Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI NWƆTWE

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

1. Mpaebɔ a agye din bɛn na yebesusuw ho?

NNIPA pii nim Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro anaa Awurade Mpaebɔ no. Yesu de kyerɛɛ n’asuafo ɔkwan a wɔmfa so mmɔ mpae. Dɛn na ɛwɔ saa mpaebɔ no mu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma saa mpaebɔ no ho hia yɛn?

2. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na Yesu kaa sɛ ehia sɛ yɛbɔ ho mpae?

2 Yesu kae sɛ: “Mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew [anaa ɛnyɛ kronkron]. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.’” (Kenkan Mateo 6:9-13.) Adɛn nti na Yesu kaa sɛ yɛnsrɛ nneɛma mmiɛnsa yi?—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 20.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa Onyankopɔn Ahenni ho?

3 Yɛabehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Bio nso yɛahu nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne asase. Afei, Yesu kaa sɛ yɛrebɔ mpae a yɛnsrɛ sɛ: “W’ahenni mmra.” Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛn? Ma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te, nneɛma a ɛbɛyɛ, ne sɛnea ɛbɛma Onyankopɔn din ho atew.

DƐN NE ONYANKOPƆN AHENNI?

4. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Hena ne ɛso hene?

4 Yehowa ahyehyɛ aban bi wɔ soro, na wayi Yesu sɛ ɛso hene. Saa aban no na Bible frɛ no Onyankopɔn Ahenni. Yesu ne “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.” (1 Timoteo 6:15) Yesu betumi ayɛ nneɛma pa pii asen tumidifo biara, na sɛ yɛka wiase atumfoɔ nyinaa tumi bom mpo a, wɔn tumi no nnu Yesu de ho koraa.

5. Onyankopɔn nniso no, ɛhe na ɛwɔ? Na ebedi tumi wɔ he?

5 Yesu nyan fii awufo mu no, adaduanan so no ɔsan kɔɔ soro. Akyiri yi, Yehowa de no sii Ahenni no so. (Asomafo Nnwuma 2:33) Onyankopɔn nniso no wɔ soro, nanso ebedi asase yi so. (Adiyisɛm 11:15) Ɛno nti na Bible frɛ Onyankopɔn Ahenni no sɛ ‘ɔsoro ahenni.’—2 Timoteo 4:18.

6, 7. Dɛn na ɛma Yesu kyɛn ɔhene biara?

6 Bible ma yehu sɛ ɔhene biara ne Yesu nsɛ, efisɛ “ɔno nko ara [na ɔwɔ] nkwa a owu nnim.” (1 Timoteo 6:16) Ɔhene biara nni hɔ obetumi atena ase daa, nanso Yesu deɛ, ɔbɛtena hɔ daa; ɔrenwu da. Enti, nneɛma pa a ɔwɔ ma yɛn no, ɔbɛkɔ so ayɛ no daa.

7 Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ Yesu bɛyɛ ɔhene a obu atɛntrenee na ɔwɔ ayamhyehye. Ɛka sɛ: “Yehowa honhom besi no so, nyansa ne ntease honhom, afotu ne tumi honhom, nimdeɛ ne Yehowa suro honhom. Yehowa suro bɛyɛ no anika. Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn. Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn.” (Yesaia 11:2-4) Ɔhene a ɔte sei deɛ, hena na ɔmpɛ?

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ Yesu nko ara na obedi hene?

8 Onyankopɔn ayi nnipa bi a wɔne Yesu bɛbom adi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu. Wo deɛ, hwɛ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Timoteo. Ose: “Sɛ yɛkɔ so ara nya boasetɔ a, yɛne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a, ɔno nso bɛpo yɛn.” (2 Timoteo 2:12) Nnipa dodow sɛn na wɔne Yesu bedi hene?

9. Nnipa dodow sɛn na wɔne Yesu bedi hene? Bere bɛn na Onyankopɔn fii ase yii wɔn?

9 Sɛnea yehui wɔ Ti 7 no, ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi. Ohuu Ɔhene Yesu wɔ soro na na ahene 144,000 ka ne ho. Nnipa 144,000 no yɛ hefo? Yohane kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “wɔakyerɛkyerɛw [Yesu] din ne n’Agya din wɔn moma so.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ. Eyinom na wɔtɔɔ wɔn fii adesamma mu.” (Kenkan Adiyisɛm 14:1, 4.) Enti nnipa 144,000 no yɛ nokware Kristofo a Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnkɔka Yesu ho nni “asase so ahene.” Sɛ wɔn mu biara wu a, wonyan no kɔ soro. (Adiyisɛm 5:10) Ahemfo 144,000 no, asomafo no bere so na Yehowa fii ase yii wɔn fii nokware Kristofo mu.

