Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 138

Kristo Kɔtenaa Onyankopɔn Nsa Nifa

Kristo Kɔtenaa Onyankopɔn Nsa Nifa

ASOMAFOƆ NNWUMA 7:56

  • YESU TE ONYANKOPƆN NSA NIFA

  • SAUL BƐYƐƐ OSUANI

  • ƐSƐ SƐ YƐDI AHURUSI

Yesu kɔɔ soro no, dadu akyi na honhom kronkron baa n’akyidifo no so afe 33 Pentekoste Afahyɛ bere no. Ɛno maa wɔhuu sɛ Yesu wɔ soro ampa. Biribi foforo nso si maa ɛyɛɛ adanse sɛ Yesu wɔ soro. Ansa na wɔresi Yesu suani Stefano aboɔ no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu sɛ ɔsoro abue a onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa.”​—Asomafoɔ Nnwuma 7:56.

Bere a Yesu kɔɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro no, ɔtwɛn maa ahyɛde bi baa mu. Saa ahyɛde no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Onyankopɔn de honhom kaa Dawid maa ɔkyerɛw sɛ: “Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me Wura [Yesu] ne sɛ: ‘Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.’” Saa bere no so a, ‘ɔbɛkɔ n’atamfo mfimfini akɔdi wɔn so.’ (Dwom 110:1, 2) Sɛ ɔretwɛn akɔdi n’atamfo so a, dɛn na ɔbɛyɛ wɔ soro?

Kristofo asafo no fii ase Pentekoste afe 33. Saa bere no, Yesu hyɛɛ ase dii asuafo a wɔde honhom asra wɔn no so. (Kolosefoɔ 1:13) Yesu wɔ soro nyinaa ɔboaa asuafo no wɔ asɛnka adwuma no mu, na ɔsiesiee wɔn maa adwuma a ɛda hɔ retwɛn wɔn no. Adwuma bɛn? Sɛ wɔdi nokware kɔsi awiei a, daakye wɔbɛnyane wɔn afiri awufo mu ama wɔakɔka Yesu ho adi hene wɔ n’Ahenni mu.

Saafo no bi ne Saul a na ne Roma din de Paulo no. Ná ɔyɛ Yudani a wabɔ ne ho mmɔden mfe pii wɔ Onyankopɔn Mmara mu, nanso Yuda nyamesom mpanimfoɔ no sɛee n’adwene ara maa bere a wɔresi Stefano aboɔ koraa, ɔpenee so. Afei Saul sii kwan so sɛ ɔrekɔ Damasko ‘akɔhunahuna Awurade asuafoɔ no akunkum wɔn.’ Ná wanya tumi krataa afiri Ɔsɔfo Panin Kaiafa hɔ sɛ ɔnkɔkyere Yesu asuafo no mfa wɔn mmra Yerusalem. (Asomafoɔ Nnwuma 7:58; 9:1) Nanso, bere a Saul nam kwan so rekɔ no, hann bi fi soro hyerɛn twaa ne ho hyiae, na ɔhwee fam.

Afei ɛnne bi kaa sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na wotaa me?” Saul bisaa sɛ: “Ɛyɛ wo hwan, Owura?” Ɛnne no nso buaa sɛ: “Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.”​—Asomafoɔ Nnwuma 9:4, 5.

Yesu ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔnkɔ Damasko, na ɔntwɛn sɛ ɔbɛma no akwankyerɛ. Nanso na hann a ɛfiri soro no afura n’ani, enti na ɛsɛ sɛ obi sɔ ne mu de no kɔ. Yɛreka yi nso, na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ ne suani Anania wɔ anisoadehu mu. Damasko na na Anania te, na Yesu kyerɛɛ no baabi a Saul wɔ kaa sɛ ɔnkɔhwehwɛ no. Ná Anania suro sɛ ɔbɛkɔ, nanso Yesu kaa ne koma too ne yam sɛ: “Ɔbarima yi yɛ anwenneɛ a wɔayi no ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn.” Akyiri yi Saul ani buei, na Damasko hɔ ara, “ɔfirii aseɛ wɔ hyia adan mu kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔne Onyankopɔn Ba no.”​—Asomafoɔ Nnwuma 9:15, 20.

Asɛnka adwuma a Yesu fii ase no, ɔboaa Paulo ne asuafo foforo ma wɔtoaa so. Onyankopɔn hyiraa adwuma no so paa, enti bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Paul wɔ Damasko kwan so no, mfe 25 akyi na Paulo kyerɛwee sɛ asɛmpa no, “wɔaka ho asɛm wɔ abɔdeɛ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.”​—Kolosefoɔ 1:23.

Mfe bi akyi no, Yesu maa ɔsomafo Yohane a na ɔdɔ no no anisoadehu bi; ɛwɔ Adiyisɛm nwoma no mu wɔ Bible mu. Anisoadehu no maa ɛyɛɛ te sɛ nea Yohane atena ase ahu sɛ Yesu aba n’Ahenni mu. (Yohane 21:22) “[Yohane] baa Awurade da no mu honhom mu.” (Adiyisɛm 1:10) Bere bɛn na wei baa mu?

Sɛ wokɔ Bible nkɔmhyɛ mu paa a, wobɛhu sɛ “Awurade da no” hyɛɛ ase wɔ yɛn bere yi so. Afe 1914 mu no, Wiase Ko I pae gui. Ɛfiri hɔ reba nyinaa, akokoakoko, yaredɔm, aduanekɔm, asasewosow ne nneɛma akɛse asisi. Ne nyinaa ama nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no aba mu; ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ saa nneɛma no bɛyɛ ne “mmaeɛ” ne “awieeɛ” no ho “sɛnkyerɛnne.” (Mateo 24:3, 7, 8, 14) Seesei ɛnyɛ aman a na Roma Ahemman no di so nko ara na wɔreka Ahenni ho asɛmpa wom; mmom wɔreka no wɔ wiase nyinaa.

Honhom kaa Yohane maa ɔkyerɛɛ saa asɛm no mu sɛ: “Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ ne n’ahoɔden ne n’ahennie ne ne Kristo no tumi aba.” (Adiyisɛm 12:10) Enti seesei Onyankopɔn soro Ahenni a Yesu kaa ho asɛm pii no redi tumi!

Wei yɛ anigyesɛm paa ma Yesu asuafo anokwafo nyinaa. Yohane nsɛm yi bɛtumi ama wɔanya awerɛhyem. Ɔkaa sɛ: “Yei nti mo ɔsoro ne mo a motete mu, momma mo ani nnye! Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.”​—Adiyisɛm 12:12.

Bere a Yesu tenaa n’Agya nsa nifa so twɛnee no aba awiei. Seesei ɔredi hene, na ɛrenkyɛ koraa ɔbɛyi n’atamfo nyinaa afiri hɔ. (Hebrifoɔ 10:12, 13) Wo deɛ hwɛ anigye a nnipa bɛnya!