Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNSIA

Som Onyankopɔn Yiye

Som Onyankopɔn Yiye

1, 2. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho? Adɛn nti na ɛyɛ asɛnhia?

NNEƐMA a woasua afi Bible mu no ama woabehu sɛ nnipa pii ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔn nkyerɛkyerɛ ne nea Bible ka nhyia, na wɔyɛ nneɛma bi a Onyankopɔn kyi. (2 Korintofo 6:17) Ɛno nti na Yehowa ahyɛ yɛn sɛ yemfi atoro som anaa “Babilon kɛse” no mu no. (Adiyisɛm 18:2, 4) Dɛn na wobɛyɛ? Asɛm a ɛda hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho ne sɛ: ‘Mepɛ sɛ mesom Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ, anaa nea minim dedaw no ara na mede bɛyɛ adwuma?’

2 Ebia woatwe wo ho afi atoro som ho anaa woatwa wo din mu afi w’asɔre mu. Sɛ saa a, ɛnde woayɛ adeɛ paa. Nanso sɛ wohwehwɛ wo mu a, ebia wubehu sɛ nneɛma bi a woda so yɛ no fi atoro som mu. Ma yɛnka bi ho asɛm na hwɛ sɛnea Yehowa bu no na woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ.

AHONI SOM NE AWUFO A WƆYƐ AMANNE MA WƆN

3. (a) Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobeyi ahoni afi ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn mu? (b) Ebinom de ahoni som Onyankopɔn. Dɛn na Bible ka fa ho?

3 Wokɔ ebinom fie a, wɔwɔ ahoni a wɔde som Onyankopɔn anaa baabi pɔtee wɔsom no. Ebia wɔayɛ saa mfe pii ni. Sɛ wowɔ biribi saa wɔ wo fie a, ebia wote nka sɛ enni hɔ a wurentumi nsom Onyankopɔn yiye, na wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wogyae. Nanso kae sɛ Yehowa akyerɛ yɛn sɛnea yɛnsom no. Bible ka no pefee sɛ Yehowa mpɛ sɛ yɛde ahoni som no.—Kenkan Exodus 20:4, 5; Dwom 115:4-8; Yesaia 42:8; 1 Yohane 5:21.

4. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi de pata abusuafo a wɔawuwu? (b) Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne awufo di nkitaho?

4 Ebinom tumi sɛe bere ne ahoɔden yɛ nneɛma pii de pata wɔn abusuafo a wɔawuwu. Wotumi mpo som awufo no. Nanso yɛabehu sɛ awufo ntumi mmoa yɛn na wontumi nyɛ yɛn bɔne. Wonni baabiara. Sɛ obi yɛ sɛ ɔne owufo bɛkasa a, ɛyɛ hu paa efisɛ ɛnyɛ ne busuani a wawu no na ɔne no kasa na mmom abɔfo bɔne. Ɛno nti Yehowa hyɛɛ Israelfo sɛ mma wɔne awufo nnni nkitaho anaa wonnni ahonhonsɛm.—Deuteronomium 18:10-12; hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 26 ne 31.

5. Sɛ wode ahoni som Onyankopɔn anaa wosom wo nananom a wɔawuwu a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woagyae?

5 Sɛ wode ahoni som Onyankopɔn anaa wosom wo nananom a wɔawuwu a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woagyae? Wokenkan Bible na wusua no yiye a, wubehu sɛ Yehowa bu saa nneɛma yi sɛ “akyide” anaa abofonode. (Deuteronomium 27:15) Bɔ Yehowa mpae daa na ɔbɛboa wo ama woahu sɛ saa nneɛma no yɛ akyide na woatumi asom no sɛnea ɔpɛ. (Yesaia 55:9) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ahyɛ wo den na woatwe wo ho afi atoro som mu biribiara ho.

ƐSƐ SƐ YEDI BURONYA ANAA?

6. Adɛn nti na wɔde Yesu awoda hyɛɛ December 25?

6 Wiase baabiara a wobɛfa no, ɛkame ayɛ sɛ nkurɔfo di Buronya. Nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ Yesu awoda. Nanso, atoro som mu na Buronya fi. Nhoma bi a agye din ka sɛ Roma abosonsomfo na na wodi awia awoda December 25. Wɔanwo Yesu December 25, nanso na asɔfo bi pɛ sɛ wɔtwe abosonsomfo pii ba Kristosom mu, enti wɔde Yesu awoda hyɛɛ saa da no na wɔde anya wɔn. (Luka 2:8-12) Yesu asuafo anni Buronya. Nhoma bi kyerɛ sɛ Yesu awo akyi mfe 200 no, “na obiara nnim bere pɔtee a wɔwoo no, na na ɛho nhyɛ da nhia obiara.” (Sacred Origins of Profound Things) Yesu wui no, mfe pii twaa mu ansa na nkurɔfo refi ase adi Buronya.

