Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 112

Mmaabun Mfatoho no Ho Adesuade

Mmaabun Mfatoho no Ho Adesuade

MATEO 25:1-13

  • YESU MFATOHO A ƐFA MMAABUN DU BI HO

Ná asomafo no akɔ Yesu hɔ sɛ ɔnkyerɛ wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ waba n’Ahenni mu na wiase awiei no abɛn. Yesu rema wɔn mmuaeɛ no, ɔsan de mfatoho foforo yɛɛ afotuo maa wɔn. Sɛ Yesu ba n’Ahenni mu a, n’akyidifo a wɔte ase saa bere no, wɔn na saa mfatoho no bɛba mu wɔ wɔn so.

Ɔfirii mfatoho no ase sɛ: “Ɔsoro ahennie bɛyɛ sɛ mmaabunu du a wɔfaa wɔn nkanea firii adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. Ná wɔn mu nnum yɛ nkwaseafoɔ, na nnum yɛ mmadwemma.”—Mateo 25:1, 2.

Yesu mfatoho no nkyerɛ sɛ n’asuafo a wɔbɛnya ɔsoro Ahenni no, emu fa yɛ nkwaseafo na ɛfa yɛ anyansafo. Mmom na ɔpɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ nneɛma a ɛfa Ahenni no ho deɛ, ɛsɛ sɛ osuani biara kyerɛ nea ɔbɛyɛ; sɛ wamma n’ani anna hɔ a, ɛnde nneɛma bɛtwetwe n’adwene. Nanso na Yesu wɔ n’asuafo no mu gyidi sɛ wɔn mu biara bɛtumi adi n’Agya no nokware ama wahyira no.

Yesu mfatoho no mu no, na mmaabun du no nyinaa retwɛn ama ayeforokunu no aba na wɔakɔhyia no ne no akɔ ayeforo no ase. Sɛ ayeforokunu no ne ne yere no reba fie a, ɛho bɛhia sɛ mmaabun no sɔ wɔn nkanea na wɔbɔ gye no so ne no kɔ fie. Nanso ɔbae no, dɛn na ɛsii?

Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Nkwaseafoɔ no faa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho, na mmadwemma no deɛ, wɔfaa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho. Na berɛ a ayeforɔkunu no rekyɛ no, wɔn nyinaa tɔɔ nko faa mu daeɛ.” (Mateo 25:3-5) Ayeforokunu no amma ntɛm; ɔkyɛe araa maa nna faa mmaabun no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm no maa asomafo no kaee ɔdehyeɛ bi a Yesu kaa ne ho asɛm sɛ ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri, na “berɛ a awieeɛ koraa no ɔnyaa ahennie tumi no . . . ɔsan baeɛ.”—Luka 19:11-15.

Mmaabun du mfatoho no, Yesu kyerɛɛ nea ɛsii bere a ayeforokunu no bɛdui no. Ɔkaa sɛ: “Dasuom na wɔtee nteamu bi sɛ, ‘Ayeforɔkunu no nie oo! Momfiri adi nkɔhyia no.’” (Mateo 25:6) Ayeforokunu no bae no, na mmaabun no nyinaa asiesie wɔn ho retwɛn anaa?

Yesu toaa so sɛ: “Ɛnna mmaabunu no nyinaa sɔreeɛ na wɔhwɛɛ wɔn nkanea no sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Na nkwaseafoɔ no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi, ɛfiri sɛ yɛn nkanea no reyɛ adum.’ Mmadwemma no buaa sɛ, ‘Ebia na ansõ yɛn ne mo. Enti monkɔ wɔn a wɔtɔn no nkyɛn nkɔtɔ bi.’”—Mateo 25:7-9.

Mfatoho no ma yɛhu sɛ mmaabun nkwaseafo nnum no, wɔamma wɔn ani anna hɔ, enti ayeforokunu no bae no, na wɔnsiesiee wɔn ho. Ná wɔn nkanea mu ngo asa, enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔpɛ bi tɔ. Yesu kaa sɛ: “Berɛ a wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforɔkunu no baeɛ, na mmaabunu a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase; na wɔtoo pono no mu. Ɛno akyi no, mmaabunu a aka no nso baeɛ, na wɔkaa sɛ, ‘Owura, owura, bue yɛn!’ Ɔbuaa sɛ, ‘Mese mo nokorɛm sɛ, mennim mo.’” (Mateo 25:10-12) Esiane sɛ mmaabun nkwaseafo nnum no amma wɔn ani anna hɔ ansiesie wɔn ho nti, hwɛ nea ɛtoo wɔn.

Asomafo no huu sɛ ayeforokunu a Yesu kaa ne ho asɛm no gyina hɔ ma Yesu no ara. Bere bi a ɛtwaam no, ɔkaa sɛ ɔyɛ ayeforokunu. (Luka 5:34, 35) Mmaabun anyansafo no nso ɛ? Bere bi a Yesu kaa “nnwankuo ketewa” no ho asɛm sɛ wɔde Ahenni no bɛma wɔn no, ɔka toaa so sɛ: “Momfa adeɛ mmɔ mo asene na momma mo nkanea nnɛre.” (Luka 12:32, 35) Enti mmaabun mfatoho no, asomafo no huu sɛ ɛfa nnipa te sɛ wɔn ara ho. Ɛnde, na Yesu mfatoho no kyerɛ sɛn?

Bere a Yesu rewie ne mfatoho no, ɔde asɛm no sii hɔ sɛ: “Enti monkɔ so nwɛn, na monnim da anaa dɔn no.”—Mateo 25:13.

Biribiara kyerɛ sɛ na Yesu retu n’asuafo no fo sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn’ mfa ntwɛn bere a ɔbɛba. Ba deɛ ɔbɛba, enti na ɛsɛ sɛ wɔsiesie wɔn ho na wɔwɛn te sɛ mmaabun anyansafo nnum no. Ɛno bɛboa wɔn ama anidaso kɛse a wɔwɔ no atena wɔn adwenem na akatua no ammɔ wɔn.