Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 80

Odwanhwɛfoɔ Pa No ne Nnwammuo No

Odwanhwɛfoɔ Pa No ne Nnwammuo No

YOHANE 10:1-21

  • YESU KAA ODWANHWƐFOƆ PA NE NNWAMMUO HO ASƐM

Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ Yudea no, ɔde nnwan ne nnwammuo yɛɛ mfatoho, na na ɛnyɛ ade foforo mma n’atiefo no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Yudafo no kaee Dawid asɛm bi. Ɛka sɛ: “Yehowa ne me Hwɛfoɔ. Hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.” (Dwom 23:1, 2) Dawid san kaa wɔ dwom foforo mu sɛ: “Momma yɛnkoto yɛn Bɔfo Yehowa anim. Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan.” (Dwom 95:6, 7) Enti ɛfiri bere a Onyankopɔn ne Israelfo yɛɛ Mmara apam no nyinaa, na wɔtaa de wɔn toto nnwan ho.

Saa bere no, yɛbɛtumi aka sɛ na Israelfo no te sɛ “nnwan” a wɔwɔ “nnwammuo” mu, efisɛ wɔwoo wɔn no, na wɔhyɛ Mose Mmara apam no ase. Ná Mmara no ayɛ sɛ ɔfasu; ɛbɔɔ wɔn ho ban ma enti aman a aka no atantanne no, wɔanyɛ bi. Nanso Israelfo no bi yɛɛ Onyankopɔn nnwan no basabasa. Yesu kaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo no mu na ɔforo fa baabi foforɔ no, ɔyɛ korɔmfoɔ ne dwotwafoɔ. Na mmom deɛ ɔfa pono ano ba mu no ne nnwan no hwɛfoɔ.”—Yohane 10:1, 2.

Saa bere no, na nnipa bi yɛ wɔn ho sɛ wɔne Mesia anaa Kristo no, na ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo no adwene kɔɔ wɔn so. Saa nnipa yi, na wɔte sɛ akorɔmfo ne adwotwafoɔ, enti ɛnsɛ sɛ anka nkurɔfo no di wɔn akyi. Mmom, na ɛsɛ sɛ wɔdi “nnwan no hwɛfoɔ” akyi. Yesu kaa saa odwanhwɛfoɔ no ho asɛm sɛ:

“Ɛpono ano hwɛfoɔ no bue no, na nnwan no tie ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn de wɔn firi adi. Sɛ ɔde ne deɛ nyinaa firi adi a, ɔdi wɔn anim na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne. Ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi ɛkwan biara so, mmom wɔbɛdwane afiri ne nkyɛn, ɛfiri sɛ wɔnnim ahɔhoɔ nne.”—Yohane 10:3-5.

Bere a nkurɔfo no hyɛ Mmara no ase no, na wɔte sɛ nnwan a wɔwɔ buo mu. Yohane Suboni bae no, ɔbɛyɛɛ adwuma sɛ ɛpono ano hwɛfo kyerɛɛ nkurɔfo no kwan kɔɔ Yesu nkyɛn sɛ wɔnni n’akyi. Nnwan a Yesu kɔtoo wɔn wɔ Galilea ne wɔn a wɔwɔ Yudea ha no bi tee ne nne dii n’akyi. Ná ɔde wɔn rekɔ he? Sɛ wɔdi n’akyi a, dɛn na wɔbɛnya? Ɛbɛyɛ sɛ nsɛmmisa yi baa Yesu atiefo no adwenem, efisɛ “wɔanhunu deɛ na asɛm a ɔreka akyerɛ wɔn no kyerɛ.”—Yohane 10:6.

Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mene nnwan no pono no. Wɔn a wɔde me din aba nyinaa yɛ akorɔmfoɔ ne adwotwafoɔ; nanso nnwan no antie wɔn. Mene pono no; obiara a ɔfa me so kɔ mu no, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu aba na wanya adidibea.”—Yohane 10:7-9.

Ɛda adi pefee sɛ biribi foforo koraa na na Yesu de reba. Ná nnipa a wɔretie no no nim sɛ ɛnyɛ ɔno ne ɛpono a ɛkɔ Mmara apam no mu efisɛ na ɛwɔ hɔ dadaada ansa na ɔreba. Ɛno ma yɛhu sɛ nnwan a ‘ɔyii wɔn firii adi’ no, ɔde wɔn kɔɔ nnwammuo foforo mu. Dɛn na wɔnyae?

Yesu toaa so kyerɛɛ n’adwuma no mu sɛ: “Me deɛ, maba sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa na wɔanya no mmorosoɔ. Mene odwanhwɛfoɔ pa no; odwanhwɛfoɔ pa de ne kra to hɔ ma nnwan no.” (Yohane 10:10, 11) Bere bi a atwam no, na Yesu aka awerɛkyekyesɛm yi akyerɛ n’asuafo no sɛ: “Monnsuro, nnwankuo ketewa, ɛfiri sɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.” (Luka 12:32) Enti “nnwankuo ketewa” no yɛ nnipa a Yesu bɛdi wɔn anim akɔ nnwammuo foforo mu “sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa na wɔanya no mmorosoɔ.” Nhyira bɛn na ɛkyɛn wei!

Nanso Yesu amfa asɛm no anso hɔ ara. Ɔtoaa so sɛ: “Mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wɔbɛtie me nne, na wɔabɛyɛ kuo baako anya ɔhwɛfoɔ baako.” (Yohane 10:16) Saa “nnwan foforɔ” no, na “wɔmfiri ban yi mu.” Ɛnde na wɔfiri ban foforo mu, enti wɔnka “nnwankuo ketewa” a wɔbɛnya Ahenni no ho. Wɔyɛ nnwankuo mmienu a ɛsono ebiara buo, na wɔn anidaso nso nyɛ pɛ. Nanso akuw mmienu no nyinaa bɛnya Yesu adwuma no so mfaso. Ɛno nti, Yesu kaa sɛ: “Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me kra to hɔ.”—Yohane 10:17.

Nnipa a wɔretie Yesu no pii kaa sɛ: “Ɔwɔ adaemone na wabɔ dam.” Nanso ebinom tiee no faa mu aba, na wɔgyee no toom sɛ Odwanhwɛfoɔ Pa dii n’akyi. Wɔkaa sɛ: “Yei nyɛ nsɛm a ɛfiri obi a ɔwɔ adaemone hɔ. Adaemone ntumi mmue anifirafoɔ ani, anaa ɔbɛtumi?” (Yohane 10:20, 21) Onifuraefo a wɔkaa ne ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ ɔno na bere bi Yesu saa no yareɛ no.