7. Adɛn nti na Kristofo anokwafo nni Buronya?

7 Buronya ne ɛho nneɛma bi te sɛ apontow ne Buronya ade a nkurɔfo kyekyɛ no, ne nyinaa fi abosonsom mu, na nnipa pii nim saa. England ne Amerika aman bi so sei, mmere bi wɔbarae sɛ mma obiara nnni Buronya, efisɛ efi abosonsom mu. Saa bere no, sɛ wɔkyere obi sɛ ɔredi Buronya a, wɔtwe n’aso. Nanso eduu baabi no, na nkurɔfo asan afi ase redi Buronya. Ɛnde adɛn nti na Kristofo anokwafo nni Buronya? Efisɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani wɔ biribiara mu.

ƐSƐ SƐ YEDI AWODA?

8, 9. Adɛn nti na tete Kristofo anni awoda?

8 Ade foforo a nkurɔfo nni ho agorɔ koraa ne awodadi. Ɛsɛ sɛ Kristofo di awoda anaa? Sɛ wohwɛ Bible mu a, wobehu sɛ nnipa a wodii wɔn awoda no, na wɔnsom Yehowa. (Genesis 40:20; Marko 6:21) Nkurɔfo dii awoda de hyɛɛ atoro anyame anuonyam. Ɛno nti, ná tete Kristofo no “bu awodadi sɛ abosonsom.”—The World Book Encyclopedia.

9 Ná tete Romafo ne Helafo wɔ gyidi bi sɛ wɔwo obi pɛ, na wanya sunsum bi a edi n’akyi, na saa sunsum no bɔ ne ho ban kosi sɛ obewu. Nhoma bi kyerɛ mu sɛ: “Nkurɔfo susuw sɛ, wɔwo obi na sɛ ɔne onyame bi awoda hyia a, onyame no nam sunsum no so boa onipa no.”—The Lore of Birthdays.

10. Adɛn nti na Kristofo nni awoda?

10 Sɛ afahyɛ bi fi atoro som mu a, wohwɛ a Yehowa ani begye ho? (Yesaia 65:11, 12) Dabi, n’ani rennye ho. Ne saa nti, yenni awoda anaa afahyɛ biara a efi atoro som mu.

ASƐM BƐN NA ƐWƆ HO?

11. Adɛn nti na ebinom di afahyɛ ahorow bi? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn kɛse?

11 Ebinom nim paa sɛ Buronya ne afahyɛ ahorow bi fi abosonsom mu, nanso wodi. Wɔfa no sɛ ɛyɛ biribi a ɛma wonya kwan ne wɔn abusuafo hyiam. Wo nso saa na wote nka? Sɛ wo ne w’abusuafo hyiam gye mo ani a, mfomso biara nnim. Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua, na ɔpɛ sɛ abusua biara ani gye. (Efesofo 3:14, 15) Sɛ yɛne yɛn abusuafo bom di afahyɛ bi a efi atoro som mu a, wɔn ani begye. Nanso nea ɛsɛ sɛ ehia yɛn kɛse ne sɛ yɛne Yehowa ntam bɛyɛ papa. Wei nti na ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ mu nhu nea ɛsɔ Awurade ani.”—Efesofo 5:10.

12. Afahyɛ bɛn saa na Yehowa ani nnye ho?

12 Nnipa pii wɔ hɔ a, baabi a afahyɛ bi fi mfa wɔn ho, nanso Yehowa deɛ ɛho hia no paa. Afahyɛ biara a ɛhyɛ nnipa anaa ɔman anuonyam, anaa efi atoro som mu no, Yehowa ani nnye ho. Egyptfo sei, na wɔwɔ afahyɛ bebree a wɔde kae wɔn anyame. Bere a Israelfo fii Egypt no, wɔfaa wɔn abosonsom afahyɛ no bi too din “Yehowa afahyɛ.” Nanso Yehowa ani annye ho, na ɔtwee wɔn aso. (Exodus 32:2-10) Odiyifo Yesaia kae sɛ, mma yɛmmfa yɛn “nsa nnka biribiara a ɛho ntew!”—Kenkan Yesaia 52:11.

NYA WƆN HO ABOTARE

13. Sɛ wugyae afahyɛ bi di a, nsɛm bɛn na ebetumi aba w’adwenem?

13 Sɛ wugyae afahyɛ bi di a, nsɛm pii betumi aba w’adwenem. Ebi ne sɛ: Sɛ m’adwumamfo bisa me sɛ adɛn nti na minnni Buronya bio a, asɛm bɛn na menka? Sɛ obi ma me Buronya ade nso ɛ? Sɛ me yere anaa me kunu pɛ sɛ yedi afahyɛ bi a, mɛyɛ no dɛn? Dɛn na mɛyɛ na me mma ante nka sɛ afahyɛ bi anaa awoda a wonni nti, wɔatɔ mu?

