Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 84

Sɛ Obi Bɛyɛ Osuani a, Adɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Ɔtoto no Ase?

Sɛ Obi Bɛyɛ Osuani a, Adɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Ɔtoto no Ase?

LUKA 14:25-35

  • NEA ƐHIA NA OBI ATUMI AYƐ OSUANI

Bere a Yesu wɔ Farisini panin no fie no, ɔkyerɛɛ nkurɔfo nneɛma bi a mfaso wɔ so. Afei ɔsii kwan so de n’ani kyerɛɛ Yerusalem; ɔrekɔ no, nnipa pii dii n’akyi ne no kɔe. Dɛn paa na ɛmaa wɔdii n’akyi? Ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ nea ɛte biara wɔne no bɛnante anaa?

Wɔnam kwan so rekɔ no, Yesu kaa asɛm bi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu bi ho dwirii wɔn. Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi ba me nkyɛn na ɔntan ne papa ne ne maame ne ne yere ne ne mma ne ne nua mmarima ne ne nua mmaa ne ɔno ara mpo ne kra a, ɔrentumi nyɛ me suani.” (Luka 14:26) Yesu asɛm yi kyerɛ sɛn?

Ɛnkyerɛ sɛ, sɛ obi nya bɛyɛ Yesu suani a, ɔne n’abusuafo to nkwanta a wɔapae. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔbɛyɛ ne suani no dɔ ɔno Yesu sen n’abusuafo. Ɛnsɛ sɛ onii no yɛ n’ade te sɛ ɔbarima bi a ɔkaa ne ho asɛm wɔ mfatoho no mu no; nea enti a wankɔ apontow a ɛho hia no ne sɛ ɔwaree nkyɛe.—Luka 14:20.

Kae sɛ Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ osuani biara tan “ɔno ara mpo ne kra” anaa ne nkwa. Wei kyerɛ sɛ obiara a ɔyɛ Yesu suani amapa no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ Yesu sen ɔno ara ne nkwa. Ɛno kyerɛ sɛ ɛba owuo mpo a, ɔbɛwu ama no. Asɛm yi ma yɛhu sɛ, sɛ obi ka sɛ ɔyɛ Kristo suani a, ɛnyɛ agorɔ. Ɔrentumi nyɛ no biara biara, efisɛ ɛyɛ aniberesɛm.

Sɛ obi bɛyɛ osuani a, ahokyere ne ɔtan wom. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔnsoa n’asɛndua na ɔnni m’akyi no ntumi nyɛ me suani.” (Luka 14:27) Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Yesu suani papa a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ animguase a Yesu faa mu no, ɔno nso bɛfa mu bi. Yesu kaa mpo sɛ n’atamfo bɛkum no.

Enti nnipa a wɔdi Yesu akyi no, na ɛsɛ sɛ wɔdwene ho kɔ akyiri paa hu sɛ Kristo suani a obi bɛyɛ no nyɛ agodie. Yesu yɛɛ mfatoho bi de sii asɛm no so dua. Ɔkaa sɛ: “Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban na ɔnni kan ntena ase nsẽsẽ nhwɛ sɛ ɔwɔ deɛ ɛdɔɔso a ɔde bɛwie? Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no nanso ɔrentumi nwie.” (Luka 14:28, 29) Nea asɛm yi kyerɛ ne sɛ wɔn a wɔne Yesu nam kwan so rekɔ Yerusalem no, na ɛsɛ sɛ wɔtumi si wɔn adwene pi sɛ, wɔnya bɛyɛ Yesu asuafo a, biribiara a ɛbata ho biara nso wɔbɛsɔ mu. Ɔmaa mfatoho foforo de sii asɛm no so sɛ:

“Ɔhene bɛn na sɛ ɔresim akɔhyia ɔhene foforɔ wɔ ɛko mu a, ɔnni kan ntena ase ntu agyina nhwɛ sɛ ɔbɛtumi de asraafoɔ mpem du akɔhyia deɛ ɔde mpem aduonu reba ne soɔ no? Nokorɛm no, sɛ ɔrentumi nyɛ saa a, ɛnneɛ berɛ a baako no wɔ akyirikyiri nohoa no, ɔsoma ahemmɔfoɔ ma wɔkɔsrɛ sɛ wɔnni no asomdwoeɛ mu.” Afei Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Enti, monhunu sɛ, mo mu biara a ɔnnya n’ahodeɛ nyinaa hɔ no rentumi nyɛ me suani.”—Luka 14:31-33.

Yesu anka saa asɛm no amma nnipa a wɔne no nam kwan so no nko ara. Mmom na ɔpɛ sɛ obiara a ɔbɛdi Kristo akyi no de hyɛ n’adwene mu sɛ ɔde nea Kristo aka no bɛyɛ adwuma. Wei kyerɛ sɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yesu suani no, ɛto nea ɛyɛ den a, ɛsɛ sɛ ɔde ne biribiara bɔ afɔre; ne nkwa mpo, ɛsɛ sɛ ɔtumi de twa so. Obi bɛtumi ayɛ saa a, ɛhia sɛ ɔde kɔ adwendwene mu, na ɔbɔ ho mpae.

Afei Yesu kɔfaa asɛm bi a waka dada wɔ ne Bepɔ so Asɛnka no mu bae. Saa bere no, ɔkaa sɛ n’asuafo no yɛ “asase so nkyene.” (Mateo 5:13) Ebia nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, sɛnea yɛtumi de nkyene hyɛ biribi ma ɛkyɛ no, n’asuafo no tumi boa nkurɔfo ma wɔsom Onyankopɔn bɔ bra pa. Nanso ɔresan aka ho asɛm yi deɛ, ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ sɛ nkyene yɛ. Nanso sɛ nkyene ahoɔden firi mu a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ nkyene no?” (Luka 14:34) Ná n’atiefo no nim sɛ nkyene bi wɔ hɔ a, dɔte frafra mu, enti wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yie.

Seesei a ɔde ne som adwuma reba awiei no, na ɔpɛ sɛ wɔn a wɔayɛ n’asuafo akyɛ no mpo hwɛ yie na wɔangogo wɔn ho. Anyɛ saa a, wɔbɛyɛ sɛ nkyene a n’ahoɔden afiri mu; wɔde wɔn yɛ hwee a, ɛrenyɛ yie, na wiase no bɛsere wɔn. Nea ɛnyɛ wɔ asɛm no ho koraa ne sɛ, wɔremfata wɔ Onyankopɔn anim, na wɔde ahohorabɔ mpo bɛba ne din so. Enti Yesu sii so dua sɛ ɛho hia paa sɛ wɔda wɔn ho so na biribi saa anto wɔn. Ɔkaa sɛ: “Ma deɛ ɔwɔ asõ a ɔde bɛtie no ntie.”—Luka 14:35.