Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DU

Nea Bible Ka Fa Abɔfo Ho

Nea Bible Ka Fa Abɔfo Ho

1. Adɛn nti na ehia sɛ yesua ɔsoro abɔfo ho ade?

YEHOWA wɔ abusua, na ɔpɛ sɛ wuhu n’abusua no yiye. Ɔsoro abɔfo ka n’abusua no ho. Bible frɛ wɔn “Onyankopɔn mma.” (Hiob 38:7) Abɔfo no adwuma ne sɛn? Dɛn na wɔyɛ maa nnipa wɔ tete mmere mu? Dɛn na wobetumi ayɛ aboa yɛn nnɛ?—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 8.

2. Ɛyɛɛ dɛn na abɔfo bae? Wɔn dodow yɛ sɛn?

2 Ɛsɛ sɛ yehu nea ɛyɛe a abɔfo bae. Kolosefo 1:16 bɔ yɛn amanneɛ sɛ bere a Yehowa bɔɔ Yesu wiei no, ɔnam no so “bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so” a abɔfo nso ka ho. Abɔfo no dodow yɛ sɛn? Bible ka sɛ wɔn dodow yɛ mpempem huhaa.—Dwom 103:20; Adiyisɛm 5:11.

3. Dɛn na Hiob 38:4-7 ma yehu fa abɔfo ho?

3 Bible san ma yehu sɛ Yehowa dii kan bɔɔ abɔfo ansa na ɔrebɔ asase. Bere a Onyankopɔn bɔɔ asase wiei a abɔfo no hui no, dɛn na wɔyɛe? Hiob nhoma no bɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔbɔɔ ose. Na wɔn nyinaa ayɛ baako resom Yehowa.—Hiob 38:4-7.

ABƆFO BOA ONYANKOPƆN NKURƆFO

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ abɔfo dwen nnipa ho?

4 Efi tete na abɔfo ani agye nnipa ho. Nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ma nnipa ne nea ɔbɛyɛ wɔ asase so no nso da wɔn koma so. (Mmebusɛm 8:30, 31; 1 Petro 1:11, 12) Enti bere a Adam ne Hawa sɔre tiaa Onyankopɔn no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ abɔfo no yaw paa. Ɛnnɛ mpo deɛ, wɔn awerɛhow no bɛkyɛn, efisɛ nnipa dodow no ara na wɔreyɛ Yehowa so asoɔden. Nanso sɛ ɔbɔnefo bi sesa n’akwan na ɔsan ba Onyankopɔn nkyɛn a, abɔfo no ani gye. (Luka 15:10) Sɛ obi som Onyankopɔn a, abɔfo no nsi no fam koraa. Yehowa nam abɔfo no so bɔ n’asomfo a wɔwɔ asase so no ho ban na ɔboa wɔn. (Hebrifo 1:7, 14) Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso.

“Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano.”​—Daniel 6:22

5. Dɛn na abɔfo yɛ boaa Onyankopɔn asomfo wɔ tete bere mu?

5 Ansa na Yehowa resɛe Sodom ne Gomora no, ɔsomaa abɔfo mmienu ma wokoyii Lot ne n’abusua fii hɔ. (Genesis 19:15, 16) Mfe pii akyi no, wɔtow odiyifo Daniel too gyata amoa mu, nanso hwee anyɛ no, efisɛ ‘Onyankopɔn somaa ne bɔfo ma okomuamuaa agyata no ano.’ (Daniel 6:22) Bere foforo nso, wɔde ɔsomafo Petro too afiase; ɛno nso Yehowa maa ɔbɔfo koyii no. (Asomafo Nnwuma 12:6-11) Saa ara na bere a Yesu wɔ asase so no, abɔfo boaa no. Bere a Yesu bɔɔ asu wiei pɛ, ‘abɔfo bɛsom no.’ (Marko 1:13) Afei nso, aka kakra ama wɔakum Yesu no, ɔbɔfo bi ‘bɛhyɛɛ no den.’—Luka 22:43.

6. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ abɔfo boa Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

6 Ɛnnɛ, nnipa ntumi nhu abɔfo. Nanso nnɛ nyinaa Onyankopɔn ma wɔboa n’asomfo. Bible ka sɛ: “Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra, na ogye wɔn.” (Dwom 34:7) Adɛn nti koraa na yehia ahobammɔ? Yehia ahobammɔ, efisɛ yɛwɔ atamfo bi a wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn. Wɔyɛ atamfo bɛn? Ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛyɛɛ yɛn atamfo? Adɛn nti na wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn? Sɛ yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, gye sɛ yehu nea esii bere a Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa no.

YƐWƆ ATAMFO A YƐMFA YƐN ANI NHU WƆN

7. Dɛn na Satan adaadaa nnipa ama wɔayɛ?

7 Yeduu Ti 3 no, yehui sɛ na ɔbɔfo bi pɛ sɛ odi tumi, enti ɔsɔre tiaa Onyankopɔn. Bible frɛ no Satan Ɔbonsam. (Adiyisɛm 12:9) Ná Satan pɛ sɛ abɔde afoforo nso sɔre tia Onyankopɔn. Enti ɔdaadaa Hawa, na efi saa bere no, watumi adaadaa nnipa bebree ama wɔasɔre atia Onyankopɔn. Nanso nnipa bi te sɛ Habel, Enok ne Noa deɛ, wotiee Yehowa.—Hebrifo 11:4, 5, 7.

8. (a) Ɛbaa no sɛn na ɔsoro abɔfo no bi bɛyɛɛ adaemone? (b) Nsuyiri no bae no, ɛyɛɛ dɛn na abɔfo bɔne no nyaa wɔn ti didii mu?

8 Noa bere so no, abɔfo bi sɔre tiaa Onyankopɔn, na wofii soro bɛtenaa asase so sɛ nnipa. Adɛn ntia? Bible ma yehu sɛ wɔbaa sɛ wɔrebɛwareware mmea. (Kenkan Genesis 6:2.) Nanso na ɛnyɛ ne kwan so sɛ abɔfo bɛyɛ saa. (Yuda 6) Ná nnipa pii bra asɛe na na wodi amumɔyɛsɛm te sɛ abɔfo bɔne no. Ɛno nti Yehowa de nsuyiri sɛee abɔnefo no fii asase so. Nanso n’asomfo a wotiee no no, ogyee wɔn nkwa. (Genesis 7:17, 23) Ɛbaa saa no, abɔfo bɔne no san kɔɔ soro, enti nsuyiri no anka wɔn. Bible frɛ saa abɔfo bɔne no adaemone. Wɔkɔkaa Satan Ɔbonsam ho, na ɔbɛyɛɛ wɔn panyin anaa sodifo.—Mateo 9:34.

9. (a) Bere a adaemone no san kɔɔ soro no, dɛn na ɛtoo wɔn? (b) Ade foforo bɛn na yɛrebesusuw ho?

9 Esiane sɛ abɔfo bɔne no sɔre tiaa Yehowa nti, wamma wɔn kwan amma wɔammɛka n’abusua no ho bio. (2 Petro 2:4) Adaemone no ntumi nnan wɔn ho nnipa te sɛ kan no, nanso wɔda so ara ‘redaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9; 1 Yohane 5:19) Ma yɛnhwɛ akwan a wɔfa so daadaa nnipa.—Kenkan 2 Korintofo 2:11.

SƐNEA ADAEMONE DAADAA NKURƆFO

10. Ɔkwan bɛn na adaemone fa so daadaa nkurɔfo?

10 Adaemone fa akwan pii so daadaa nkurɔfo. Nnipa bi fa akɔmfo anaa nnunsinfo so ne adaemone di nkitaho anaa wɔne wɔn kasa tee. Obi yɛ saa a, na ɔredi ahonhonsɛm. Nanso Bible ka sɛ yɛntwe yɛn ho koraa mfi biribiara a ɛfa ahonhonsɛmdi ho. (Galatifo 5:19-21) Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea ɔbɔmmɔfo sum afiri yi mmoa no, saa ara na adaemone nso de nneɛma bi daadaa nkurɔfo nya wɔn.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 26.

