Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 86

Ɔba a Ɔyerae no San Bae

Ɔba a Ɔyerae no San Bae

LUKA 15:11-32

  • ƆBA A ƆYERAE HO MFATOHO NO

Bere a Yesu maa odwan a wayera ne drakma mfatoho no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔda so wɔ Perea wɔ Yordan Asubɔnten no nifa so. Mfatoho mmienu no, asuade a ɛwɔ mu ne sɛ, ɔbɔnefo sakra na ɔsan ba Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye. Farisifo ne akyerɛwfo no, na wɔnte ase sɛ Yesu ne nnipa a wɔte saa bɔe. Yesu mfatoho mmienu no, wɔsuaa biribi fii mu anaa? Yɛnim sɛ abɔnefo nu wɔn ho a, yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani gye wɔn ho. Saa na na Farisifo ne akyerɛwfo no nso te nka anaa? Ná ɛyɛ asɛnhia, enti Yesu maa mfatoho foforo a ɛka koma de sii so dua.

Ná ɛfa agya bi a ɔwɔ mma mmarima mmienu ho. Ne ba kumaa no na ne ho asɛm dɔɔso wɔ mfatoho no mu. Nea Yesu ka faa ɔba kumaa no ho no, anka ɛsɛ sɛ Farisifo ne akyerɛwfo no ne obiara tumi sua biribi fi mu. Nanso ɛnyɛ ɔba kumaa no nko ara na yɛbɛtumi asua biribi afiri nea ɔyɛe mu; agya no ne ne ba panin no nso saa ara. Afei ma yɛnhwɛ sɛnea Yesu kaa mfatoho no, na yɛnsua biribi mfiri nnipa mmiɛnsa no nyinaa hɔ.

Yesu fii ase sɛ: “Na ɔbarima bi wɔ mma mmienu. Na wɔn mu kumaa no ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Papa, fa agyapadeɛ no fã a ɛyɛ me dea ma me.’ Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.” (Luka 15:11, 12) Yɛnhyɛ no nsow sɛ bere a ɔba kumaa no rebisa ne kyɛfa no, na ne papa nwui; na ɔda so te ase. Nanso na ɔrepɛ ne de saa bere no ara na watumi ate ne ho de akɔyɛ nea ɔpɛ. Dɛn na na ɔde rekɔyɛ?

Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Nna kakraa bi twaam no, ɔba kumaa no boaboaa nneɛma nyinaa ano na ɔtuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔbuu ahohwibra de sɛee n’agyapadeɛ no nyinaa.” (Luka 15:13) Ɔba kumaa no wɔ ne papa fie no, na n’asom dwo no, efisɛ na ne papa mma biribiara nhia ne mma. Nanso anyɛ no fɛ, enti ɔtu kɔɔ ɔman foforo so. Ɔkɔɔ hɔ nso, ɔde n’agyapade no nyinaa kɔbɔɔ ahohwibra dii n’akɔnnɔ akyi, na ɔkɔɔ ahokyere mu. Afei Yesu toaa so sɛ:

“Berɛ a ɔsɛee biribiara no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii ɔman no mu baabiara, na ne ho firii aseɛ kyeree no. Afei deɛ ɔtu taree ɔman no muni baako, na ɔde no kɔɔ n’asase so sɛ ɔnkɔhwɛ ne mprako. Ná ne kɔn taa dɔ sɛ ɔde aduane a na mprako no die no bi bɛhyɛ ne yafunu mã, na obiara amma no hwee.”—Luka 15:14-16.

Ná Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ mprako yɛ mmoa a wɔn ho ntew, nanso mprako na aberante no kɔhwɛɛ wɔn so. Ná ɛkɔm adosa no, enti afei deɛ mprako a ɔhwɛ wɔn no aduane na na ne kɔn dɔ. Ohia ne abɛbrɛsɛ a ɔkɔɔ mu no maa ‘n’ani baa ne ho so.’ Dɛn na ɔyɛe? Adwene a ɛbaa ne tirim ne sɛ: “Me papa apaafoɔ no mu sɛn na paanoo mmuu wɔn soɔ, ɛnna ɛkɔm reku me wɔ ha yi! Mɛsɔre akɔ me papa nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ: ‘Papa, mayɛ bɔne atia ɔsoro ne wo. Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ no mu baako.’” Afei ɔsiim sɛ ɔrekɔ ne papa nkyɛn.—Luka 15:17-20.

Sɛ papa no hu ne ba no a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔde abufuo bɛhyia ne ba no akeka bi akyerɛ no anaa? Anaasɛ ɔrenhwɛ n’anim mpo na wama no akwaaba? Wo na wo ba yɛɛ saa a, anka wobɛyɛ dɛn?

WƆHUU ƆBA A WAYERA NO

Yesu kaa atenka a agya no nyae ne nea ɔyɛe. Ɔkaa sɛ: “Berɛ a [ɔba no da] so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa hunuu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtuu mmirika kɔsɔɔ ne kɔn mu fee n’ano.” (Luka 15:20) Ɛbɛtumi aba sɛ agya no tee sɛ ne ba no kɔbɔɔ ahohwibra. Nanso ɔde anigye kɔhyiaa no. Yudafo mpanimfoɔ no, na wɔgye wɔn ho di sɛ wɔnim Yehowa na wɔsom no. Enti saa mfatoho yi bɛma wɔahu sɛnea yɛn soro Agya no bu abɔnefo a wɔanu wɔn ho anaa? Ɛbɛma wɔate ase sɛ nea Yesu reyɛ no, n’Agya mmɔborɔhunu no ara bi na ɔreda no adi anaa?