10. Adɛn nti na eye paa sɛ Yehowa ayi Yesu ne nnipa 144,000 sɛ wonni adesamma so?

10 Yehowa dwen yɛn ho paa. Ɛno nti na wayɛ nhyehyɛe sɛ nnipa bi ne Yesu nkodi hene. Yesu bɛyɛ ɔhene pa efisɛ onim sɛnea yɛte, na onim nea nnipa refa mu. Ɔsomafo Paulo kae sɛ Yesu dwen yɛn ho, na ɔte “yɛn mmerɛwyɛ ase,” efisɛ “wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara.” (Hebrifo 4:15; 5:8) Nnipa 144,000 no nso nim adesamma haw. Bɔne ne yare a ɛreteetee yɛn no, wɔn nso fa mu bi. Wei ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu nyinaa, Yesu ne nnipa 144,000 no nim, na wɔbɛte yɛn ase.

DƐN NA ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ?

11. Adɛn nti na Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae na Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ soro?

11 Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae na Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ soro. Adɛn ntia? Yehui wɔ Ti 3 sɛ Satan Ɔbonsam sɔre tiaa Yehowa. Ɛno akyi no, Yehowa maa Satan ne abɔfo bɔne kwan maa wɔtenaa soro hɔ kakra. Enti saa bere no, ɛnyɛ abɔfo no nyinaa na na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ soro. Yedu Ti 10 a, yebehu Satan ne abɔfo bɔne no ho nsɛm pii.

12. Nsɛm mmienu a ehia bɛn na ɛwɔ Adiyisɛm 12:7-10?

12 Bible aka ato hɔ sɛ, sɛ Yesu bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni so hene pɛ a, ɔne Satan bedi ako. (Kenkan Adiyisɛm 12:7-10.) Sɛnea Adiyisɛm 12:10 kyerɛ no, nsɛm mmienu bi a ehia paa besisi. Ɛne sɛ, Yesu Kristo befi ase adi tumi sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na ɔbɛtow Satan afi soro akyene asase so. Yebehu sɛ nsɛm yi asisi dedaw.

13. Bere a wɔtow Satan fii soro no, dɛn na ɛbae?

13 Bible ka sɛ, sɛ wɔtow Satan ne abɔfo bɔne no fi soro a, abɔfo anokwafo no ani begye. Adiyisɛm 12:12 kenkan sɛ: “Mo ɔsoro ne mo a motete mu, momma mo ani nnye!” Seesei asomdwoe ne baakoyɛ wɔ soro, efisɛ, obiara a ɔwɔ hɔ reyɛ nea Onyankopɔn pɛ.

Efi bere a wɔtow Satan ne n’abɔfo bɔne fii soro no, asase so ha deɛ, amanehunu nko ara. Nanso ɛrenkyɛ, amanehunu yi nyinaa to betwa

14. Efi bere a wɔtow Satan fii soro baa asase so no, dɛn na ɛrekɔ so?

14 Nanso asase so de, ɛnte saa koraa. Nneɛma bɔne nko ara na adesamma refa mu, “efisɛ Ɔbonsam asian aba,” na “ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Satan bo afuw denneennen. Wɔapam no afi soro, na onim sɛ ɛnkyɛ ne sɛe bɛba. Enti nea ɛbɛma yɛahu amane, yɛadi yaw, na yɛateetee nko ara na Satan reyɛ no asase so.

15. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?

15 Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no nsesae. Ɔpɛ sɛ nnipa a bɔne biara nni wɔn ho tena asase so daa wɔ Paradise. (Dwom 37:29) Sɛ saa a, ɛnde dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ na asase adan Paradise?

16, 17. Dɛn na Daniel 2:44 ma yehu fa Onyankopɔn Ahenni ho?

16 Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 ka sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Dɛn na nkɔmhyɛ yi ma yehu fa Onyankopɔn Ahenni ho?

17 Nea edi kan, ɛma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni befi ase adi tumi “ahene no nna no mu.” Wei kyerɛ sɛ Ahenni no bɛba abɛto aban ahorow bi wɔ asase so. Nea ɛto so mmienu, ɛma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛtena hɔ daa, na aban biara nni hɔ a ebetumi atu no agu. Nea ɛto so mmiɛnsa, aban ahorow a ɛwɔ wiase ne Onyankopɔn Ahenni bedi ako. Nanso Onyankopɔn Ahenni bedi nkonim, na ɛno nko ara na ebedi asase nyinaa so. Ɛno akyi no, adesamma nyinaa benya aban papa a ɛso bi mmaa da.

18. Ɔko a etwa to a Onyankopɔn Ahenni ne wiase aban bɛko no de sɛn?

