Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 115

Twam Afahyɛ a Yesu Dii a na Ɔrenni Bio

Twam Afahyɛ a Yesu Dii a na Ɔrenni Bio

MATEO 26:1-5, 14-19 MARKO 14:1, 2, 10-16 LUKA 22:1-13

  • WƆMAA YUDA ISKARIOT SIKA SƐ ƆNYI YESU MMA

  • ASOMAFO MMIENU KƆYƐƐ TWAM NO HO NTOTOE

Bere a asomafo nnan no kɔbisaa Yesu asɛm wɔ Ngo Bepɔ no so no, ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔde bɛhu sɛ waba n’Ahenni mu na wiase awiei abɛn.

Nisan da a ɛtɔ so 11 no, Yesu annya ne ho adagyew koraa. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Yesu ne asomafo no nam kwan so rekɔ Betania akɔda no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monim sɛ aka nnanu ama twam aduru, na wɔbɛyi onipa Ba no ama na wɔabɔ no asɛndua mu.”​—Mateo 26:2.

Ade kyee Wukuda no, ɛbɛyɛ sɛ Yesu ankɔ baabiara; ɔne asomafo no nko ara na na ɛwɔ hɔ. Benada a etwaam no, ɔkaa nyamesom mpanimfoɔ no anim, na ɔmaa obiara huu wɔn suban. Enti na wɔrepɛ no akum no. Ɛno maa Nisan da a ɛtɔ so 12 no, Yesu anyi n’anim ankɔ nnipa mu. Ná ɔpɛ sɛ ɛkwan biara so ɔne asomafo no di Twam afahyɛ no Nisan da a ɛtɔ so 14.

Nanso asɔfo no ne mpanimfoɔ no deɛ, ɛnyɛ Twam bi na na wɔredwene ho. Wɔkɔhyiaam wɔ ɔsɔfo panin Kaiafa fie. Wɔkɔyɛɛ dɛn? ‘Wɔkɔbɔɔ pɔ sɛ wɔnam aniteɛ kwan so bɛkye Yesu na wɔaku no’ efisɛ na Yesu ama nkurɔfo ahu wɔn suban, enti na wɔn bo afu paa. Nanso na wɔbɛyɛ dɛn akum no? Wɔkaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase, na ɔmanfoɔ no anyɛ basabasa.” (Mateo 26:4, 5) Wɔhuu sɛ nnipa pii nni Yesu ho agorɔ, enti na wɔsuro.

Emu hɔ ara na santan, obi bɛpuee nyamesom mpanimfoɔ no anim. Wɔnkɔhwɛ a, Yesu ankasa somafo Yuda Iskariot anim ni. Ná Satan de ahyɛ Yuda koma mu sɛ ɔnyi ne Wura mma. Enti Yuda bisaa asɔfo mpanimfoɔ no sɛ: “Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ama mo?” (Mateo 26:15) Nea na wɔrepɛ atie ara ne no, enti “wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.” (Luka 22:5) Wɔmaa no sɛn? Wɔkaa sɛ wɔbɛma no nnwetɛbena 30; saa na na wɔtɔn nkoa saa bere no. (Exodus 21:32) Ɛboɔ a nyamesom mpanimfoɔ no tuae no kyerɛ sɛ na wɔmfa Yesu nyɛ hwee. Ɛfiri saa bere no, Yuda fii ase “hwehwɛɛ hokwan a ɔde bɛyi no ama wɔn berɛ a nnipakuo bi nni hɔ.”​—Luka 22:6.

Ná Nisan da a ɛtɔ so 13 bɛfiri ase Wukuda anwummere bɛyɛ nnɔnsia; saa anadwo no ka ho a, na Yesu ada Betania mpɛn nsia. Ɔda hɔ saa anadwo no a, na ɔnna hɔ bio, na ade kye nso a, ɛbɛyɛ Twam afahyɛ no ahoboaboa bere. Ɛsɛ sɛ wɔpɛ odwan bi, na sɛ Nisan da a ɛtɔ so 14 fi ase a, wɔakum no atoto. Ɛhe na wɔbɛdi Twam no, na hwan na ɔbɛyɛ ho ntotoe? Ɛno deɛ, na Yesu nka nkyerɛɛ wɔn. Enti na Yuda nnim na wakɔbɔ asɔfo mpanimfoɔ no amanneɛ.

Bere a Yesu ne n’asuafo no wɔ Betania no, ɛbɛyɛ sɛ ɔsomaa Petro ne Yohane Yawda awia sɛ: “Monkɔ na monkɔsiesie twam no mma yɛmmɛdi.” Wɔn nso bisaa Yesu sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mohyɛn kuro no mu a, ɔbarima bi a ɔsõ ahina a nsuo wom bɛhyia mo. Monni n’akyi nkɔ fie a ɔbɛkɔ mu no mu. Na monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se wo sɛ: “Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi twam afahyɛ wom no wɔ?”’ Na ɔbarima no bɛkyerɛ mo abansoro dan kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu. Monyɛ ahosiesie no wɔ hɔ.”​—Luka 22:8-12.

Yɛbɛtumi aka sɛ na efiewura no yɛ Yesu suani. Ebia na ɔtumi hu sɛ anhwɛ a Yesu bɛba abɛgye ne fie hɔ adi Twam no. Bere a asomafo mmienu no kɔduu Yerusalem no, nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ na wɔhui. Enti wɔhwehwɛɛ odwan a wɔde bɛdi Twam no, na wɔyɛɛ ɛho ntotoe a aka nyinaa. Nnipa a na wɔresiesie ama wɔn no yɛ 13; Yesu ne asomafo 12 no.