Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 82

Yesu Yɛɛ Asɛnka Adwuma wɔ Perea

Yesu Yɛɛ Asɛnka Adwuma wɔ Perea

LUKA 13:22–14:6

  • MONYERE MO HO NHYƐN ƐPONO TEATEAA NO MU

  • YESU BƐWU WƆ YERUSALEM

Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔ Yudea ne Yerusalem na ɔsaa nkurɔfo yareɛ wɔ hɔ. Afei ɔtwaa Yordan Asubɔnten no kɔɔ Perea mantam no mu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro nkuro mu. Nanso na ɛrenkyɛ, ɔbɛsan akɔ Yerusalem.

Bere a Yesu wɔ Perea no, ɔbarima bi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn no yɛ kakraa bi anaa?” Saa bere no, na akyinnye bi rekɔ so wɔ nyamesom mpanimfoɔ no mu; ebinom se wɔn a wɔbɛgye wɔn no sua na ebi nso se wɔdɔɔso. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima yi ate saa akyinnye no ho asɛm. Yesu anka nnipa dodo a wɔbɛgye wɔn nkwa no ho hwee. Mmom ɔkaa nea obi yɛ a wɔbɛgye no nkwa ho asɛm sɛ: “Monyere mo ho dendeenden nhyɛn ɛpono teateaa no mu.” Ɛno kyerɛ sɛ obi bɛnya nkwa a, adwuma wom na ɛgye animia. Adɛn ntia? Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Mese mo sɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wɔhyɛn mu nanso wɔrentumi.”—Luka 13:23, 24.

Yesu kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ampa, ɛgye mmɔdenbɔ. Ɔkaa sɛ: “Sɛ efiewura no nya sɔre to pono no mu a, afei mobɛgyina abɔnten abɔ pono no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’ . . . Nanso ɔbɛbue n’ano aka akyerɛ mo sɛ, ‘Mennim deɛ mofire. Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!’”—Luka 13:25-27.

Ɛno ma yɛhu sɛ, sɛ obi redwa boɔ mu koraa a, ɛsɛ sɛ ɔgyae ba, efisɛ sɛ ɔtenatena hɔ na ɔba bere a ɔpɛ a, ɔbɛba no na wɔato pono no mu. Saa na na nnipa pii tebea akɔyɛ; anka wɔbɛtumi anya mfaso afiri Yesu nkyerɛkyerɛ so bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no. Nanso wɔamma nokware som anhia wɔn ansen biribiara. Wɔn a Onyankopɔn somaa Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ wɔmfa ne so nnya nkwa no, wɔn mu dodow no ara annye saa nhyehyɛe no antom. Yesu kaa sɛ wɔbɛgyina abɔnten ‘asu atwerɛ wɔn sẽ.’ Nanso “nkurɔfoɔ bɛfiri apueeɛ fam ne atɔeɛ fam, atifi fam ne anafoɔ fam aba,” kyerɛ sɛ, wɔbɛfiri aman nyinaa mu, na “wɔbɛtenatena adidiiɛ Onyankopɔn ahennie mu.”—Luka 13:28, 29.

Yesu kaa sɛ: “Ebinom a wɔaka akyire [te sɛ nnipa a wɔnyɛ Yudafo ne wɔn a wɔnni kamafo no] bɛdi kan, na ebinom a wɔdi kan aka akyire.” (Luka 13:30) Wɔn a wɔdi kan a wɔbɛka akyiri no bi ne Yudafo a wɔn nko ara na na Onyankopɔn de ɔsom hokwan adom wɔn no; ná wɔgye wɔn ho di sɛ wɔyɛ Abraham asefo. Nanso wɔn bonniayɛ nti wɔbɛka “akyire,” kyerɛ sɛ, wɔrenkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu koraa.

Afei Farisifo bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Firi adi firi ha kɔ, ɛfiri sɛ Herode [Antipa] pɛ sɛ ɔku woɔ.” Gyama Ɔhene Herode ankasa na ɔfirii ase kekaa saa nsɛm no maa nkurɔfo nso kaa bi. Ebia na ɔpɛ sɛ Yesu dwane fi hɔ kɔ baabi foforo. Herode yi ara na ɔma wɔkum Yohane Suboni, na na ɔmpɛ sɛ ɔbɛsan ama wɔakum odiyifo foforo. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ saa sakraman no sɛ, ‘Hwɛ! meretu adaemone na masa yareɛ nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mawie.’” (Luka 13:31, 32) Herode a Yesu frɛɛ no “sakraman” no ma yɛhu sɛ ebia na ɔretwe adwene asi sɛnea saa mmoa no ani atew no so. Nanso Yesu amma Herode anaa onipa foforo biara ankyerɛ no nea ɔnyɛ. Adwuma a ne Papa de maa no no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ no sɛnea Onyankopɔn bɛkyerɛ no kwan, ɛnyɛ sɛnea nnipa bɛkyerɛ no kwan.

Yesu toaa n’akwantu so de n’ani kyerɛɛ Yerusalem, efisɛ ɔkaa sɛ, “ɛnni kwan sɛ wɔsɛe odiyifoɔ bi wɔ baabiara sɛ Yerusalem.” (Luka 13:33) Bible nkɔmhyɛ biara anka sɛ Yerusalem na Mesia no bɛwu. Ɛnde adɛn nti na Yesu kaa sɛ ɛhɔ na wɔbɛkum no? Efisɛ Yerusalem ne Yudafo kuropɔn; ɛhɔ na na wɔn Sanhedrin asɛnni badwa kɛse a emu nnipa yɛ 71 no wɔ. Yerusalem hɔ ara nso na wɔbɔ obi sobo sɛ ɔyɛ odiyifo torofo a, wɔdi n’asɛm. Ɛhɔ nso na na wɔde mmoa bɔ afɔre. Ɛno nti Yesu tee nka sɛ ntease nnim sɛ wɔbɛkum no baabi foforo biara.

Yesu de awerɛhoɔ kaa sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, deɛ ɔkum adiyifoɔ na ɔsi wɔn a wɔasoma wɔn ne nkyɛn aboɔ—hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano hyɛ ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ! Wɔagya mo fie ama mo.” (Luka 13:34, 35) Ɔman no annye Onyankopɔn Ba no anni, enti na asodi da wɔn so!

Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, Farisini panin bi too nsa frɛɛ no adidi ase Homeda. Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wahonhon, enti na wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. Yesu bisaa Farisifo ne Mmarakyerɛfo no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ homeda anaasɛ ɛmma kwan?”—Luka 14:3.

Obiara antumi anyi ano. Yesu saa ɔbarima no yareɛ, na afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ne ba anaa ne nantwie tɔ abura mu a, ɔrenyi no mfiri mu ntɛm ara homeda?” (Luka 14:5) Ná aba wɔ Yesu asɛm no mu, enti obiara antumi annyi ɛno nso ano.