Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 90

“Owusɔreɛ ne Nkwa”

“Owusɔreɛ ne Nkwa”

YOHANE 11:17-37

  • LASARO WUI ANSA NA YESU REDU HƆ

  • “OWUSƆREƐ NE NKWA”

Betania kuro no da Yerusalem nifa so, na bɛyɛ akwansin mmienu na ɛda ntam. Yesu fi Perea reba a ɔduu Betania kurotia no, na Maria ne Marta resu wɔn nuabarima Lasaro a wawu no. Ná nnipa pii aba rebɛgyam wɔn.

Obi kɔbɔɔ Marta amanneɛ sɛ Yesu reba, na ɛhɔ ara na Marta yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Marta kaa asɛm bi kyerɛɛ Yesu, na ebia na ɔne ne nua Maria nyinaa adi ho abooboo nnanan. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Nanso na Marta asɛm no nkyerɛ sɛ ɔnni gyidi, efisɛ ɔtoaa so sɛ: “Menim sɛ adeɛ biara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.” (Yohane 11:21, 22) Ná ɔgye di sɛ saa bere no mpo ebia Yesu bɛtumi ayɛ biribi aboa ne nuabarima no.

Yesu buaa no sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Marta tee asɛm yi ase sɛ Yesu reka asase so owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm, efisɛ ɛno ne Abraham ne tete agyanom foforo anidaso. Enti ɔkyerɛɛ sɛ ɔwɔ gyidi paa sɛ saa owusɔre no bɛba. Ɔkaa sɛ: “Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛtwa toɔ no, ɔbɛsɔre.”—Yohane 11:23, 24.

Nanso wohwɛ a, na Yesu bɛtumi ayɛ asɛm no ho biribi anim-anim hɔ ara anaa? Ɔkaee Marta sɛ Onyankopɔn ama no owuo so tumi. Ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔnya me mu gyidie no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛba nkwa mu; na obiara a ɔte aseɛ a ɔnya me mu gyidie no renwu da.”—Yohane 11:25, 26.

Nea Yesu kae no nkyerɛ sɛ na n’asuafo no nwu da. Ɔno ara a ɔkaa asɛm no mpo, na waka akyerɛ asomafo no sɛ ɔrebɛwu. (Mateo 16:21; 17:22, 23) Nea na Yesu repɛ akyerɛ ara ne sɛ, sɛ obi nya ne mu gyidi a, onii no bɛtumi anya daa nkwa. Nnipa pii fam no, wɔbɛwu ama wɔanyane wɔn ansa na wɔanya daa nkwa, nanso atreneefo a wɔde wɔn ani bɛhu wiase awiei no deɛ, wɔrenwu koraa. Sɛnea ɛte biara no, wɔn a wɔwɔ Yesu mu gyidi no nyinaa wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa a wɔrenwu.

Yɛahu nea Yesu bɛyɛ daakye, nanso bere a ɔkaa sɛ “mene owusɔreɛ ne nkwa” no, na Lasaro awu dada. Enti na ɔbɛtumi anyane no anaa? Yesu bisaa Marta sɛ: “Wogye yei di?” Marta yii ano sɛ: “Aane, Awurade; megye di sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.” Marta nyaa gyidi sɛ Yesu bɛtumi ayɛ ne nua no wuo ho biribi saa da no, enti ɔtuu mmirika kɔɔ fie, na ɔfrɛɛ ne nua Maria kɔɔ nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na ɔrefrɛ wo.” (Yohane 11:25-28) Ɛhɔ ara na Maria sɔre sii so, na ɛyɛɛ nkurɔfo sɛ gyama ɔrekɔ baabi a wɔsiee Lasaro no, enti wɔsɔre dii n’akyi.

Nanso na Maria rekɔ Yesu nkyɛn. Ɔduu hɔ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa asɛm a ne nua Marta nso kae no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Bere a Yesu huu sɛ Maria ne nnipa a wɔka ne ho rete nisuo no, ne werɛ hoe, na ɔsui. Nkurɔfo hui no, ɛkaa wɔn paa, nanso ebinom bisaa sɛ: “Onipa yi a ɔbuee onifirani no ani yi, enti wantumi anhwɛ ama oyi awu?”—Yohane 11:32, 37.