11. Dɛn ne abosonkɔm, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?

11 Ɔkwan baako a adaemone fa so daadaa nkurɔfo ne abosonkɔm. Nea abosonkɔm kyerɛ ne sɛ obi bɛfa tumi bi so anaa biribi so ahu nea ɛbɛba daakye. Ebinom hwɛ nsoromma mu, ebi nso hwɛ nnipa nsam, ebi hwɛ nkrataa anaa ahwehwɛ mu, na ebi nso kɔ abisa. Nkurɔfo susuw sɛ mfomso biara nni ho. Nanso ɛnte saa koraa, ɛnyɛ biribi a yebetumi de adi agorɔ. Bible kyerɛ sɛ akɔmfo ne adaemone na edi nsawɔso. Asomafo Nnwuma 16:16-18 ka abeawa bi ho asɛm sɛ na “ɔwɔ akɔm honhom,” na na “ɔka daakye nsɛm.” Ɔsomafo Paulo tuu adaemone no fii abeawa no mu, na wantumi anka daakye nsɛm bio.

12. (a) Adɛn nti na ɛyɛ hu sɛ wobɛfa kwan bi so ne awufo akasa? (b) Amanne biara a ahonhonsɛm bata ho no, Onyankopɔn asomfo twe wɔn ho fi ho. Adɛn ntia?

12 Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a adaemone fa so daadaa nkurɔfo. Wɔyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛagye adi sɛ obi wu a na onwui, na yebetumi ne no akasa, na ɔno nso betumi ne yɛn akasa anaa wadi yɛn bɔne. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔn biribi wu a, wɔkɔ ɔkɔmfo anaa obi a ose otumi ne awufo kasa nkyɛn. Ɔkɔmfo no ka biribi fa nea wawu no ho kyerɛ wɔn anaa mpo ɔkasa te sɛ nea wawu no. (1 Samuel 28:3-19) Afei nso, obi wu a, amanneɛ pii a nkurɔfo yɛ no, adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ nea wawu no da so te ase wɔ baabi. Amanneɛ yi bi ne nna a wodi, kunayɛ, apɛsi ne nneɛma foforo a wɔyɛ ma awufo. Ebi nso ne sɛ wosie nea wawu no wie a, na wɔasan abɛbɔ gua. Amanneɛ ahorow yi, sɛ Kristofo tew wɔn ho fi ho a, wɔn abusuafo anaa kuromafo tumi kasa tia wɔn, didi wɔn atɛm. Ɛtɔ da mpo a, wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn benya twaka biara. Nanso Kristofo deɛ, wonim sɛ obi wu a na wawu; onni baabiara. Yentumi ne awufo nni nkitaho, na wontumi nni yɛn bɔne. (Dwom 115:17) Hwɛ yiye na wo ne obi a wawu anaa adaemone anni nkitaho. Mfa wo ho nhyɛ adaemone amanne biara mu.—Kenkan Deuteronomium 18:10, 11; Yesaia 8:19.

13. Ebinom wɔ hɔ a kan na wosuro adaemone, nanso nnɛ ɛte sɛn?

13 Ade foforo a adaemone yɛ ne sɛ wohunahuna nkurɔfo. Satan ne n’adaemone nim sɛ “bere a aka” ama Onyankopɔn ayi wɔn afi asase so no “yɛ tiaa.” Enti wɔn ani so ayɛ krakra na nsɛmmɔne nko ara na wɔredi. (Adiyisɛm 12:12, 17) Ebinom wɔ hɔ a kan no na wosuro adaemone, nanso seesei wonsuro wɔn bio. Ɛbaa no sɛn?

