Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI NSON

Awufo Bɛsɔre!

Awufo Bɛsɔre!

1-3. Dɛn na ɛde yɛn nyinaa ayɛ nkoa, na dɛn na Yehowa bɛyɛ de agye yɛn?

FA NO sɛ obi atwa asɛm ato wo so ama wɔabu wo atɛn de wo ato afiase wo nkwa nna nyinaa. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wubenya wo ti adidi mu. Wunni anidaso biara. Woto w’ani hwɛ w’anim ne w’akyi a, ogyefo biara nni hɔ. Emu hɔ ara na wotee sɛ obi a ɔwɔ tumi aka sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔayi wo! Anka wobɛte nka sɛn?

2 Owu de yɛn nyinaa ayɛ nkoa. Baabiara nni hɔ a yɛbɛfa aguan. Nanso Yehowa wɔ tumi a ɔde begye yɛn afi owu nsam. Waka mpo sɛ: “Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”—1 Korintofo 15:26.

3 Wo deɛ hwɛ sɛ da koro wobɛda asɔre na owu nni hɔ bio, anka wobɛte nka sɛn? Nanso ɛnyɛ owu nko na Yehowa beyi afi hɔ. Wɔn a wɔawuwu nso, ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu. Wo deɛ susuw ho hwɛ o, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “awufo” a wɔadan dɔte no mpo, ɔbɛma wɔatena ase bio. (Yesaia 26:19) Wei na Bible frɛ no owusɔre no.

BERE A WO HO NIPA BI AWU

4. (a) Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo wu a, ɛhe na yebetumi anya awerɛkyekye? (b) Nnipa mmiɛnsa bɛn na na wɔyɛ Yesu nnamfo paa?

4 Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo paa wu a, yesu di yaw na ɛtɔ da a, yegye yɛn ho a ennye. Ɛba saa a, na yɛn ani atu aka yɛn nsam; yɛtwe yɛn mu sɛ dɛn mpo a, yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nanso Bible kyekye yɛn werɛ. (Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.) Asɛm bi a esii ma yehu sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa pɛ sɛ wonyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no; ɛyɛ biribi a ɛda wɔn koma so paa. Bere a Yesu wɔ asase so no, na ɔtaa kɔsra Lasaro ne ne nuanom; Marta ne Maria. Ná wɔn mmiɛnsa nyinaa yɛ Yesu nnamfo. Bible ka sɛ: “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.” Mpofirim na Lasaro wui.—Yohane 11:3-5.

5, 6. (a) Bere a Yesu hui sɛ Lasaro abusuafo ne ne nnamfo resu no, dɛn na ɔyɛe? (b) Yɛhwɛ sɛnea na Yesu te nka wɔ owu ho no a, awerɛkyekye bɛn na yenya?

5 Yesu kɔe sɛ ɔrekɔkyekye Marta ne Maria werɛ. Bere a Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no kurotia. Ná ɛyɛ no dɛ sɛ wahu Yesu, nanso ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Marta deɛ, na ɛyɛ no sɛ baabi a adu no Yesu ntumi nyɛ ho hwee. Yesu hui sɛ Marta nuabaa Maria resu, na ne werɛ howee ara ma ɔno nso sui. (Yohane 11:21, 33, 35) Ɔdɔfo wu yɛ yaw, ɛno nti na Yesu werɛ howee no.

6 Yɛhwɛ sɛnea Lasaro wu no maa Yesu dii awerɛhow no a, ɛma awerɛkyekye paa. Ɛkyerɛ yɛn sɛ Yesu te nka te sɛ yɛn ara. Yenim nso sɛ Yesu te sɛ n’Agya. (Yohane 14:9) Yehowa wɔ tumi a ɔde beyi owu afi hɔ koraa, na obeyi afi hɔ nnansa yi ara.

“LASARO, FI BRA!”

7, 8. Adɛn nti na na Marta mpɛ sɛ woyi ɔbo no fi Lasaro da no ano? Dɛn na Yesu yɛe?

7 Na wɔasie Lasaro wɔ ɔbodan bi mu, na bere a Yesu koduu hɔ no, na ɔbo tweri ano. Yesu kae sɛ: “Munyi ɔbo no.” Ná Marta mpɛ sɛ woyi, efisɛ na Lasaro amu no adi nnanan. (Yohane 11:39) Marta deɛ na onnim nea Yesu rebɛyɛ ama ne nua no.

