Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 105

Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho Adesuade

Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho Adesuade

MATEO 21:19-27 MARKO 11:19-33 LUKA 20:1-8

  • BORƆDƆMA DUA A ƐWUI NO YƐ GYIDI HO ADESUADE

  • WƆBISAA YESU BAABI A ƆNYAA NE TUMI FII

Bere a Yesu fii Yerusalem Dwoda awia no, ɔsan kɔɔ Betania. Ná ɛwɔ Ngo Bepɔ no nifa so. Saa da no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔdaa ne nnamfo Lasaro, Maria ne Marta fie.

Ade kyee a ɛyɛ Nisan da a ɛtɔ so 11 no, Yesu ne n’asuafo no san sii kwan so kɔɔ Yerusalem. Sɛ ɔkɔ asɔrefie hɔ a, na ɔrenkɔ hɔ bio na wawu. Saa da yi pa ho nso a, na ɔrenyi n’anim nyɛ ne som adwuma no sɛnea ɔyɛ dada no ansa na Twam afahyɛ no adu so ama ɔde ne wuo Nkaedi no asi hɔ. Ɛno akyi na wɔbɛdi n’asɛm akum no.

Wɔfiri Betania resian Ngo Bepɔ no akɔ Yerusalem no, Petro huu dua a Yesu domee no Dwoda anɔpa no, na ɔkaa sɛ: “Rabi, hwɛ! borɔdɔma dua a wodomee no no awu.”—Marko 11:21.

Adɛn nti na Yesu domee dua no maa ɛwui? Mmuaeɛ a ɔde maa Petro no ma yɛhu nea enti a ɔyɛɛ saa. Ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara deɛ a, anka ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi nso sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ. Na biribiara a mobɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidie a, mo nsa bɛka.” (Mateo 21:21, 22) Gyidi ho asɛm a bere bi ɔkaa sɛ ɛtumi tutu mmepɔ no, ɛno na ɔsan sii so bio no.—Mateo 17:20.

Enti dua no a Yesu domee no maa ɛwui no, ɔde yɛɛ adesuade kyerɛɛ sɛ ɛhia sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidi. Ɔkaa sɛ: “Adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.” (Marko 11:24) Wei yɛ adesuade kɛse ma Yesu akyidifo nyinaa. Ná asomafo no hia saa asɛm no paa, efisɛ na ɛrenkyɛ wɔbɛhyia sɔhwɛ kɛse bi. Ná gyidi ho asuade foforo wɔ borɔdɔma dua a ɛwui no mu.

Ná Israel man no akɔyɛ sɛ borɔdɔma dua daadaafo no. Ná ɔman no ne Onyankopɔn ayɛ apam, na wohwɛ a, wobɛka sɛ wɔdi ne Mmara so. Nanso na ɔman no nni gyidi, na na wɔnso aba pa biara. Onyankopɔn Ba no mpo, wɔpoo no. Borɔdɔma dua a Yesu domee no maa ɛwui no, ɔde kyerɛɛ sɛnea ɔman a wɔnni gyidi na wɔnso aba pa biara no awiei bɛyɛ.

Bere a Yesu ne n’asuafo no kɔduu Yerusalem no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛe sɛnea ɔtaa yɛ no. Asɔfo ne mpanimfoɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkae nea Dwoda no Yesu de yɛɛ sikasesafo no. Enti wɔde bɛbɔɔ ne so sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ yeinom? anaasɛ hwan na ɔmaa wo saa tumi a wode yɛ yeinom yi?”—Marko 11:28.

Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Mɛbisa mo asɛm baako. Momma me mmuaeɛ, na me nso mɛka tumi ko a mede yɛ yeinom akyerɛ mo. Tumi a Yohane de bɔɔ asuo no firi soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Momma me mmuaeɛ.” Afei deɛ na asɛm no twetwere Yesu atamfo no bo. Asɔfo ne mpanimfoɔ no tuu agyina hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so ayi asɛm no ano. Wɔkaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro a,’ ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no annie?’ Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’?” Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, na wɔsuro nnipakuw no, “ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ na ɔyɛ odiyifoɔ ampa.”—Marko 11:29-32.

Wɔannya mmuaeɛ biara amma Yesu. Enti wɔkaa sɛ: “Yɛnnim.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso merenka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ mo.”—Marko 11:33.