Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 111

Asomafo no Kaa sɛ Yesu Mma Wɔn Sɛnkyerɛnne

Asomafo no Kaa sɛ Yesu Mma Wɔn Sɛnkyerɛnne

MATEO 24:3-51 MARKO 13:3-37 LUKA 21:7-38

  • ASOMAFO NNAN KƆBISAA YESU SƐ ƆMMA WƆN SƐNKYERƐNNE

  • SƐNKYERƐNNE NO BAA MU WƆ ASOMAFO NO BERE SO NE WƆN WUO AKYI

  • ƐSƐ SƐ YƐMA YƐN ANI DA HƆ

Ná Yesu de nna kakra a atwam no ayɛ ɔsom adwuma no pii. Ɔwɔ Yerusalem no, sɛ ɔkɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛ na ade sa a, na wafiri kuro no mu akɔda baabi foforo. Bere a Benada, Nisan da a ɛtɔ so 11 rekɔ n’awiei no, na ne som adwuma a ɔbɛyɛɛ wɔ asase so no nso rekɔ awiei. Yesu wɔ Yerusalem no, na nnipa bebree “ba ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ anɔpahema bɛtie no.” (Luka 21:37, 38) Nanso, ɛfiri Nisan da a ɛtɔ so 11 no deɛ, na Yesu remma hɔ bio, enti na obiara nnya no ntie no. Ná ɔkɔ Ngo Bepɔ no so, na na aka ɔne n’asomafo no mu nnan: Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane.

Mmarima nnan no baa Yesu nkyɛn efisɛ asɔrefie a Yesu kaa ho asɛm sɛ wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ so wɔ hɔ no, na ɛho asɛm haw wɔn. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara nti na wɔbae. Ná Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ: “Monsiesie mo ho, ɛfiri sɛ dɔn a monsusu saa mu na onipa Ba no reba.” (Luka 12:40) Ná wasan aka akyerɛ wɔn sɛ da bi reba a ‘wɔbɛyi onipa Ba no adi’ anaasɛ ɔbɛba. (Luka 17:30) Saa nsɛm mmienu no ne nea saa Benada no ɔka faa asɔrefie no ho no, na ɛwɔ biribi yɛ anaa? Ná asomafo no pɛ biribi ahu, enti wɔkaa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na yeinom bɛba mu, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo mmaeɛ ne berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3.

Ɛbɛyɛ sɛ na asomafo no adwene yɛ wɔn sɛ asɔrefie a na wɔn ani tua no sɛe ho asɛm na Yesu reka. Afei nso na wɔpɛ sɛ wɔhu nea ɛbɛyɛ onipa Ba no mmae ho sɛnkyerɛnne. Ebia wɔkaee Yesu mfatoho bi. Ɔkaa wɔ saa mfatoho no mu sɛ, “ɔdehyeɛ” bi ‘tuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekɔgye ahennie tumi aba.’ (Luka 19:11, 12) Ade foforo nso a na asomafo no pɛ sɛ wɔhu ne “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ” ho sɛnkyerɛnne.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri maa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ aka kakra ama ɔsɛe aba Yudafo nhyehyɛe ne wɔn asɔrefie no so. Nanso na ebi ka ho; ɔsan kaa nsɛm pii a ɛbɛma Kristofo a wɔbɛba daakye nso ahu sɛ Kristo ‘aba,’ na wiase awiei abɛn.

Mfe bi akyi no, asomafo no huu sɛ Yesu nkɔmhyɛ no afiri ase reba mu. Nneɛma a ɔkaa sɛ ɛbɛsisi no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn ani hui. Yesu hyɛɛ nkɔm no, mfe 37 akyi na ɔsɛe baa Yudafo nhyehyɛe ne asɔrefie no so wɔ afe 70 mu. Kristofo a wɔn ani da fam no deɛ wɔdaa wɔn ho so, enti ɔsɛe no bae no, amfu wɔn mu. Nanso ɛduu afe 70 no, na ɛnyɛ Yesu nkɔmhyɛ no nyinaa na aba mu. Ɛnde dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Yesu aba n’Ahenni mu na ɔredi tumi? Ɔdaa no adi kyerɛɛ asomafo no.

Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ mobɛte “ɛko ne ɛko ho amanneɛbɔ” na “ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahennie atia ahennie.” (Mateo 24:6, 7) Ɔsan kaa sɛ “asasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na yaredɔm ne aduankɔm bɛba mmeammea.” (Luka 21:11) Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfoɔ de wɔn nsa bɛka mo na wɔataa mo.” (Luka 21:12) Atoro adiyifo bɛba, na wɔbɛdaadaa nnipa pii. Nsɛmmɔnedi bɛdɔɔso, na nnipa bebree dɔ ano bɛdwo. Bio, ɔkaa sɛ “wɔbɛka ahennie ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.”—Mateo 24:14.

Nkɔm a Yesu hyɛɛ sɛ Romafo bɛsɛe Yerusalem no baa mu. Ɛno kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ no nyinaa baa mu saa bere no anaa? Anaasɛ ɛbɛsan anya mmamu foforo daakye? Woto w’ani a, wonhu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ no, afei koraa na ne kɛse reba mu?

Yesu kaa sɛnkyerɛnne foforo a ɛbɛkyerɛ sɛ waba n’Ahenni mu. Ɔkaa sɛ wɔbɛhu “akyiwadeɛ a ɛbɔ man.” (Mateo 24:15) Ná Romafo no abrabɔ asɛe, enti afe 66 mu, bere a wɔn “asraafoɔdɔm” bɛtwaa Yerusalem ho hyiae na wɔde wɔn frankaa bɛsii hɔ no, saa bere no na akyiwadeɛ no bae. Romafo no bɛtwaa Yerusalem ho hyiae, na wɔfirii ase bubuu ɔfasuo no nkakrankakra. (Luka 21:20) Enti yɛbɛka a, baabi a na Yudafo no bu no “kronkronbea” no, ɛhɔ na “akyiwadeɛ” no bae.

Yesu san hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahohiahia kɛseɛ a, ɛfiri wiase mfitiaseɛ bɛsi seesei ebi nsiiɛ, na ebi nso nsi bio bɛba.” Ampa-ne-ampa ara afe 70 mu, Romafo bɛsɛee Yerusalem. Saa ɔsɛe a wɔde baa Yudafo “kuro kronkron” no ne n’asɔrefie so no, na ɛyɛ ahohiahia kɛse, na nnipa bebree hweree wɔn nkwa. (Mateo 4:5; 24:21) Yudafo asetenam nyinaa, na ɔsɛe a ɛte saa bi nsii da. Saa bere no ara nso na Yudafo som a na wɔwom fi teteete no baa awiei. Nea ɛtoo Yudafo no ma yɛhu sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛrebɛnya ne mmamu kɛse daakye no bɛyɛ hu paa.

NKƆMHYƐ NO MMAMU NO, MMA ƐMMMƆ WO HU

Ná Yesu ne asomafo no nkɔmmɔ no nsii. Bere a ɔmaa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ waba n’Ahenni mu a ɔredi tumi na wiase nhyehyɛe no awiei abɛn no, afei ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yie wɔ “atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ” ho. Ɔkaa sɛ anhwɛ a, “wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.” (Mateo 24:24) Nanso, wɔn a wɔayi wɔn no deɛ, obiara ntumi nnaadaa wɔn. Wɔn a wɔyɛ atoro Kristo no bɛba ama obiara ahu wɔn. Nanso Yesu deɛ, sɛ ɔba a obiara mfa n’ani nhu no.

Bere a Yesu retoa n’asɛm no so no, ɔkaa ahohiahia kɛse bi a ɛbɛba wɔ awiei bere no mu ho asɛm sɛ: “Awia bɛduru sum na bosome renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.” (Mateo 24:29) Nsɛm akɛseakɛse a Yesu ka kyerɛɛ asomafo no, na wɔnnim sɛnea ɛbɛba mu, nanso wɔhuu sɛ ɛbɛyɛ hu paa.

Sɛ nneɛma huhuuhu yi sisi a, ɛbɛka nnipa sɛn? Yesu kyerɛɛ sɛ: “Ehu ne nneɛma a ɛreba asase soɔ no bɛma nnipa atotɔ piti; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.” (Luka 21:26) Wohwɛ Yesu nsɛm no a, wohu sɛ ampa, saa mmere bɔne no bɛyɛ hu ankasa.

Nanso anigyesɛm ne sɛ, Yesu san ka kyerɛɛ asomafo no sɛ ‘onipa Ba no de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba’ a, ɛnyɛ nnipa nyinaa na ehu bɛka wɔn. (Mateo 24:30) Ná Yesu aka dada sɛ “wɔn a wɔayi wɔn no nti,” Onyankopɔn de ne ho bɛgye mu. (Mateo 24:22) Yesu asuafo a wɔdi Onyankopɔn nokware no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade saa bere no? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ nneɛma yi firi aseɛ sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.”—Luka 21:28.