Bere a Lasaro sɔre fii awufo mu no, anigye a n’abusuafo ne ne nnamfo nyae deɛ, ɛnyɛ asɛm ketewa!​—Yohane 11:38-44

8 Yesu teɛɛm frɛɛ Lasaro sɛ: “Lasaro, fi bra!” Marta ne Maria huu biribi a wonhuu bi da. “Ɔbarima a wawu no pue bae a wɔde ntama akyekyere ne nan ne ne nsa.” (Yohane 11:43, 44) Lasaro na wanyan yi! Afei de wabɛka n’abusuafo ne ne nnamfo ho bio. Ná wotumi so ne mu bam no, na wotumi ne no kasa. Anwonwasɛm! Yesu anyan Lasaro.

“ABEAWA, MISE WO SƐ, SƆRE!”

9, 10. (a) Tumi a Yesu de nyanee nkurɔfo no, onya fii he? (b) Adɛn nti na owusɔre ahorow a Bible aka ho asɛm no ho hia yɛn?

9 Yesu de n’ankasa tumi na enyanee awufo anaa? Dabi. Ansa na ɔrenyan Lasaro no, ɔbɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmma no tumi. (Kenkan Yohane 11:41, 42.) Ɛnyɛ Lasaro nko ara na Yesu nyanee no. Bible ka abeawa bi a wadi mfe 12 a na ɔyare paa ho asɛm. Ne papa de Yairo, na na wayɛ hahaaha; ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne ba no yare. Ná odi no bakoro. Bere a ɔne Yesu rekasa no, mmarima bi bɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Wo babea no awu! Dɛn nti na woda so rehaw ɔkyerɛkyerɛfo no?” Nanso Yesu ka kyerɛɛ Yairo sɛ: “Nsuro, wo de, nya gyidi na obenya nkwa.” Afei ɔne Yairo kɔɔ ne fi. Aka kakra ma wɔadu fie hɔ no, Yesu hui sɛ nkurɔfo resu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnyae su, onwui na mmom wada.” Ɛbɛyɛ sɛ na abeawa no maame ne ne papa nhu nea Yesu repɛ akyerɛ. Yesu pamoo nnipa no nyinaa fii hɔ na ɔfaa abofra no maame ne ne papa kɔɔ baabi a abofra no da no. Yesu soo abofra no nsa ka kyerɛɛ no sɛ: “Abeawa, sɔre!” Bere a awofo no hui sɛ wɔn ba no asɔre renantew no, anigye a wonyae deɛ ɛnyɛ asɛm ketewa! Yesu anyan wɔn babea no. (Marko 5:22-24, 35-42; Luka 8:49-56) Efi saa da no, bere biara a wobehu wɔn ba no, wɔbɛkae nea Yehowa nam Yesu so ayɛ ama wɔn no. *

10 Wɔn a Yesu nyanee wɔn no, akyiri yi wɔsan wui. Nanso yɛkenkan wɔn ho asɛm a, ɛma yenya anidaso. Ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan awufo, na ɔbɛyɛ nso.

NEA YESUA FI OWUSƆRE A BIBLE AKA HO ASƐM NO MU

Ɔsomafo Petro nyanee Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Dorka.​—Asomafo Nnwuma 9:36-42

Elia nyanee okunafo bi babarima.​—1 Ahemfo 17:17-24

11. Sɛnea Ɔsɛnkafo 9:5 kyerɛ no, Lasaro wui no na tebea bɛn mu na ɔwɔ?

11 Bible ma yehu pefee sɛ “awufo de, wonnim biribiara.” Lasaro wui no, na onnim nea ɛrekɔ so. (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛnea Yesu kae no, na Lasaro ayɛ sɛ obi a wada. (Yohane 11:11) Bere a Lasaro wɔ adamoa mu no, na ‘onnim biribiara.’

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Lasaro wusɔre no yɛ asɛm paa a esii?

12 Bere a Yesu nyanee Lasaro no, nkurɔfo pii hui. Yesu atamfo huu nea ɛkɔɔ so no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Ná Lasaro te ase, enti obiara hui sɛ wanyan no ampa. (Yohane 11:47) Nnipa pii kɔsraa Lasaro, na ɛma wogye dii sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu. Anyɛ Yesu atamfo dɛ, enti na wɔpɛ sɛ wokum Yesu ne Lasaro.—Yohane 11:53; 12:9-11.

