Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 106

Bobeturo Ho Mfatoho Mmienu

Bobeturo Ho Mfatoho Mmienu

MATEO 21:28-46 MARKO 12:1-12 LUKA 20:9-19

  • MFATOHO A ƐFA AGYA BI NE NE MMA MMIENU HO

  • MFATOHO A ƐFA BOBETURO AKUAFO HO

Yɛbɛkae a, bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ a asɔfo ne mpanimfoɔ no bisaa no baabi a ɔnyaa ne tumi fii no, ɔbɔɔ wɔn asɛm no gui. Sɛnea Yesu yii wɔn ano no maa wɔn nsɛm nyinaa kaa wɔn tirim. Ɛno akyi no, ɔmaa mfatoho bi maa wɔn suban daa adi.

Yesu kaa sɛ: “Na ɔbarima bi wɔ mma mmienu. Ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Ɔba, kɔ bobeturo no mu kɔyɛ adwuma nnɛ.’ Ɔbuaa sɛ, ‘Agya, mɛkɔ,’ nanso wankɔ. Ɔkɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu no nkyɛn kɔkaa saa ara. Ɔyii no ano sɛ, ‘Merenkɔ.’ Ɛno akyi no ɔnuu ne ho na ɔkɔeɛ. Wɔn mmienu no mu hwan na ɔyɛɛ deɛ ne papa pɛ?” (Mateo 21:28-31) Saa asɛm no ho mmuaeɛ nyɛ den. Ɛyɛ ɔba a ɔtɔ so mmienu no; ɔno na akyiri yi ɔsakra yɛɛ ne papa apɛde.

Enti Yesu ka kyerɛɛ n’atamfo no sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ togyefoɔ ne nnwamanfoɔ redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahennie mu.” Towgyefo ne nnwamanfoɔ no, ahyɛase no na wɔmpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn. Nanso akyiri yi wɔsakra bɛsom no sɛnea ɔba a ɔto so mmienu no sesaa n’adwene no. Nyamesom mpanimfoɔ no deɛ, wɔte sɛ ɔba a ɔdi kan no. Wɔde wɔn ano kaa sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso na wɔntee da. Enti Yesu kaa sɛ: “Yohane [Suboni] baa mo nkyɛn tenenee kwan so, nanso moannye no anni. Na togyefoɔ ne nnwamanfoɔ no gyee no diiɛ, na mo, mohunuu yei deɛ, nanso moannu mo ho annye no anni.”—Mateo 21:31, 32.

Yesu maa mfatoho foforo. Saa mfatoho no ma yɛhu sɛ, sɛ som kɛkɛ mpo na nyamesom mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a, anka ɛyɛ. Ná wɔn tirim nso yɛ sum. Yesu mfatoho no ne sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo gyee ho ban, na ɔtuu nsã-kyi-amena wom too aban na ɔde gyaa akuafoɔ, na ɔtuu kwan. Na berɛ duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkɔgye bobeturo no mu aba no bi mfiri akuafoɔ no nkyɛn. Nanso wɔkyee no hwee no pamoo no maa ɔde nsapan kɔeɛ. Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔde adeɛ bɔɔ ne tirim guu n’anim ase. Na ɔsomaa foforɔ, na ɔno deɛ wɔkum no; ne afoforɔ pii nso, na wɔhwee wɔn mu binom kunkum ebinom.”—Marko 12:1-5.

Yesu mfatoho no, nkurɔfo no tee ase anaa? Ebia wɔkaee asɛm bi a na Yesaia aka dada. Yesaia kaa sɛ: “Asafo Yehowa bobeturo ne Israel fie, na n’afuo a n’ani kũ ho ne Yuda mmarima. Ɔhwɛɛ atemmuo kwan, nanso mmarato na ɔhunuiɛ; ɔhwehwɛɛ adetenenee, nanso esũ ne nteateamu na ɔteeɛ.” (Yesaia 5:7) Saa asɛm no ne Yesu mfatoho no hyia. Yehowa ne bobeturo wura no, na bobeturo no ne Israel man a Onyankopɔn de Mmara no bɔɔ wɔn ho ban no. Yehowa somaa n’adiyifo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo na wɔmmoa wɔn mma wɔnso aba pa.

Nanso, “akuafoɔ” no guu “nkoa” no anim ase kunkum wɔn. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Na aka onipa baako, [bobeturo wura no ba] a ɔdɔ no. Ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn deɛ ɛtwa toɔ kaa sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ Nanso akuafoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi ne ɔdedifoɔ no. Mommra mma yɛnku no na agyapadeɛ no mmɛyɛ yɛn dea.’ Enti wɔkyee no kum no.”—Marko 12:6-8.

Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na bobeturo wura no bɛyɛ?” (Marko 12:9) Nyamesom mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔyɛ nnipa bɔne nti, ɔbɛsɛe wɔn pasaa na wagye bobeturo no ama akuafoɔ foforɔ a sɛ ɛso aba a wɔde bɛma no.”—Mateo 21:41.

Wɔn mmuaeɛ no kyerɛ sɛ wɔn ara buu wɔn ho atɛn, efisɛ Yehowa “bobeturo” no gyina hɔ ma Israel man no, enti “akuafoɔ” a wɔreyɛ adwuma wɔ bobeturo no mu no, na wɔn nso ka ho. Aba a na Yehowa pɛ sɛ saa akuafo no so no bi ne sɛ wɔbɛgye ne Ba a ɔne Mesia no adi. Yesu hwɛɛ nyamesom mpanimfoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkenkanee twerɛsɛm yi da anaa, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ tweatiboɔ. Yehowa hɔ na yei fire, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so’?” (Marko 12:10, 11) Afei Yesu waee asɛm no anim sɛ: “Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn ahennie afiri mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛso aba.”—Mateo 21:43.

Akyerɛwfo ne asɔfo mpanimfoɔ no huu sɛ “wɔn nti na [Yesu yɛɛ] mfatoho yi.” (Luka 20:19) Yesu ne “ɔdedifoɔ” no, na nea ɔkae yi nti wɔnyaa no a, anka wɔbɛkum no wɔ hɔ ara. Nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛkum no saa bere no, efisɛ na nkurɔfokuw no bu no sɛ ɔyɛ odiyifo.