Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 99

Yesu Saa Anifuraefo Bi Yareɛ na Ɔboaa Sakeo

Yesu Saa Anifuraefo Bi Yareɛ na Ɔboaa Sakeo

MATEO 20:29-34 MARKO 10:46-52 LUKA 18:35–19:10

  • YESU SAA ANIFURAEFO BI YAREƐ WƆ YERIKO

  • TOWGYENI SAKEO NYAA ADWENSAKRA

Yesu ne wɔn a ɔne wɔn retu kwan no kɔduu Yeriko; ɛfiri hɔ rekɔ Yerusalem no yɛ da koro kwan. Ná Yeriko akɔyɛ nkuro mmienu; kuro dada ne kuro foforo. Romafo na wɔkyekyee kuro foforo no, na na kwansin baako na ɛda nkuro no mmienu ntam. Bere a Yesu ne nnipadɔm a wɔdi n’akyi fi Yeriko baako no so rekɔ Yeriko foforo no so no, anifuraefo mmienu bi tee wɔn nka. Baako din de Bartimeo.

Bere a Bartimeo ne ne yɔnko no tee sɛ Yesu retwam no, wɔhyɛɛ ase teateaam sɛ: “Awurade, Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!” (Mateo 20:30) Nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no bi teateaa wɔn sɛ wɔnka wɔn ano ntom, nanso afei koraa na wɔn ano yɛɛ den. Yesu tee dede no, ɔgyina kaa sɛ wɔmfrɛ wɔn mma no. Enti wɔkɔɔ anifuraefo no nkyɛn na wɔne baako kasaa sɛ: “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo.” (Marko 10:49) Ɛhɔ ara na ɔyii n’atade nguguso no to guu baabi kɔɔ Yesu hɔ.

Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” Anifuraefo mmienu no srɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” (Mateo 20:32, 33) Wɔn asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa wɔn ani, na ɔka kyerɛɛ baako sɛ: “Kɔ, wo gyidie ama wo ho asan wo.” (Marko 10:52) Anifuraefo mmienu no nyinaa ani buei, na ɛbɛyɛ sɛ wɔn nyinaa fii ase yii Onyankopɔn ayɛ. Nnipa a wɔhuu nea asi no nso yii Onyankopɔn ayɛ. Anifuraefo a wɔnyaa ayaresa no dii Yesu akyi.

Yesu nam Yeriko no, nnipa tu dii n’akyi. Ná obiara pɛ sɛ ɔhu nea ɔsaa anifuraefo no yareɛ. Nnipadɔm a wɔdii Yesu akyi no, na ɛnyɛ asɛm ketewa, enti na ɛyɛ den mpo sɛ ebinom bɛhu no. Obi te sɛ Sakeo sei, na wayera mu koraa, efisɛ na ɔyɛ onipa tiatia. Ná ɔyɛ towgyefo a wɔwɔ Yeriko ne ɛhɔ mpɔtam nyinaa panin. Esiane sɛ na Sakeo nhu nea ɛrekɔ so no nti, ɔtutuu mmirika dii Yesu anim kɔforoo dua. Ɛhɔ deɛ, na ɔhu biribiara. Bere a Yesu bɛn hɔ a ɔhuu Sakeo wɔ dua no so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam na nnɛ ɛsɛ sɛ metena wo fie.” (Luka 19:5) Sakeo fii dua no so sii fam, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ fie kɔsiesiee ɔhɔho kɛse a ɔreba ne fie no akyi.

Bere a nkurɔfo no tee nea Yesu aka akyerɛ Sakeo no, wɔkasaa ho. Ná wɔte nka sɛ ɔbarima no yɛ ɔbɔnefo, enti ɛmfata sɛ Yesu kɔ ne fie. Ná Sakeo yɛ towgyeni, enti na wabɔ nkurɔfo apoo de anya ne ho sei tam.

Yesu kɔɔ Sakeo fie no, nkurɔfo no kasakasaa sɛ: “Ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ na wakɔsoɛ no.” Nanso na Yesu ahu sɛ Sakeo bɛtumi asakra. Sakeo sɔre gyinaa hɔ kasae, na ɛbɛyɛ sɛ nea ɔkae no yɛɛ Yesu dɛ paa. Sakeo kaa sɛ: “Hwɛ! Awurade, mede m’ahodeɛ fã ma ahiafoɔ na biribiara a mede nkontompo agye afiri obi hɔ no, merebɔ ho mprɛ nnan ama no.”—Luka 19:7, 8.

Nea Sakeo kaa sɛ ɔbɛyɛ no kyerɛ sɛ ampa ɔnuu ne ho! Yudafo a ɔbɔɔ wɔn apoo no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ho nnan atua ama wɔn. Ebia na ɔbɛhwɛ ne nkrataa mu ahu tow a wagyegye afiri wɔn hɔ no, na wahwɛ so atua wɔn ka. Sɛnea na Onyankopɔn mmara hwehwɛ sɛ obi yɛ no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ boro saa koraa. (Exodus 22:1; Leviticus 6:2-5) Afei nso, Sakeo hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkyɛ n’ahode mu mmienu na ɔde fã ama ahiafo.

Asɛm a Sakeo kae no maa Yesu huu sɛ wanu ne ho, na ɛmaa n’ani gyee ne ho. Enti ɔka kyerɛɛ Sakeo sɛ: “Ɛnnɛ da yi nkwagyeɛ aba fie ha, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. Na onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wagye deɛ ayera.”—Luka 19:9, 10.

Bere bi, Yesu maa mfatoho bi de kyerɛɛ sɛ wɔn a ‘wɔayera’ no ho da so ara hia; wɔte sɛ ɔba a wayera a wɔhuu no no. (Luka 15:11-24) Wohwɛ Sakeo asɛm no a, ɛte sɛ saa mfatoho no pɛpɛɛpɛ, efisɛ na Sakeo te sɛ ɔba a wayera a wɔahu no. Sɛnea Yesu ne nnipa bi te sɛ Sakeo yɛe no, ɛbɛtumi aba sɛ nyamesom mpanimfoɔ no ne wɔn nkurɔfo kekaa ho nsɛm, na wɔkasa tiaa Yesu. Nanso Yesu amfa n’adwene ankɔ so. Mmom ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Abraham asefo a wɔayera no.