13. Dɛn na ɛma yegye di sɛ Yehowa benyan awufo?

13 Yesu kae sɛ “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa” bɛsɔre. (Yohane 5:28) Nea asɛm yi kyerɛ ne sɛ obiara a Yehowa pɛ sɛ onyan no no, ɔbɛkae no de no aba nkwa mu bio. Nanso sɛ Yehowa betumi anyan obi a, ɛsɛ sɛ otumi kae ne ho nsɛm nyinaa. Enti obetumi akae? Nsoromma ɔpepem huhaa na ɛwɔ soro. Bible ka sɛ Yehowa nim ebiara din. (Kenkan Yesaia 40:26.) Sɛ Yehowa tumi kae nsoromma no nyinaa din a, ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a obenyan wɔn nyinaa, ɔbɛkae wɔn ho biribiara. Sɛ yɛde wei nyinaa to nkyɛn a, Yehowa na ɔbɔɔ biribiara, enti ɔwɔ tumi a ɔde benyan nnipa aba nkwa mu.

14, 15. Dɛn na asɛm a Hiob kae no ma yehu wɔ owusɔre ho?

14 Ná ɔtreneeni Hiob nso gye di sɛ awufo bɛsɔre. Obisae sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?” Afei ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” Ná Hiob nim paa sɛ Yehowa yam a anka bere aso ama wanyan awufo.—Hiob 14:13-15.

15 Nea woasua afa owusɔre ho no ka wo sɛn? Ebia worebisa wo ho sɛ, ‘Na m’abusuafo ne me nnamfo a wɔawuwu no nso ɛ? Yehowa benyan wɔn anaa?’ Yɛabehu sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan awufo, na ɛno nko ara mpo ma yɛn akomatɔyam. Afei wɔn a wobenya owusɔre no, ma yɛnhwɛ nea Bible ka fa wɔn ho ne baabi a wɔbɛtena.

WƆBƐTE “NE NNE NA WƆAFI ADI”

16. Wɔn a wobenyan aba asase so no, wɔn asetena bɛyɛ sɛn?

16 Tete no, wɔn a wonyanee wɔn no, asase yi ara so na wɔsan ne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom bɛtenae. Saa ara na owusɔre a ɛreba no nso bɛyɛ. Nanso ɛno de, ɛbɛyɛ papa asen tete deɛ no. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wobenyan wɔn no bɛtena asase so afebɔɔ; wɔrenwu bio. Sɛ wɔsan ba a, asetena a wobenya deɛ, ɛnyɛ ebi koraa na yɛte ho yi. Ɛhɔ deɛ, akokoakoko oo, nsɛmmɔnedi oo, yare oo, ebi nni hɔ.

17. Henanom na wobenya owusɔre?

17 Henanom na wobenya owusɔre? Yesu kae sɛ, “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Afei Adiyisɛm 20:13 ka sɛ: “Ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Adamoa yii emu awufo mae.” Enti nnipa mpempem pii benya owusɔre. Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: “Wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ” bɛsɔre afi awufo mu. (Kenkan Asomafo Nnwuma 24:15.) Dɛn na asɛm yi kyerɛ?

Awufo bɛsɔre na wɔasan ne wɔn adɔfo abom atena Paradise

18. Henanom ne “wɔn a wɔteɛ” a wobenya owusɔre no?

18 “Wɔn a wɔteɛ” no bi ne Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba asase so no. Wɔn mu bi ne Noa, Abraham, Sara, Mose, Rut ne Ester, na wobenya owusɔre abɛtena asase yi so. Saa mmarima ne mmea anokwafo yi, wubetumi akenkan wɔn mu bi ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11. Ɛnde, Yehowa asomfo anokwafo a nnɛ wɔrewuwu no nso ɛ? Wɔka “wɔn a wɔteɛ” no ho, na wobenya owusɔre.

19. Henanom ne “wɔn a wɔnteɛ” no? Hokwan bɛn na Yehowa de bɛma wɔn?

19 Bible ka “wɔn a wɔnteɛ” a wobenya owusɔre a, egyina hɔ ma nnipa mpempem pii a wɔanhu Yehowa na wowuwui. Ɛwom sɛ wɔawuwu deɛ, nanso Yehowa kae wɔn. Yehowa benyan wɔn na wɔanya kwan asua ne ho ade asom no.

