Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 107

Ɔhene Bi Frɛɛ Nkurɔfo Baa Ayeforohyia Ase

Ɔhene Bi Frɛɛ Nkurɔfo Baa Ayeforohyia Ase

MATEO 22:1-14

  • AYEFOROHYIA HO MFATOHO

Bere a Yesu reyɛ awie n’adwuma wɔ asase so no, wamfa akyerɛwfo ne asɔfo mpanimfoɔ no ho ankyɛ wɔn koraa; ɔkɔɔ so de mfatoho bɔɔ wɔn akyi. Enti na wɔrepɛ no akum no. (Luka 20:19) Nanso na Yesu ne wɔn nwiei. Ɔmaa mfatoho foforo sɛ:

“Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔhyiaa ayeforɔ maa ne babarima. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforɔhyia no ase, nanso wɔampɛ sɛ wɔbɛba.” (Mateo 22:2, 3) Kae sɛ “ɔsoro ahennie” na Yesu de fii mfatoho no ase. Enti “ɔhene” no nyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɔhene no ba no gyina hɔ ma hwan? Wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforohyia no nso ɛ? Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhu. Ɔhene no ba no gyina hɔ ma Yehowa Ba a na ɔrekasa no, na wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔne Ɔba no bɛkɔ ɔsoro Ahenni mu no.

Hwannom na wɔdii kan too nsa frɛɛ wɔn? Yɛbɛhu a, gye sɛ yɛhwɛ wɔn a Yesu ne asomafo no kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no. Ɛyɛ Yudafo. (Mateo 10:6, 7; 15:24) Yuda man no gye toom sɛ wɔbɛdi Mmara apam no so bɛyɛ mfe 1,513 ansa na Yesu reba. Enti wɔn na wɔdii kan nyaa kwan sɛ anka wɔbɛyɛ “asɔfoɔ ahemman.” (Exodus 19:5-8) Nanso bere bɛn paa na wɔfrɛɛ wɔn kɔɔ “ayeforɔhyia” no ase? Yɛbɛtumi aka sɛ wɔfrɛɛ wɔn afe 29 mu. Saa bere no na Yesu fii ase kaa ɔsoro Ahenni no ho asɛm.

Bere a wɔfrɛɛ Israelfo no, dɛn na wɔn mu dodow no ara yɛe? Yesu kaa sɛ “wɔampɛ sɛ wɔbɛba.” Nyamesom mpanimfoɔ no ne ɔmanfo dodow no ara annye Yesu anni sɛ ɔne Mesia a Onyankopɔn ayi no sɛ Ɔhene no.

Nanso Yesu kyerɛɛ mu sɛ wɔbɛma Yudafo no akwannya foforo. Ɔkaa sɛ: “[Ɔhene no san] somaa nkoa foforɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduane, makum m’anantwie ne me nyɛmmoa a wɔadɔ, na wɔawie biribiara. Mommra ayeforɔhyia no ase.”’ Nanso wɔbuu wɔn ani guu so na obiara kɔɔ ne baabi, baako kɔɔ n’afuo mu, ɔfoforɔ kɔdii ne dwa; wɔn a aka no kyee nkoa no yɛɛ wɔn basabasa na wɔkunkum wɔn.” (Mateo 22:4-6) Saa na tebea no yɛe bere a wɔtee Kristofo asafo no. Saa bere no, na Yudafo no da so wɔ hokwan sɛ wɔkɔ Ahenni no mu, nanso wɔn mu fa kɛse no ara amfa anyɛ asɛm, na mpo wɔyɛɛ ‘ɔhene no nkoa’ no basabasa.—Asomafoɔ Nnwuma 4:13-18; 7:54, 58.

Enti ɛwiee ɔman no sɛn? Yesu kaa sɛ: “Ɔhene no bo fuiɛ, na ɔsomaa n’asraafoɔ maa wɔkɔsɛee awudifoɔ no hyee wɔn kuro.” (Mateo 22:7) Afe 70 na saa asɛm no baa mu. Romafo bɛto hyɛɛ Yudafo “kuro” Yerusalem so sɛee no.

Frɛ a ɔhene no frɛɛ wɔn a wɔamma nti, ɛkyerɛ sɛ ɔremfrɛ obiara bio anaa? Yesu mfatoho no anka saa. Ɔtoaa so sɛ: “Afei [ɔhene no] ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, ‘Ayeforɔhyia no aduru so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata. Enti monkɔ kuro no atempɔn so, na obiara a mobɛhu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforɔhyia no ase.’ Ɛnna nkoa no kɔɔ akwan no so kɔboaboaa wɔn a wɔhunuu wɔn nyinaa ano, abɔnefoɔ ne nnipa pa nyinaa, na wɔn a wɔbɛtenatenaa ɛpono no ho no yɛɛ ayeforɔhyia dan no mu mã.”—Mateo 22:8-10.

Ampa-ne-ampa ara ɔsomafo Petro boaa Amanaman mufo, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnyɛ Yudafo maa wɔbɛyɛɛ nokware Kristofo. Afe 36 mu no, honhom kronkron baa Roma sraani Kornelio ne n’abusuafo so. Ɛno buee kwan maa wɔn sɛ wɔbɛtumi akɔ ɔsoro Ahenni a Yesu kaa ho asɛm no mu.—Asomafoɔ Nnwuma 10:1, 34-48.

Yesu kyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔbaa ayeforohyia no ase nyinaa na “ɔhene no” bɛgye wɔn atom. Ɔkaa sɛ: “Berɛ a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, n’ani bɔɔ obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ so wɔ hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Damfo, woyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ?’ Afei na watɔre mum. Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monto no ntwene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na ɔbɛsu atwerɛ ne sẽ.’ Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔayi wɔn no sua.”—Mateo 22:11-14.

Nyamesom mpanimfoɔ no, ebia ɛnyɛ nea Yesu kae nyinaa na wɔtee ase. Nanso nea wɔtee no anyɛ wɔn dɛ, na na wɔawe ataa so sɛ wɔbɛyɛ nea wɔbɛtumi biara ayi Yesu hɔ ama animguase no nyinaa to atwa.