KO TIA ADAEMONE NA DI WƆN SO

14. Sɛ obi ne adaemone di nkitaho a, dɛn na ɔbɛyɛ de atete ne ho sɛnea tete Kristofo no yɛe no?

14 Bible kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ako atia adaemone na yɛade yɛn ho. Ma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Bible ma yehu sɛ ansa na Efesofo bi rebɛyɛ Kristofo no, na wɔne adaemone di nkitaho. Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa wɔn ho tetewee? Bible ka sɛ: “Wɔn a wodi asumansɛm no pii de wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui.” (Asomafo Nnwuma 19:19) Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo nti, wɔhyew nhoma a wɔde yɛ asumansɛm no nyinaa. Ɛnnɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyɛ; sɛ ɔwɔ adaemone ho nneɛma bi a, ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne nyinaa. Saa nneɛma no bi ne nhoma ne nkrataa a ɛka nkrabea ho asɛm, video, nnwom, ne agodi ahorow a ahonhonsɛm wom. Ebi nso yɛ ahonhonsɛm ne nyankonne ho mfoni. Anhwɛ a obi bɛka sɛ mfomso biara nni ho na wɔde gyigye wɔn ani kɛkɛ. Bansere ne nsɛbɛ a nkurɔfo de bɔ wɔn ho ban nso ka ho.—1 Korintofo 10:21.

15. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi adi Satan ne n’adaemone so nkonim?

15 Bere a Efesofo no hyew nhoma a wɔde di asumansɛm no, mfe bi akyi na ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Efesofo asafo no. Ɔkae sɛ wɔne “ahonhommɔne dɔm” redi “asi” a ɛkyerɛ sɛ wɔne wɔn ntɔkwaw no mmaa awiei. (Efesofo 6:12) Ɛno ma yehu sɛ na wɔahyew wɔn nhoma no deɛ, nanso na adaemone no ani da so sa wɔn. Enti, dɛn bio na na ɛsɛ sɛ Efesofo no yɛ? Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa gyidi kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:16) Sɛnea kyɛm bɔ ɔsraani ho ban wɔ ɔko mu no, saa ara na yɛn gyidi betumi abɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmmɔ yɛn ho ban a, yebetumi adi Satan ne n’adaemone so nkonim.—Mateo 17:20.

16. Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no mu ayɛ den?

16 Gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den? Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible daa na yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa nsam ma ɔbɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛde yɛn werɛ nyinaa hyɛ Yehowa mu a, Satan ne n’adaemone ntumi nyɛ yɛn hwee.—1 Yohane 5:5.

17. Dɛn bio na ebetumi abɔ yɛn ho ban afi adaemone ho?

17 Dɛn bio na na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no yɛ? Kurow a wɔte mu no, na ahonhonsɛm nko ara. Enti Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɔ mpae bere biara.” (Efesofo 6:18) Ná ɛsɛ sɛ wɔsrɛ Yehowa ma ɔbɔ wɔn ho ban bere nyinaa. Yɛn nso ɛ? Ahonhonsɛm atwa yɛn ho ahyia. Enti ehia sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ ahobammɔ na yɛbɔ ne din wɔ yɛn mpaebɔ mu. (Kenkan Mmebusɛm 18:10.) Sɛ yɛkɔ so srɛ Yehowa sɛ onnye yɛn mfi Satan nsam a, Yehowa betie yɛn.—Dwom 145:19; Mateo 6:13.

18, 19. (a) Yɛbɛyɛ dɛn adi Satan ne n’adaemone so nkonim? (b) Asɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ ti a edi hɔ no mu?

18 Sɛ yɛsɛe biribiara a ɛne ahonhonsɛm wɔ twaka, na yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmmɔ yɛn ho ban a, yebetumi adi Satan ne n’adaemone so nkonim. Ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn. (Kenkan Yakobo 4:7, 8.) Tumi a Yehowa wɔ no, ɛnyɛ bi koraa na adaemone wɔ. Yehowa twee wɔn aso wɔ Noa bere so, na akyiri yi ɔbɛsɛe wɔn. (Yuda 6) Mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa nnyaa yɛn mu; ɔma n’abɔfo bɔ yɛn ho ban. (2 Ahemfo 6:15-17) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ama yɛadi Satan ne n’adaemone so nkonim.—1 Petro 5:6, 7; 2 Petro 2:9.

19 Yɛhwɛ sɛnea Satan ne n’adaemone reteetee nnipa no a, adɛn nti na Onyankopɔn nsɛee wɔn? Yebenya asɛm yi ho mmuae wɔ ti a edi hɔ no mu.