Yesu asuafo a wɔde wɔn ani bɛhu saa ahohiahia kɛse no, wɔbɛyɛ dɛn ahu sɛ awiei no abɛn? Yesu de borɔdɔma dua yɛɛ mfatoho sɛ: “Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi nhahan ara pɛ a, monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ mohunu yeinom nyinaa a, monhunu sɛ wabɛn apono ano. Nokorɛm mese mo sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ yeinom nyinaa bɛba mu.”—Mateo 24:32-34.

Sɛ Yesu asuafo no hu sɛ saa sɛnkyerɛnne no resisi a, wɔbɛhu sɛ awiei no abɛn. Ɔde afotuo maa asuafo a wɔde wɔn ani bɛhu saa bere no sɛ:

“Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho deɛ obiara nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko. Na sɛdeɛ na Noa nna no teɛ no, saa ara na onipa Ba no mmaeɛ bɛyɛ. Na nna a ɛdii nsuyire no anim no, wɔdidi nomeeɛ, mmarima warewareeɛ na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhunu kɔsii sɛ nsuyire no ba bɛpraa wɔn nyinaa kɔeɛ. Na saa ara na onipa Ba no mmaeɛ nso bɛyɛ.” (Mateo 24:36-39) Yesu de nsuyiri a ɛsii Noa bere so no yɛɛ ntotoho de kyerɛɛ sɛ nea ɛbɛsi no bɛka wiase nyinaa.

Wotie Yesu ne asomafo no nkɔmmɔ a wɔbɔɔ wɔ Ngo Bepɔ so no a, obiara nka nkyerɛ wo sɛ asomafo no, na ɛhia sɛ wɔma wɔn ani da hɔ paa. Yesu kaa sɛ: “Monhwɛ mo ho so yie na adidi mmorosoɔ ne asanom ntrasoɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ mo akoma so da, na da no ammɛto mo mpofirem sɛ fidie. Ɛfiri sɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so. Enti, monkɔ so nwɛn, na monsrɛ berɛ nyinaa na moatumi adwane nneɛma a ɛtwa sɛ ɛsisie yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”—Luka 21:34-36.

Yesu asɛm no ma yɛsan hu sɛ nea ɛreba no bɛka wiase nyinaa. Nea ɔkae no, na ɛnyɛ ɔsɛe a ɛrebɛba Yerusalem anaa Yuda man so mfe kakra a ɛda wɔn anim no ho asɛm koraa na ɔreka; mmom na ɛyɛ daakye asɛm. Nea na ɔreka ho asɛm no, “ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so.”

Yesu maa n’asuafo no huu sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wɔwɛn na wɔsiesie wɔn ho. Ɔde mfatoho foforo pee so sɛ: “Monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn ko a ɔkorɔmfoɔ bɛba a, anka ɔwɛneeɛ na wannya kwan ammɛbu ne fie amma mu. Yei nti mo nso monsiesie mo ho, ɛfiri sɛ dɔn a mo ani nna soɔ mu na onipa Ba no bɛba.”—Mateo 24:43, 44.

Ná Yesu pɛ sɛ n’asuafo no nya anidaso, enti ɔmaa wɔhuu sɛ, sɛ nkɔmhyɛ no reba mu a, “akoa” bi bɛyi ne ti na ɔbɛyɛ akoa a n’ani da hɔ. Yesu de biribi yɛɛ mfatoho a ɛbɛma asomafo no ate nea ɔreka no ase. Ɔkaa sɛ: “Hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu no? Anigyeɛ ne akoa a ne wura bɛba abɛhunu sɛ ɔreyɛ saa! Nokorɛm mese mo sɛ, Ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.” Nanso sɛ “akoa” no nya adwemmɔne na ɔfiri ase yɛ nkoa no bi basabasa a, owura no bɛtwe “n’aso dendeenden.”—Mateo 24:45-51; fa toto Luka 12:45, 46 ho.

Yesu asɛm no nkyerɛ sɛ n’akyidifo no bi na wɔbɛnya adwemmɔne. Ɛnde dɛn na na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no hu? Ná ɔmpɛ sɛ wɔda, na mmom na ɔpɛ sɛ wɔn ani da hɔ. Ɔde mfatoho foforo kyerɛɛ mu.