Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNUM

Sɛnea Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛsom No

Sɛnea Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛsom No

1. Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn kwampa a yɛmfa so nsom Onyankopɔn?

OBIARA se n’asɔre na ɛyɛ. Nanso ɛrentumi nyɛ yiye saa, efisɛ ɛsono nea obiara ka fa Onyankopɔn ho ne ɔkwan a wɔfa so som no. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛsom no? Yehowa nko ara na obetumi akyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so som no.

2. Wobɛyɛ dɛn ahu kwampa a Onyankopɔn pɛ sɛ wofa so som no?

2 Yehowa ama yɛn Bible na yɛatumi ahu kwampa a yɛbɛfa so asom no. Enti sua Bible no, na Yehowa bɛboa wo ma woanya ne nkyerɛkyerɛ so mfaso, efisɛ odwen wo ho paa.—Yesaia 48:17.

3. Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ?

3 Ebinom ka sɛ Onyankopɔn gye ɔsom nyinaa tom, nanso Yesu anka saa. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.” Enti ehia sɛ yehu Onyankopɔn apɛde na yɛyɛ. Wei nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde di agorɔ koraa, efisɛ obiara a ɔnyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, Yesu de no toto nsɛmmɔnedifo anaa obi a ɔyɛ “mmaratode” ho.—Mateo 7:21-23.

4. Dɛn na Yesu ka faa Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ho?

4 Yesu ma yehui sɛ yɛka sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, yebehyia ɔhaw pii. Ɔkae sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Ɔkwan hihiaa anaa kwampa a yɛfa so som Onyankopɔn no deɛ, ɛkɔ daa nkwa mu. Ɔkwan a ɛtrɛw anaa kwammɔne a wɔfa so som Onyankopɔn no deɛ, ɛkɔ owu mu. Nanso Yehowa mpɛ sɛ obiara bewu. Ɔpɛ sɛ obiara nya kwan sua ne ho ade.—2 Petro 3:9.

ƆKWAMPA A YƐBƐFA SO ASOM ONYANKOPƆN

5. Wobɛyɛ dɛn ahu wɔn a wɔsom Onyankopɔn kwampa so?

5 Yesu kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ yebetumi ahu wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ kwampa so. Sɛ yebehu wɔn a, gye sɛ yɛhwehwɛ wɔn gyidi ne nneɛma a wɔyɛ mu. Yesu kae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” Na ɔka too so sɛ: “Dua pa biara sow aba pa.” (Mateo 7:16, 17) Nanso wei nkyerɛ sɛ bɔne biara nni wɔn a wɔsom Onyankopɔn no ho. Mmom, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Afei, ma yɛnhwɛ nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu wɔn a wɔsom Onyankopɔn kwampa so.

6, 7. Adɛn nti na Onyankopɔn asomfo anokwafo de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Bible so? Dɛn na yesua fi nea Yesu yɛe no mu?

6 Wɔn a wɔsom Onyankopɔn kwampa so no de wɔn biribiara gyina Bible so. Bible ka sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.” (2 Timoteo 3:16, 17) Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: “Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.” (1 Tesalonikafo 2:13) Nokware asomfo de, wɔde wɔn som ne emu biribiara gyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so. Wɔmfa nnyina nnipa nsusuwii, amanne, anaa biribi foforo biara so.

7 Biribiara a Yesu kyerɛkyerɛe no, ɔde gyinaa Onyankopɔn Asɛm so. (Kenkan Yohane 17:17.) Na Yesu taa yi ne nsɛm fi Kyerɛwnsɛm no mu. (Mateo 4:4, 7, 10) Onyankopɔn asomfo anokwafo suasua Yesu; wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible so.

