Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI NNUM

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No

1, 2. (a) Dɛn na ɛma w’ani gye akyɛde bi ho? (b) Adɛn nti na agyede no yɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛso paa?

DƐN na obi de akyɛ wo a wo werɛ mfi da? Mpɛn pii no, ɛnyɛ akyɛde no kɛse ne asɛm no. Mmom, sɛ ɛyɛ biribi a wuhia paa a, w’ani sɔ na ɛma w’ani gye.

2 Onyankopɔn akyɛ yɛn nneɛma bebree, nanso baako bi wɔ hɔ a ehia yɛn sen ne nyinaa. Ɛyɛ biribi a ɛso paa a Onyankopɔn ayɛ ama nnipa. Ɛne sɛ, ɔsomaa ne Ba Yesu Kristo baa asase so na yɛnam no so anya daa nkwa. Ɛno ho ade na yɛrebesua yi. (Kenkan Mateo 20:28.) Anokwa, Yesu a Yehowa de no yɛɛ agyede maa yɛn yi ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa.

DƐN NE AGYEDE NO?

3. Adɛn nti na nnipa wu?

3 Agyede no na Yehowa nam so yi nnipa fi bɔne ne owu mu. (Efesofo 1:7) Asɛm bi sii Eden turo mu mfe mpempem pii ni. Sɛ yɛte saa asɛm no ase a, ɛbɛma yɛahu nea enti a yehia agyede no. Nea esii ne sɛ Adam ne Hawa yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn, enti wowui. Yɛn nyinaa yɛ wɔn mma, na wɔde bɔne awo yɛn. Enti na yɛn nso yewu no.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 9.

4. Hena ne Adam, na na ɔte sɛn?

4 Adam ne onipa a Yehowa dii kan bɔɔ no. Ná bɔne biara nni ne ho, na na ne nipadua ne n’adwene di mũ. Enti anka ɔrenyare, ɔremmɔ akwakoraa na ɔrenwu. Wei yɛ akyɛde a ɛso bi nni! Esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ Adam nti, yebetumi aka sɛ Yehowa yɛ ne papa. (Luka 3:38) Ná Yehowa ne Adam taa di nkɔmmɔ. Onyankopɔn kyerɛɛ no nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ nyinaa, na ɔmaa no adwuma a ɛbɛma n’ani agye.—Genesis 1:28-30; 2:16, 17.

5. Sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ Adam wɔ ne “suban so” a, ɛkyerɛ sɛn?

5 Onyankopɔn bɔɔ Adam wɔ ne “suban so.” (Genesis 1:27) Enti Yehowa maa Adam ne su ahorow no bi. Ebi ne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee ne tumi. Onyankopɔn ammɔ Adam sɛ robɔt; ɔde ne pɛ maa no. Enti ɔbɛyɛ papa oo, ɔbɛyɛ bɔne oo, na ɛwɔ ɔno ara nsam. Sɛ Adam tiee Onyankopɔn a, anka ɔbɛtena Paradise hɔ afebɔɔ.

6. Bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, dɛn na ɔhweree? Dɛn na akɔfa abɛto yɛn so?

6 Na Adam ne Onyankopɔn ntam yɛ kama, na bɔne biara nni Adam ho, na na ne ho nso tɔ no wɔ Paradise hɔ. Nanso bere a ɔyɛɛ asoɔden maa Onyankopɔn buu no kumfɔ no, ɔhweree ne nyinaa. (Genesis 3:17-19) Ná Adam ne Hawa nni anidaso biara bio, efisɛ wɔhyɛɛ da buu Onyankopɔn mmara so. Nea Adam yɛe no kɔfaa “bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Bere a Adam yɛɛ bɔne no, “ɔtɔn” ɔne n’asefo nyinaa hyɛɛ bɔne ne owu ase; enti nnipa bɛyɛɛ nkoa maa bɔne ne owu. (Romafo 7:14) Eyi kyerɛ sɛ yenni anidaso biara anaa? Yɛwɔ bi paa; Yehowa ama yɛn agyede.

7, 8. Dɛn ne agyede?

7 Dɛn ne agyede? Yɛka agyede a, ɛyɛ nneɛma mmienu. Nea edi kan, ɛyɛ ade a yetua de gye obi anaa biribi. Nea ɛtɔ so mmienu, ɛyɛ mpatade anaa nea wɔde si biribi a asɛe ananmu.