14, 15. Sɛ obi ma wo Buronya ade anaa ɔma wo afirihyia pa, anaasɛ ɔde nkyia bi saa gye wo a, dɛn na wobɛyɛ?

14 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yehu nea yɛbɛka ne nea yɛbɛyɛ wɔ tebea biara mu. Yɛmfa no sɛ obi ama wo afirihyia pa; nyɛ wo ho sɛnea woante. Wubetumi agye so sɛ, “Medaase.” Nanso sɛ obi pɛ sɛ ohu nea ntia wonni afahyɛ no a, wubetumi akyerɛkyerɛ no mu. Mmu no animtiaa; mmom nya ne ho abotare na wo ne no nkasa yiye. Bible ka sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) Ebia wubetumi aka akyerɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ mempɛ nnipa anaa akyɛde no na m’ani nsɔ, na mmom mempɛ sɛ mɛyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ meredi afahyɛ yi bi.

15 Obi kyɛ wo ade saa bere no a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Bible nhyɛɛ wei ho mmara denneennen biara. Nea ɛka ara ne sɛ yenkura ahonim pa mu. (1 Timoteo 1:18, 19) Ebia na nea ɔde akyɛde no rema wo no nnim sɛ wunni saa afahyɛ no. Ebi nso a ɔbɛka sɛ, “Minim sɛ wunni afahyɛ yi, nanso kyɛ ara na mepɛ sɛ mekyɛ wo ade.” Ɛba saa a, wo ara hwɛ na hu nea wobɛyɛ. Nanso gyinae biara a wubesi no, hwɛ na anhaw w’ahonim. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam.

WO NE W’ABUSUAFO

Wɔn a wɔsom Yehowa no ani gye

16. Sɛ w’abusuafo pɛ sɛ wɔdi afahyɛ bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

16 Sɛ w’abusuafo pɛ sɛ wɔdi afahyɛ bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn twe. Kae sɛ wɔde wɔn ho, enti wobetumi ayɛ nea wɔpɛ. Sɛnea woreyɛ ade a wompɛ sɛ obi siw wo kwan no, wo nso nsiw wɔn kwan. (Kenkan Mateo 7:12.) Sɛ w’abusuafo pɛ sɛ moyɛ nneɛma bi bom afahyɛ bere no nso a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ansa na wubetu anammɔn bi no, di kan bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo mma wunsi gyinae pa. Susuw asɛm no ho, na kenkan ho ade. Kae sɛ nea ehia wo paa ne sɛ wobɛyɛ Yehowa apɛde.

17. Wo mma hu sɛ wɔn mfɛfo redi afahyɛ bi a, dɛn na wubetumi ayɛ na wɔante nka sɛ wɔatɔ mu?

17 Wo mma hu sɛ wɔn mfɛfo redi afahyɛ bi a, dɛn na wubetumi ayɛ na wɔante nka sɛ wɔatɔ mu? Ɛwom ara a, mommom nnye mo ani. Wubetumi ama wɔn akyɛde bere a wɔn ani nna. Akyɛde biara nni hɔ a ɛsen sɛ wubenya adagyew ama wo mma na woama wɔahu sɛ wodɔ wɔn.

FA WO HO BƆ NOKWARE SOM

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam?

18 Sɛ Yehowa ani begye yɛn som ho a, ɛsɛ sɛ yefi atoro som mu na yɛtwe yɛn ho fi ɛho afahyɛ ne amanneɛ nyinaa ho. Ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ nokware som. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ade baako a ehia sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam daa. (Kenkan Hebrifo 10:24, 25.) Nhyiam a yɛbɛkɔ ka yɛn som ho, na ɛho hia paa. (Dwom 22:22; 122:1) Sɛ yehyia mu a, yɛhyɛ yɛn ho nkuran.—Romafo 1:12.

19. Nokwasɛm a woresua fi Bible mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo?

19 Sɛ wode wo ho bɔ nokware som a, adwuma a ɛka ho ne sɛ nea woasua afi Bible mu no, wobɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase no ama nnipa pii reteetee. (Hesekiel 9:4) Yɛreka yi, ebia wunim ebinom a wɔwɔ saa tebea no mu. Nneɛma pa a worehwɛ kwan daakye no, ka ho asɛm kyerɛ wɔn. Sɛ wokɔ Kristofo nhyiam daa na nokwasɛm a woresua fi Bible mu no nso woka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ebedu baabi no na atoro som ho biribiara nyɛ wo akɔnnɔ bio. Afei nso, sɛ wosom Yehowa kwampa so a, w’ani begye na obehyira wo pii.—Malaki 3:10.