8. Dɛn na Yesu ama yɛahu afa Yehowa som ho?

8 Yehowa nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Dwom 83:18 ka sɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Na Yesu pɛ sɛ nnipa hu sɛnea nokware Nyankopɔn no te ankasa, enti ɔmaa nkurɔfo huu Onyankopɔn din. (Kenkan Yohane 17:6.) Yesu kae sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Mateo 4:10) Enti nea Yesu yɛe no, ɛno ara na Onyankopɔn asomfo nso yɛ. Yɛsom Yehowa nkutoo, na yɛde ne din yɛ adwuma. Yɛma nkurɔfo hu Onyankopɔn din ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye.

9, 10. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho?

9 Yɛda ɔdɔ kann adi kyerɛ yɛn yɔnko nnipa. Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho. (Kenkan Yohane 13:35.) Yɛnnhwɛ baabi a obi fi, sɛ́ ɔwɔ sika anaa oni bi, yɛdodɔ yɛn ho, na ɛma yɛde baakoyɛ tena ase sɛ anuanom. (Kolosefo 3:14) Wei nti yɛnkɔ ako na yɛakokum nnipa. Bible ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛma Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi pefee ni: Obiara a ɔnyɛ adetrenee no mfi Onyankopɔn mu, na saa ara na nea ɔnnɔ ne nua no nso mfi ne mu.” Ɛsan ka sɛ: “Yɛnnodɔ yɛn ho; ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔnefo no mu na okum ne nua no.”—1 Yohane 3:10-12; 4:20, 21.

10 Yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode boaboa yɛn ho, na obiara hyɛ ne yɔnko nkuran. (Hebrifo 10:24, 25) Yɛyɛ “nnipa nyinaa yiye.”—Galatifo 6:10.

11. Adɛn nti na yegye di sɛ Yesu na yɛnam ne so kɔ Onyankopɔn hɔ?

11 Ɛsɛ sɛ yetie Yesu efisɛ yɛnam ne so na ɛkɔ Onyankopɔn hɔ. Bible ka sɛ: “Nkwagye nni obi foforo biara mu, na edin foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.” (Asomafo Nnwuma 4:12) Yeduu nhoma yi Ti 5 no, yehui sɛ Yehowa somaa Yesu sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛyɛ agyede mma nnipa asoɔmmerɛwfo. (Mateo 20:28) Bio nso, Yehowa ayi Yesu sɛ onni asase so hene. Enti Bible ka sɛ yɛpɛ daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yetie Yesu.—Kenkan Yohane 3:36.

12. Adɛn nti na yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu?

12 Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu. Yesu anyɛ amanyɔsɛm. Bere a wɔredi n’asɛm no, ɔka kyerɛɛ Roma amrado Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Kenkan Yohane 18:36.) Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso yɛtaa Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ soro no akyi, enti baabiara a yɛwɔ biara yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Nanso Bible ka sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase mma “atumfoɔ a wɔkorɔn,” anaa aban mpanyimfo. (Romafo 13:1) Yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi ɔman a yɛte mu no mmara so. Nanso sɛ mmara bi tia Onyankopɔn mmara a, ɛnde yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ asomafo no. Wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29; Marko 12:17.

13. Dɛn na yɛkyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn Ahenni ho?

13 Yegye di sɛ wiase haw nyinaa ano aduru yɛ baako pɛ; ɛno ne Onyankopɔn Ahenni. Yesu kae sɛ wɔbɛka ‘ahenni no ho asɛmpa’ wɔ wiase nyinaa. (Kenkan Mateo 24:14.) Nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama yɛn no, aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ. (Dwom 146:3) Yesu akyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Onyankopɔn Ahenni ho mpae. Ose, yɛnsrɛ sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Bible aka ato hɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe nnipa aban nyinaa, na “ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

14. Wohwɛ a, henanom na wɔsom Onyankopɔn wɔ kwampa so?

14 Seesei a woasua wei nyinaa awie no, bisa wo ho sɛ: ‘Henanom na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Bible so? Henanom na wɔma nkurɔfo hu Onyankopɔn din? Ɛhefo na wɔda ɔdɔ kann adi kyerɛ wɔn ho, na wogye di sɛ Onyankopɔn somaa Yesu sɛ ommegye yɛn? Henanom na wɔnyɛ amanyɔsɛm? Ɛhefo na wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayi adesamma haw afi hɔ?’ Ɛyɛ Yehowa Adansefo.—Yesaia 43:10-12.