8 Owu ne bɔne ho nsunsuanso a Adam asoɔden de abɛsoɛ yɛn so no, onipa biara nni hɔ a obetumi agye yɛn afi mu. Nanso Yehowa ankasa de nneɛma agu akwan mu a ɔnam so begye yɛn. Ma yɛnhwɛ agyede no ho nsɛm bi ne sɛnea ebetumi aboa yɛn.

NEA YEHOWA YƐ DE TUAA AGYEDE NO

9. Dɛn na ebetumi atua agyede no?

9 Nkwa a edi mũ a Adam ma yɛhweree no, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi ama yɛn nsa aka bio. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. (Dwom 49:7, 8) Nanso, onipa nkwa a ɛyɛ pɛ na ebetumi atua agyede no. Ɛno nti na Bible frɛ no “agyede a ɛfata.” (1 Timoteo 2:6) Ɛsɛ sɛ agyede no tumi tua Adam nkwa a ɔhweree no.

10. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛ de tuaa agyede no?

10 Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛ de tuaa agyede no? Ɔsomaa ne Ba a ɔda ne koma so baa asase so. Ne Ba no ne Yesu, abɔde nyinaa abakan no. (1 Yohane 4:9, 10) Yesu yii ne yam gyaw n’Agya ne asetena a na ɔwom wɔ soro no baa asase so. (Filipifo 2:7) Yehowa yii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ ɔbea bi yam wɔ asase so, na ɔwoo no sɛ onipa a bɔne ne nkekae biara nni ne ho.—Luka 1:35.

Yehowa de ne Ba a ɔda ne koma so no yɛɛ agyede maa yɛn

11. Ɛyɛɛ dɛn na onipa baako nkwa tumi yɛɛ agyede maa nnipa nyinaa?

11 Bere a Adam nyɛɛ Yehowa so asoɔden no, na n’asetena di mũ. Ná bɔne ne owu ne ɛho nsunsuanso biara nni hɔ. Enti anka n’asefo nyinaa benya asetena pa. Nanso asoɔden no nti, saa hokwan no bɔɔ wɔn. Obi betumi agye Adam asefo anaa? Yiw. (Kenkan Romafo 5:19.) Yesu a bɔne biara nni ne ho no de ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa wɔn. (1 Korintofo 15:45) Ne nkwa a edi mũ no na ebetumi agye Adam asefo nyinaa afi owu mu.—1 Korintofo 15:21, 22.

12. Adɛn nti na Yesu faa yaw mu saa?

12 Bible ma yehu amanehunu a Yesu faa mu ansa na ɔrewu. Wɔhwee Yesu paa de no sɛn dua so maa owuu yayaayaw. (Yohane 19:1, 16-18, 30) Adɛn nti na Yesu faa yaw mu saa? Efisɛ na Satan aka sɛ onipa biara nni hɔ a ɔrehu amane paa a, ɔbɛkɔ so asom Onyankopɔn. Yesu dii Onyankopɔn nokware de kyerɛe sɛ onipa a ɔyɛ pɛ hu amane sɛ dɛn mpo a, obetumi agyina mu. Hwɛ sɛnea Yesu maa Yehowa koma tɔɔ ne yam!—Mmebusɛm 27:11; hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 15.

13. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so tuaa agyede no?

13 Ɔkwan bɛn na Yesu faa so tuaa agyede no? Ne nipadua a ɛyɛ pɛ no na ɔde tua maa n’Agya. Yehowa maa atamfo kwan ma wokum Yesu Nisan da a ɛto so 14, afe 33 (sɛnea na Yudafo bu mmere). (Hebrifo 10:10) Ne nnansa so no, Yehowa nyanee Yesu maa no honhom nipadua. Afei deɛ na Yesu nyɛ onipa bio! Akyiri yi, Yesu kɔɔ soro de ne ho kɔkyerɛɛ n’Agya sɛ ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ no ayɛ agyede. (Hebrifo 9:24) Afei a watua agyede no, yebetumi anya ogye afi bɔne ne owu mu.—Kenkan Romafo 3:23, 24.

NEA AGYEDE NO BETUMI AYƐ AMA WO

14, 15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya bɔne fafiri?

14 Yɛafi ase renya Onyankopɔn akyɛde nwonwaso no so mfaso. Ma yɛnhwɛ mfaso a yɛrenya seesei ne nea yebenya daakye no bi.

15 Yenya bɔne fafiri. Nnipa ntumi nyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Yedi mfomso, na ɛtɔ da nso a, yɛkeka nsɛm anaa yɛyɛ nneɛma bi a ɛmfa kwan mu. (Kolosefo 1:13, 14) Yɛbɛyɛ dɛn anya bɔne fafiri? Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho, na yɛsrɛ Yehowa ma ɔde kyɛ yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya bɔne fafiri.—1 Yohane 1:8, 9.