20. Ɛnyɛ obiara na obenya owusɔre, adɛn ntia?

20 Enti wɔn a wɔawuwu no, wɔn nyinaa na wobenya owusɔre? Dabi. Yesu kaa sɛ nnipa bi rennya owusɔre. (Luka 12:5) Hena na ɔbɛkyerɛ sɛ obi benya owusɔre anaa onnya? Yehowa ne Ɔtemmufo no, enti sɛ obi benyan oo, ɔrennyan oo, ne nsam na ɛwɔ. Nanso wama Yesu tumi sɛ ɔnyɛ “ateasefo ne awufo temmufo.” (Asomafo Nnwuma 10:42) Sɛ obi ansesa na sɛ Yehowa anaa Yesu bu no atɛn sɛ ɔbɔnefo a, ɔrennya owusɔre.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 19.

WOBENYAN EBINOM AKƆ SORO

21, 22. (a) Wɔn a wɔbɛkɔ soro no, nipadua bɛn na wɔde bɛkɔ? (b) Hena na Yehowa dii kan nyanee no kɔɔ soro?

21 Bible san ka sɛ nnipa bi bɛkɔ soro. Wɔn a wɔbɛkɔ soro no, sɛ wonyan wɔn a, wɔrennya honam nipadua. Mmom wobenya honhom nipadua.

22 Yesu na odii kan nyaa saa owusɔre no. (Yohane 3:13) Bere a Yesu wui no, ne nnansa so na Yehowa nyanee no. (Dwom 16:10; Asomafo Nnwuma 13:34, 35) Ɛnyɛ honam nipadua na Yesu de nyanee. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “wokum no honam mu nanso wɔma ɔtenaa ase honhom mu.” (1 Petro 3:18) Onyankopɔn nyanee Yesu sɛ honhom a ɔwɔ tumi! (1 Korintofo 15:3-6) Bible ka sɛ ebinom nso benya saa owusɔre no bi.

23, 24. Henanom ne “nguankuw ketewa” a Yesu kaa wɔn ho asɛm no? Wɔn dodow yɛ sɛn?

23 Ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no sɛ: “Merekɔ akosiesie baabi ama mo.” (Yohane 14:2) Wei kyerɛ sɛ n’akyidifo bi benya owusɔre akɔka ne ho wɔ soro. Wɔn dodow yɛ sɛn? Yesu kaa sɛ wɔnnɔɔso; ɔfrɛɛ wɔn “nguankuw ketewa.” (Luka 12:32) Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ wɔn dodow. Ohuu Yesu sɛ ogyina “Sion Bepɔw so [ɔsoro], na mpem ɔha aduanan nnan” ka ne ho.—Adiyisɛm 14:1.

24 Bere bɛn na Kristofo a wɔn dodow si 144,000 no benya owusɔre? Bible ma yehu sɛ, sɛ Kristo bɛyɛ ɔhene wɔ soro a, saa bere no na wɔn wusɔre no befi ase. (1 Korintofo 15:23) Yɛrekasa yi, Kristo afi ase redi hene, na nnipa 144,000 no, wɔn mu dodow no ara anyan afi owu mu kɔ soro. Wɔn a wɔda so te nkwa mu seesei wɔ asase so no, wowui ara na wɔanyan wɔn kɔ soro. Nanso daakye nnipa dodow no ara benyan afi awufo mu abɛtena Paradise asase so.

25. Dɛn na yebesua wɔ ti a edi hɔ no mu?

25 Ɛrenkyɛ koraa Yehowa beyi owu afi hɔ, na obiara renwu bio! (Kenkan Yesaia 25:8.) Ɛnde, wɔn a wɔrekɔ soro no, dɛn na wɔrekɔyɛ wɔ hɔ? Bible ma yehu sɛ wɔne Yesu bɛyɛ ahemfo na wɔadi Ahenni bi so. Saa ahenni no, yebesua ho ade akɔ akyiri yi wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 9 Bible ka owusɔre afoforo ho asɛm. Wɔn a wonyanee no, na ebi yɛ mmofra, mpanyimfo, mmea ne mmarima, Israelfo ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo. Wubetumi akenkan ho asɛm wɔ 1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21; Mateo 28:5-7; Luka 7:11-17; 8:40-56; Asomafo Nnwuma 9:36-42; 20:7-12.