DƐN NA WOBƐYƐ?

15. Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn som tom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Sɛ wugye di kɛkɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ɛno ara nnɔɔso. Adaemone mpo gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wɔnyɛ n’apɛde. (Yakobo 2:19) Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn gye ɔsom a yɛde ma no no tom a, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ ɔwɔ hɔ, na nea ɔbɛka biara nso, yɛyɛ.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho?

16 Sɛ Onyankopɔn begye yɛn som atom a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho. Odiyifo Yesaia kae sɛ: “Mumfi ne mu, montew mo ho.” (Yesaia 52:11; 2 Korintofo 6:17) Wei nti na ehia sɛ yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ɛfa atoro som ho no ho.

17, 18. Yɛka “Babilon Kɛse” a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ntɛm twe wo ho fi ho?

17 Dɛn ne atoro som? Ɔsom biara a ne nkyerɛkyerɛ ne Bible nhyia no, ɛyɛ atoro som. Bible frɛ atoro som nyinaa sɛ “Babilon Kɛse.” (Adiyisɛm 17:5) Adɛn ntia? Noa Nsuyiri no akyi no, atoro nkyerɛkyerɛ bebree fi ase wɔ tete Babilon, na ɛhyeta kɔɔ asase so nyinaa. Na Babilonfo som anyame mmiɛnsa a wɔka bom yɛ baako. Ɛnnɛ nso, nsɔrensɔre pii kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro. Nanso Bible ma emu da hɔ pefee sɛ Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ, na Yesu yɛ ne Ba. (Yohane 17:3) Afei nso, na Babilonfo gye di sɛ onipa wu a, ɔkra bi wɔ ne mu a ɛno deɛ enwu, na wobetumi ayɛ no ayayade wɔ Hellgya mu. Saa asɛm yi nyɛ nokware.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 14, 17, ne 18.

18 Onyankopɔn aka sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔbɛsɛe atoro som nyinaa. (Adiyisɛm 18:8) Woahu nea enti a ɛsɛ sɛ woyɛ ntɛm fi atoro som mu? Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wotwe wo ho ntɛm ansa na woaka sɛ mihui a anka.—Adiyisɛm 18:4.

Sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo bom som no a, ɔde wo bɛka n’abusua kɛse a ɛwɔ wiase nyinaa no ho

19. Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa a, dɛn na Yehowa bɛyɛ de akyerɛ sɛ odwen wo ho?

19 Woyɛ w’adwene sɛ wubegyae atoro som na woasom Yehowa a, ebia wo nnamfo anaa w’abusuafo rente wo ase, na wobetumi atan w’ani mpo. Nanso Yehowa deɛ, obeso wo mu. Ɔde wo bɛka abusua kɛse bi a ɛwɔ wiase nyinaa ho. Emu nnipa dɔɔso na obiara yi ne yam dɔ ne nua. Afei nso, wubetumi ahwɛ kwan sɛ daakye wobɛtena ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Marko 10:28-30) Ebia wo nnamfo ne w’abusuafo a Yehowa som nti wɔretan w’ani no, daakye wɔbɛba abesua Bible.

20. Adɛn nti na ehia sɛ wosom Onyankopɔn wɔ kwampa so?

20 Ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn beyi amumɔyɛ nyinaa afi hɔ na n’Ahenni adi asase nyinaa so. (2 Petro 3:9, 13) Anigye a ɛbɛba deɛ, ɛsɛ w’ani! Obi biara bɛsom Yehowa sɛnea ɔno Yehowa pɛ. Enti ehia sɛ wosi gyinae nnɛ sɛ wobɛsom Onyankopɔn wɔ kwampa so.