Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 68

Onyankopɔn Ba no Yɛ “Wiase Hann”

Onyankopɔn Ba no Yɛ “Wiase Hann”

YOHANE 8:12-36

  • YESU KYERƐƐ ONIPA KO A ƆBA NO YƐ

  • DƐN NTI NA NA YUDAFO NO YƐ NKOA?

Asese Afahyɛ no da a ɛtɔ so nson no, ɛno ne afahyɛ no da a ɛtwa to. Saa bere no, na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ baabi a wɔde “sika nnaka” sisi no. (Yohane 8:20; Luka 21:1) Ɛbɛyɛ sɛ Mmaa Abangua no so hɔ na na ɛwɔ; ɛhɔ na na ɔmanfo kɔyi ntoboa.

Sɛ afahyɛ no rekɔ so a, abangua no so hyerɛn paa anadwo. Ná nkaneadua akɛse nnan sisi hɔ; ebiara nso mu apae nnan, na na wɔde ngo hyɛ no ma. Nkanea no, na ano yɛ den araa ma ɛtumi hyerɛn kɔ akyirikyiri. Yesu kaa biribi, na ɛbɛyɛ sɛ ɛtwee n’atiefo adwene kɔɔ saa nkanea no so. Ɔkaa sɛ: “Mene wiase hann. Deɛ ɔdi m’akyi no rennante sum mu da, mmom ɔbɛnya nkwa hann.”—Yohane 8:12.

Asɛm a Yesu kae no, Farisifo no ani annye ho, na wɔkaa sɛ: “Wodi wo ara wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.” Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekorɔ. Mo deɛ, monnim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekorɔ.” Ɔtoaa so sɛ: “Wɔatwerɛ no mo ara mo Mmara mu sɛ, ‘Nnipa mmienu adanseɛ yɛ nokorɛ.’ Medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”—Yohane 8:13-18.

Farisifo no ne no anyɛ adwene, enti wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu kaa no pen kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni me, na saa ara nso na monnim m’Agya no. Sɛ moni me a, anka mobɛhunu m’Agya no nso.” (Yohane 8:19) Ná Farisifo no nya Yesu a wɔbɛkyere no, nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no.

Yesu san kaa asɛm bi a na waka dada sɛ: “Merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, nanso mobɛwu mo bɔne mu. Baabi a merekorɔ no montumi mma hɔ.” Yudafo no deɛ na asɛm no ayera wɔn koraa, enti wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ ku na ɔpɛ sɛ ɔku ne ho yi? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Baabi a merekorɔ no montumi mma hɔ.’” Wɔante Yesu asɛm no ase efisɛ na wɔnnim baabi a ɔfiri bae. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Mofiri fam; me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; me deɛ, memfiri wiase.”—Yohane 8:21-23.

Ná Yesu rekyerɛ wɔn sɛ ɔtenaa soro ansa na wɔrewo no aba asase so, na ɔno nso ne Mesia anaa Kristo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm a nyamesom mpanimfoɔ no rehwɛ no kwan no. Nanso wɔbisaa no animtiaabu mu sɛ: “Wone hwan?”—Yohane 8:25.

Bere a Yesu huu sɛ wɔnnye no nni na wɔne n’ani nhyia no, ɔkaa sɛ: “Adɛn na me ne mo rekasa koraa?” Ne nyinaa mu no, ɔtwee adwene kɔɔ n’Agya so na ɔkyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ Yudafo no tie Ɔba no. Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, na deɛ mete firii ne nkyɛn no ara na mereka no wiase.”—Yohane 8:25, 26.

Ná Yudafo no nni Onyankopɔn mu gyidi, nanso Yesu deɛ, ɔkaa biribi de kyerɛɛ sɛ ɔgye n’Agya di paa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ monya ma onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me tirim nyɛ biribiara; na sɛdeɛ Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka. Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; wannya me nko, ɛfiri sɛ meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani daa.”—Yohane 8:28, 29.

Nanso na Yudafo no binom gye Yesu di, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafoɔ ampa, na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:31, 32.

Ebinom ante ase sɛ ɔkaa sɛ wɔbɛde wɔn ho. Asɛm a wɔkae ne sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefoɔ na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Mobɛde mo ho’?” Yudafo no ara nim sɛ ɛtɔ da a wɔtumi bɛhyɛ ɔman foforo tumi ase, nanso wɔnnye ntom sɛ wɔyɛ nkoa. Ne nyinaa mu no, Yesu kyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔda so ara yɛ nkoa. Ɔkaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.”—Yohane 8:33, 34.

Gye a Yudafo no annye antom sɛ wɔyɛ nkoa ma bɔne no de wɔn gyinaa nea ɛhɔ yɛ toro. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Akoa ntena fie daa; ɔba na ɔtena hɔ daa.” (Yohane 8:35) Akoa wɔ hɔ yi, ɔmpere agyapade, na bere biara a ne wura pɛ no, ɔtumi pam no. Sɛ obi yɛ ɔdehyeɛ a na ɔbɛtumi atena fie hɔ “daa.”

Enti sɛ obi sua nokware a ɛfa Ɔba no ho a, ɛno na ɛbɛma wade ne ho afiri bɔne a ɛde nnipa kɔ wuo mu no ho. Yesu kaa sɛ: “Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.”—Yohane 8:36.