Papa no, na ɔhwɛ ade kɔ akyiri, enti sɛ ɔhwɛ sɛnea ne ba no ho ayɛ awerɛhoɔ awerɛhoɔ no a, na ɔno ara tumi hu sɛ ne ba no anu ne ho. Nanso sɛnea ɔkɔhyiaa ne ba no na ɔyɛɛ no nti, ɛyɛɛ mmerɛ maa no sɛ ɔbɛka sɛ wayɛ bɔne. Yesu kaa sɛ: “Ɛnna ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Papa, mayɛ bɔne atia ɔsoro ne wo. Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’”—Luka 15:21.

Papa no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monyɛ ntɛm! momfa atade tenten a ɛdi mu mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa na momfa mpaboa nhyɛ ne nan. Na momfa nantwie ba a wadɔ sradeɛ no mmra mmɛku no mma yɛnni na yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ me ba yi wuiɛ na wasan aba nkwa mu; ɔyeraeɛ na wɔahu no.” Afei wɔfirii ase “gyee wɔn ani.”—Luka 15:22-24.

Saa bere no, na papa no ba panin no wɔ afuo mu. Yesu kaa ne ho asɛm sɛ: “Ɔreba a ɔbɛn fie no ɔtee sɛ nnwom ne asa rekɔ so. Enti ɔfrɛɛ nkoa no mu baako na ɔbisaa no deɛ yeinom kyerɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no aba, na wo papa akum nantwie ba a wadɔ sradeɛ no, ɛfiri sɛ wanya no a ɔwɔ ahoɔden.’ Na ne bo fuiɛ na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Afei ne papa pue bɛsrɛɛ no. Ɔbuaa ne papa sɛ, ‘Mfeɛ bebree nie na masom woɔ a memmuu wo mmara baako mpo so da, nanso wommaa me abirekyie ba sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani da. Nanso wo ba a ɔne nnwamanfoɔ adi w’asetenadeɛ yi baeɛ ara pɛ, woakum nantwie ba a wadɔ sradeɛ ama no.’”—Luka 15:25-30.

Hwannom na wɔte sɛ ɔba panin no? Akyerɛwfo ne Farisifo no, efisɛ bere a Yesu huu mmɔborɔwafo ne abɔnefo mmɔbɔ na ɔboaa wɔn no, wɔn deɛ wɔkasa tiaa no. Ɛno ara nti na Yesu maa saa mfatoho yi. Nanso na ɛnyɛ wɔn nko ara na mfatoho no kɔ ma wɔn; obiara a ɔnte Onyankopɔn mmɔborɔhunu ase no, ɛsɛ sɛ ɔsua biribi fi saa asɛm yi mu.

Papa no kaa biribi kyerɛɛ ne ba panin no, na ɛno na Yesu de wiee mfatoho no. Ɔkaa sɛ: “Ɔba, wowɔ me nkyɛn berɛ nyinaa, na deɛ ɛwɔ me nyinaa yɛ wo dea; nanso ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gyeɛ na yɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ wo nua yi wuiɛ na wasan aba nkwa mu, ɔyeraeɛ na wɔahu no.”—Luka 15:31, 32.

Nea ɔba panin no yɛɛ wɔ asɛm no ho deɛ, Yesu anka. Nanso Yesu wui a wɔnyanee no no, Bible ka sɛ “asɔfoɔ no mu pii firii aseɛ yɛɛ aso maa gyidie no.” (Asomafoɔ Nnwuma 6:7) Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ asuafo no, bere a Yesu maa ɔba a ɔyerae ho mfatoho no, na wɔn mu binom wɔ hɔ. Wei kyerɛ sɛ wɔn mpo, wɔn ani baa wɔn ho so na wɔsakra baa Onyankopɔn nkyɛn.

Yesu asuafo nyaa asuade pii fii mfatoho no mu a wɔde bɛyɛ adwuma saa bere no ne daakye. Asuade a ɛdi kan ne sɛ, nyansa wom paa sɛ yɛbɛhwɛ so atena Onyankopɔn nkurɔfo mu sen sɛ yɛbɛkɔ “ɔman bi so wɔ akyirikyiri” akɔdi akɔnnɔde akyi, efisɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ma yɛn nea yɛhia, na yɛn asom dwo yɛn.

Ade foforo a yɛbɛtumi asua afiri mu ne sɛ, sɛ yɛn mu bi twe ne ho fi yɛn Agya Nyankopɔn ho a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase san ba ne nkyɛn na yɛbɛnya n’anim dom bio.

Nea agya no ne ne ba panin no yɛe no nso, yɛbɛtumi asua biribi afiri mu. Agya no de ne ba kumaa no bɔne kyɛɛ no, na ɔsan gyee no toom, nanso ɔba panin no deɛ, ne bo fui na wannye ne nua no antom. Sɛ ɔbɔnefo a wayera nu ne ho na ɔsan ba ‘Agya no fie’ a, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo de ne bɔne kyɛ no na wɔgye no tom. Momma yɛnni ahurusi efisɛ yɛn nua no “wuiɛ na wasan aba nkwa mu, ɔyeraeɛ na wɔahu no.”