18 Dɛn na ɛbɛbɔ kwan ama Onyankopɔn Ahenni abedi asase yi so? Ansa na ɔko a etwa to a Bible frɛ no Harmagedon bɛpae agu no, abɔfo bɔne no bɛkɔ ‘asase nyinaa so ahene nkyɛn akɔboaboa wɔn ano ama ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.’ Wei kyerɛ sɛ aban ahorow a ɛwɔ wiase bɛsɔre atia Onyankopɔn Ahenni no.—Adiyisɛm 16:14, 16; hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 10.

19, 20. Adɛn nti na yehia Onyankopɔn Ahenni wɔ asase so?

19 Adɛn nti na yehia Onyankopɔn Ahenni? Anyɛ yiye koraa no, nneɛma mmiɛnsa yi ntia. Nea edi kan, yɛyɛ abɔnefo, enti yare ne owu te yɛn so. Nanso Bible ka sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, yɛbɛtena ase daa. Asɛm a Yohane 3:16 ka ni: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ ne mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”

20 Ade foforo a enti yehia Onyankopɔn Ahenni ne sɛ nnipa abɔnefo atwa yɛn ho ahyia. Nnipa pii di atoro, ebi yɛ asisifo na ebinom nso bra asɛe. Yɛn de yɛrentumi ntu wɔn ase, gye Onyankopɔn. Nnipa a wodi amumɔyɛsɛm no, Harmagedon ba a, ɛbɛsɛe wɔn nyinaa. (Kenkan Dwom 37:10.) Ade a ɛto so mmiɛnsa a enti yehia Onyankopɔn Ahenni ne sɛ yɛhwɛ nnipa aban a, wɔn mmara nyɛ adwuma, na atirimɔdensɛm ne kɛtɛasehyɛ adonnɔn wɔn. Wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛboa nnipa ama wɔayɛ osetie ama Onyankopɔn. Bible ka sɛ “onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.

21. Dɛn na Ahenni no bɛyɛ na ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so?

21 Harmagedon akyi no, Onyankopɔn Ahenni bɛhwɛ ama n’apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so. Ebeyi Satan ne n’abɔfo bɔne no afi hɔ. (Adiyisɛm 20:1-3) Ebedu baabi no, obiara renyare, na obiara nso renwu. Agyede no nti, wɔn a wobetie Onyankopɔn nyinaa bɛtena ase daa wɔ Paradise. (Adiyisɛm 22:1-3) Ahenni no bɛtew Onyankopɔn din ho. Dɛn na ɛno kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ Onyankopɔn aban fi ase di asase so a, nnipa nyinaa bɛhyɛ Yehowa din anuonyam.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 21.

BERE BƐN NA YESU BƐYƐƐ ƆHENE?

22. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔansi Yesu hene wɔ asase so? Ɔsan kɔɔ soro nso, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ hɔ ara na Onyankopɔn sii no hene?

22 Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra.” Wei kyerɛ sɛ, bere a Yesu wɔ asase so no, na Onyankopɔn aban no nnya mmae; akyiri yi na na Yehowa de besi hɔ de Yesu ayɛ so hene. Enti Yesu san kɔɔ soro ara pɛ na Yehowa sii no hene anaa? Dabi, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn kakra. Yesu wusɔre akyi no, Petro ne Paulo maa asɛm yi mu daa hɔ. Wɔfaa nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Dwom 110:1 no kyerɛɛ mu sɛ ɛfa Yesu ho. Yehowa kae wɔ nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso.” (Asomafo Nnwuma 2:32-35; Hebrifo 10:12, 13) Yesu san kɔɔ soro no, ɔtwɛn kosii bere bɛn ansa na Yehowa resi no hene?

Onyankopɔn Ahenni bɛhwɛ ama n’apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so

23. (a) Bere bɛn na Yesu fii ase dii Onyankopɔn aban no so hene? (b) Dɛn na yebesua wɔ ti a edi hɔ no mu?

23 Afe 1914 nnya mmae no, na nokware Kristofo bi ahu sɛ Bible nkɔmhyɛ bi bɛba mu saa afe no. Efi afe 1914 reba no, nsɛm a asisi di adanse sɛ nea wɔkae no yɛ nokware. Saa afe no na Yesu fii ase dii hene. (Dwom 110:2) Ofii ase sɛ ɔredi hene no, ankyɛ koraa na ɔtow Satan too asase so, na seesei, Satan “bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Ti a edi hɔ no bɛma yɛahu nneɛma pii a ɛkyerɛ sɛ Satan bere tiaa a aka no, ɛno ara mu na yɛwɔ yi. Yebehu nso sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn Ahenni bɛhwɛ ama n’apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 22.