Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 69

Hwan ne Wɔn Agya​—Abraham Anaa Ɔbonsam?

Hwan ne Wɔn Agya​—Abraham Anaa Ɔbonsam?

YOHANE 8:37-59

  • YUDAFO NO KAA SƐ WƆN AGYA NE ABRAHAM

  • ABRAHAM NNYA MMAA WIASE NO, NA YESU WƆ HƆ

Yesu kɔdii Asese Afahyɛ wɔ Yerusalem, na ɛno akyi no, ɔtenaa hɔ de Onyankopɔn asɛm kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo. Yudafo a wɔwɔ hɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefoɔ na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mopɛ sɛ moku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nnya nkɔsoɔ mo mu. Deɛ mahunu no m’Agya nkyɛn no na meka; enti mo nso moyɛ deɛ moate afiri mo agya hɔ.”—Yohane 8:33, 37, 38.

Nea Yesu kae no mu da hɔ; ɛsono n’Agya ɛnna ɛsono wɔn agya. Yudafo no ante Yesu asɛm no ase, enti wɔsan kaa sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.” (Yohane 8:39; Yesaia 41:8) Ɛyɛ ampa, na wɔyɛ Abraham asefo. Ɛno nti ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔwɔ gyidi te sɛ Onyankopɔn adamfo Abraham.

Nanso Yesu de pem wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma a, monyɛ Abraham nnwuma.” Sɛ Abraham yɛ wɔn agya ampa a, anka wɔbɛyɛ ne nnwuma no bi. Enti Yesu toaa so sɛ: “Seesei mopɛ sɛ moku me, onipa a maka nokorɛ a mete firii Onyankopɔn nkyɛn akyerɛ mo no. Abraham anyɛ saa.” Afei ɔkaa sɛ: “Moyɛ mo agya no nnwuma.”—Yohane 8:39-41.

Saa bere yi nyinaa na Yudafo no nnya nhuu nea Yesu repɛ akyerɛ. Enti wɔkaa sɛ: “Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; yɛwɔ Agya baako, Onyankopɔn.” Nanso, na ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn ne wɔn Agya? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me, ɛfiri sɛ Onyankopɔn hɔ na mefiri a mewɔ ha yi. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ baeɛ, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.” Afei Yesu bisaa asɛm bi na ɔno ara maa ho mmuaeɛ. Ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na monnim deɛ mereka no? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.”—Yohane 8:41-43.

Ná Yesu pɛ sɛ wɔhu sɛ, sɛ wɔannye no anni a, ɛyɛ aniberesɛm. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛdeɛ.” Suban bɛn na wɔn agya no wɔ? Yesu kaa wɔn agya no ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nokorɛ no mu.” Ɔtoaa so sɛ: “Deɛ ɔfiri Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm. Ɛno nti na montie, ɛfiri sɛ momfiri Onyankopɔn.”—Yohane 8:44, 47.

Yesu asɛm no hyɛɛ Yudafo no abufuo, enti wɔkaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ adaemone a, ɛnyɛ nokorɛ?” Frɛ a wɔfrɛɛ Yesu “Samariani” no kyerɛ sɛ na wɔmmu no koraa. Nanso ɛno deɛ Yesu anyi ano. Nea ɔkae ne sɛ: “Menni adaemone, na mmom medi m’Agya no ni, na mo deɛ, mobɔ me ahohora.” Afei Yesu kaa biribi a ɛma yɛhu sɛ na asɛm no yɛ nkwa ne owuo asɛm. Ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔbɛdi m’asɛm soɔ no, ɔrenhunu owuo koraa.” Ná asɛm yi nkyerɛ sɛ asomafo no ne n’akyidifo a aka no renwu da. Mmom na ɛkyerɛ sɛ wɔrenka “owuprenu no” anaa daa ɔsɛe nhwɛ da, kyerɛ sɛ, wɔwu a, wɔbɛnya owusɔre.—Yohane 8:48-51; Adiyisɛm 21:8.

Wei nso Yudafo no ante ase; wɔfaa no sɛ owuo paa ho asɛm na Yesu reka. Enti wɔkaa sɛ: “Afei paa na yɛahunu sɛ wowɔ adaemone. Abraham wuiɛ, na adiyifoɔ no nso saa ara; nanso woka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdi m’asɛm soɔ no, ɔrenka owuo nhwɛ koraa.’ Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? . . . Wose woyɛ hwan?”—Yohane 8:52, 53.

Biribiara kyerɛ sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn sɛ ɔno ne Mesia no. Nanso wanyi anim saa, na mmom ɔkaa sɛ: “Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee. Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔyɛ mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam; nanso monni no. Na me deɛ, meni no. Sɛ meka sɛ menni no a, na meyɛ ɔtorofoɔ sɛ mo.”—Yohane 8:54, 55.

Afei Yesu twee wɔn adwene kɔɔ nea wɔn nana Abraham yɛe no so sɛ: “Mo agya Abraham dii anidasoɔ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛhunu me da no mu ahurisie, na ɔhunu dii ahurisie.” Ná Abraham wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi paa, enti ɔhwɛɛ kwan sɛ Mesia no bɛba. Yudafo no ante Yesu asɛm no ase, enti wɔkaa sɛ: “Wonnii mfeɛ aduonum mpo na woahunu Abraham yi?” Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.” Ná ɔreka bere a ɔyɛ honhom abɔde wɔ soro ansa na wɔrewo no wɔ asase so no.—Yohane 8:56-58.

Yesu asɛm no hyɛɛ Yudafo no abufuo paa. Afei deɛ, na wɔpɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Nanso Yesu fii hɔ kɔe a wɔannya no.