13-17) Bio nso, sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, wɔwoo Yesu wɔ Betlehem, na na ɔyɛ Dawid aseni. Ɛwom, ebia na Farisifo no nim saa nkɔmhyɛ no nyinaa, nanso ɛbɛyɛ sɛ wɔn ara na wɔyɛ maa nkurɔfo nyaa Yesu ho adwene a ɛntene no.