16. Sɛ yɛpɛ ahonim pa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Yenya ahonim pa. Sɛ yɛyɛ biribi ma yɛn ahonim anaa yɛn tiboa bu yɛn fɔ a, yɛyɛ basaa. Ɛtɔ da mpo a, yɛte nka sɛ yɛnsɛ hwee, anaa mfaso biara nni yɛn so. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn a, yegye di sɛ obetie. (Hebrifo 9:13, 14) Sɛ yɛwɔ ɔhaw anaa su bi a epiapia yɛn ma yɛyɛ bɔne a, Yehowa pɛ sɛ yɛde ne nyinaa to n’anim. (Hebrifo 4:14-16) Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ kama.

17. Nhyira bɛn na Yesu wu no bɛma yɛanya?

17 Yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa. “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.” (Romafo 6:23) Esiane sɛ Yesu wu maa yɛn nti, yebetumi atena ase daa na yare a ɛde yare deɛ, yɛrennyare bi da. (Adiyisɛm 21:3, 4) Dɛn na yɛyɛ a, yɛn nsa bɛka saa nhyira yi?

W’ANI SƆ AGYEDE NO ANAA?

18. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn?

18 Sɛ obi kyɛ wo biribi a w’ani gye ho a, wunni ho agorɔ koraa. Akyɛde biara ne agyede no nsɛ, enti ɛsɛ sɛ yefi koma mu da Yehowa ase. Yohane 3:16 ka sɛ, “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.” Ampa, Yehowa dɔ yɛn paa; ɛno nti na ɔde ne Ba Yesu a ɔda ne koma so no maa yɛn. Yenim sɛ Yesu nso dɔ yɛn paa, efisɛ, ɔno nso penee so bewu maa yɛn. (Yohane 15:13) Enti agyede no reka akyerɛ wo sɛ Onyankopɔn ne Yesu dɔ wo paa.—Galatifo 2:20.

Sɛ yesua Yehowa ho ade a, yɛne no bɛfa adamfo, na ɛbɛma yɛadɔ no

19, 20. (a) Wobɛyɛ dɛn afa Yehowa adamfo? (b) Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ogye Ɔba no di?

19 Seesei a woabehu sɛ Onyankopɔn dɔ wo yi, wobɛyɛ dɛn afa no adamfo? Sɛ wunnim obi a, ɛyɛ den sɛ wobɛdɔ no. Yohane 17:3 ka sɛ yebetumi ahu Yehowa. Sɛ wuhu no yiye a, ɛbɛma woadɔ no. Afei nso, ɛbɛma w’ani agye sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani na woabɛyɛ n’adamfo. Enti kɔ so sua Bible no, na wubehu Yehowa yiye.—1 Yohane 5:3.

20 Ma w’ani nsɔ Yesu agyede afɔre no. Bible ka sɛ, “nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa.” (Yohane 3:36) Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ogye Ɔba no di? Nea Yesu aka sɛ yɛnyɛ no, ɛsɛ sɛ odi so. (Yohane 13:15) Sɛ yɛn ani sɔ agyede no a, ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde bɛka sɛ yegye Yesu di, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi ka ho. Yakobo 2:26 ka sɛ: ‘Gyidi a nnwuma nnim awu.’

21, 22. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristo Wu Nkaedi no afe biara? (b) Dɛn na yebesua wɔ Ti 6 ne 7?

21 Kɔ Kristo Wu Nkaedi no bi. Anwummere a etwa to ansa na Yesu rewu no, ɔkae sɛ ɛyɛ a yɛnkae ne wu no. Enti afe biara yehyiam kae no. Bible frɛ saa nhyiam no “Awurade Anwummeduan.” (1 Korintofo 11:20; Mateo 26:26-28) Yesu pɛ sɛ yɛkae sɛ ɔde ne nipadua a bɔne biara nni ho no ayɛ agyede ama yɛn. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Kenkan Luka 22:19.) Wokɔ Nkaedi no a, ɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no ne ɔdɔ nwonwaso a Yehowa ne Yesu ada no adi akyerɛ yɛn no.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 16.

22 Anokwa, akyɛde biara nni hɔ a, ɛne agyede no sɛ. (2 Korintofo 9:14, 15) Nnipa mpempem pii a wɔawuwu mpo, akyɛde yi betumi aboa wɔn. Yedu Ti 6 ne 7 a, yebesua ho ade pii.