Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛn na Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛn Asetena Yɛ?

Sɛn na Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛn Asetena Yɛ?

SƐ WOKENKAN atesɛm krataa, wohwɛ television anaa wotie radio a, nea ɛrekɔ so ara ne nsɛmmɔnedi, akodi ne amumɔyɛsɛm. Yɛreka yi, ebia yare bi reteetee wo anaasɛ wo ho nipa bi a wopɛ n’asɛm paa awu.

Bisa wo ho sɛ:

  • Asetena wei na Onyankopɔn pɛ sɛ me ne m’abusua fa mu?

  • Mɛyɛ dɛn agyina me haw ano?

  • Yebenya asomdwoe ankasa da bi?

Bible ma yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom.

BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN BƐYƐ ANWONWADE PII WƆ ASASE SO.

SUA BIBLE NA ƐBƐBOA WO

Anhwɛ a wobɛka sɛ nea woakenkan wɔ nhoma yi mfiase no yɛ anansesɛm. Nanso Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔbɛma nsakrae yi nyinaa aba asase so. Bible ma yehu ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa.

Nanso ɛnyɛ wei nko ara na Bible ka ho asɛm. Ɛka nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya anigye ankasa wɔ asetena mu seesei. Wo deɛ gye bere kakra susuw wo dadwen ne wo haw ho hwɛ. Ebia wo sikasɛm nkɔ yiye anaa worehyia ɔhaw bi wɔ w’abusua mu. Yare reteetee wo anaa wo ho nipa bi a wopɛ n’asɛm paa awu. Bible betumi aboa wo ma woagyina ɔhaw yi nyinaa ano na woanya abotɔyam. Ebetumi nso ama woanya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae:

Nhoma yi a worekenkan no kyerɛ sɛ wopɛ sɛ wusua biribi fi Bible mu. Nhoma yi bɛboa wo paa. Wokenkan nkyekyɛm biara a, wubehu ɛho nsɛmmisa wɔ kratafa no ase, na ɛbɛma woate Bible no ase yiye. Nnipa ɔpepem pii ani gye Bible a wɔne Yehowa Adansefo resua no ho. Yenim sɛ wo nso w’ani begye ho. Yɛsrɛ sɛ Onyankopɔn nhyira wo na hu nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu!