Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 89

Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Perea Ansa na Ɔrekɔ Yudea

Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Perea Ansa na Ɔrekɔ Yudea

LUKA 17:1-10 YOHANE 11:1-16

  • ƐYƐ BƆNE KƐSE SƐ WOBƐTO OBI HINTIDUA

  • FA BƆNE KYƐ NA NYA GYIDI

Ná Yesu wɔ Yordan Asubɔnten no agya baabi a wɔfrɛ hɔ Perea. (Yohane 10:40) Afei ɔsiim de n’ani kyerɛɛ Yerusalem wɔ apuei fam.

Ɛnyɛ Yesu nko ara na na ɔnam. Ná n’asuafo no ne “nnipakuo kɛseɛ” bi ka ne ho; ná towgyefo ne nnebɔneyɛfo nso ka ho. (Luka 14:25; 15:1) Farisifo ne akyerɛwfo a biribiara a Yesu bɛyɛ no wɔbɛka ho asɛm no, na wɔn mu bi nso ka akwantufo no ho. Odwan a ɔyerae, ɔba a ɔyerae ne ɔdefo no ne Lasaro mfatoho a Yesu de mae no, na agya wɔn adwendwene.—Luka 15:2; 16:14.

Ná Yesu atamfo kasa tiaa no nkyɛe, enti ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ɔhuu sɛ ɛsɛ sɛ ɔka biribi kyerɛ n’asuafo no. Ɔkaa nsɛm bi a na wadi kan aka akyerɛ wɔn wɔ Galilea.

Nsɛm a Yesu kae no bi ne sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ biara suntiduatoɔ bɛba. Nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! . . . Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim, na sɛ ɔnu ne ho a fa firi no. Sɛ mpo ɔyɛ wo bɔne mprɛ nson da koro na ɔsan ba wo nkyɛn mprɛ nson bɛka sɛ, ‘Manu me ho’ a, fa firi no.” (Luka 17:1-4) Asɛm a Yesu ka twaa to no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Petro kaee bɔne fafiri ho asɛm a na wabisa pɛn no. Saa bere no, ɔbisaa Yesu sɛ ɛsɛ sɛ yɛde bɔne kyɛ mpɛn nson anaa.—Mateo 18:21.

Asuafo no, wohwɛ a na wɔbɛtumi adi Yesu asɛm no so anaa? Bere a wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse” no, ɔbuaa wɔn sɛ: “Sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa sikamino dua yi sɛ, ‘Tutu na kɔsi po mu!’ na anka ɛbɛtie mo.” (Luka 17:5, 6) Enti sɛ obi wɔ gyidi ketewaa bi mpo a, ɛbɛtumi ama wayɛ nneɛma akɛse.

Afei Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ ɛho hia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Ɔkaa sɛ: “Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔrefuntum asase anaasɛ ɔrehwɛ mmoa, na sɛ ɔfiri afuo mu ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm bra bɛtena didipono ho’? Mmom no, ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Siesie biribi ma menni anwummerɛ yi, na bɔ wo ho so som me kɔsi sɛ mɛdidi anom awie, na ɛno akyi no wobɛtumi adidi anom’? Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wahyɛ no no anaa? Enti mo nso, sɛ moyɛ deɛ wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn soɔ. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”—Luka 17:7-10.

Onyankopɔn somfo biara deɛ, ade a ɛsɛ sɛ ɛhia no paa ne Onyankopɔn som. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛyɛ akwannya kɛse na yɛn mu biara anya sɛ yɛresom Onyankopɔn wɔ ne fie.

Ɛbɛyɛ sɛ Yesu ano sii no, ankyɛ na Maria ne Marta tuu bɔfo ma ɔde nkra brɛɛ no. Saa mmaa mmienu yi, na wɔte Yudea kuro Betania, na na wɔn nuabarima ne Lasaro. Nkra a wɔde somae ne sɛ: “Awurade, hwɛ! deɛ wopɛ n’asɛm no yare.”—Yohane 11:1-3.

Bere a Yesu tee sɛ n’adamfo Lasaro yare denneennen no, wamma awerɛhoɔ ammubu no. Mmom ɔkaa sɛ: “Saa yareɛ yi nyɛ owuyareɛ, na mmom Onyankopɔn animuonyam ntira, deɛ ɛbɛyɛ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn Ba no animuonyam.” Ɔtenaa baabi a ɔwɔ nnanu, na afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio.” Nanso asuafo no ne no anyɛ adwene; wɔkaa sɛ: “Rabi, nnaano yi ara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, ɛnna worekɔ hɔ bio yi?”—Yohane 11:4, 7, 8.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ adekyeeɛ mu? Sɛ obi nante awiaberɛ a, ɔnsunti hwee, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann. Nanso sɛ obi nante anadwo a, ɔsunti, ɛfiri sɛ ɔnni hann mu.” (Yohane 11:9, 10) Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ bere a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔmfa nwie n’asɛnka adwuma no nsoe. Enti na Yesu pɛ sɛ ɔde bere kakra a aka no yɛ adwuma no pii.

Yesu toaa so sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akɔnyane no.” Asuafo no ante asɛm no ase; ɛyɛɛ wɔn sɛ gyama na Lasaro ada rehome nti ne ho bɛtɔ no. Wɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ no den.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu . . . Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”—Yohane 11:11-15.

Ná Toma nim sɛ Yesu kɔ Yudea a, anhwɛ a nkurɔfo bɛkum no. Nanso na ɔpɛ sɛ ɔtaa Yesu akyi, enti ɔka kyerɛɛ asuafo a aka no sɛ: “Momma yɛn nso yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu.”—Yohane 11:16.