Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNKRON

Bata Yehowa Ho

Bata Yehowa Ho

1, 2. Sɛ yɛrepɛ ahobammɔ nnɛ a, hefa na ɛsɛ sɛ yɛkɔ?

FA NO sɛ da bi na worekɔ baabi, na na nsu amuna. Ewim ayɛ tumm, anyinam afi ase repaapae, na aprannaa rebobom. Afei osu no fi ase sɛ ɛretɔ. Wototo w’ani sɛ wubenya baabi akɔhyɛ anaa. Sɛ wunya baabi kɔhyɛ a, hwɛ sɛnea w’ani begye afa!

2 Yɛwɔ tebea a ɛte saa ara mu nnɛ. Nneɛma sɛe ara na ɛresɛe wɔ wiase. Enti ebia wubebisa sɛ, ‘Hefa koraa na menya ahobammɔ?’ Odwontofo bi kae wɔ Bible mu sɛ: “Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: ‘Wone me guankɔbea ne m’abannennen, me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so.’” (Dwom 91:2) Eyi kyerɛ sɛ, Yehowa betumi agye yɛn afi yɛn haw ahorow mu nnɛ. Afei nso, ɔbɛma yɛanya asetena pa daakye.

3. Yɛbɛyɛ dɛn de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea?

3 Dɛn na Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban? Otumi boa yɛn ma yegyina ɔhaw biara a yɛrehyia ano. Obiara a ebia ɔpɛ sɛ ɔyɛ yɛn bɔne no, Yehowa wɔ tumi sen no. Sɛ biribi bɔne bi to yɛn nnɛ mpo a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ daakye Yehowa besiesie ama yɛn. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Yɛmfa yɛn ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.’ (Yuda 21) Sɛ yebenya Yehowa mmoa wɔ ahokyere bere mu a, gye sɛ yɛkɔ so bata ne ho. Nanso asɛm no ne sɛ, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

YƐ ONYANKOPƆN DƆ HO BIRIBI

4, 5. Nneɛma bɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

4 Sɛ yebetumi abata Yehowa ho paa a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea ɔdɔ yɛn no yiye. Wo deɛ susuw nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa ho hwɛ. Wama yɛn asase a ɛyɛ fɛ, na ɔde nnua ahorow ne mmoa a wɔn ho yɛ anika ahyɛ so ma. Afei nso, wama yɛn nnuan a ɛyɛ dɛ ne nsu a emu tew sɛ yɛnnom. Yehowa ama yɛahu ne din wɔ Bible mu, na wada ne suban a ɛyɛ fɛ no nso adi wɔ mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔsomaa ne Ba a ɔdɔ no, Yesu, baa asase so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Wei kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa. (Yohane 3:16) Yesu afɔrebɔ no nti, yɛhwɛ kwan sɛ daakye yebenya asetena pa.

5 Yehowa de Mesia Ahenni no asi hɔ. Ɛyɛ aban a ɛwɔ soro a ɛbɛba abeyi amanehunu nyinaa afi asase so nnansa yi ara. Ahenni no bɛma asase ayɛ paradise, na nnipa nyinaa bɛtena ase wɔ asomdwoe ne anigye mu afebɔɔ. (Dwom 37:29) Ade foforo a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn ne sɛ, ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra nnɛ. Afei nso, ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ no mpae, efisɛ wayɛ krado bere nyinaa sɛ obetie yɛn. Yehowa akyerɛ ampa ara sɛ ɔdɔ yɛn mu biara.

6. Dɛn na ehia sɛ woyɛ wɔ Yehowa dɔ ho?

6 Yehowa dɔ wo, enti dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wo nso wodɔ no? Yɛ biribi ma onhu sɛ w’ani sɔ nea wayɛ ama wo nyinaa. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnɛ nnipa bebree nni nkae. Saa na na nnipa bi te wɔ Yesu bere so. Bere bi Yesu saa akwatafo du yare, nanso baako pɛ na ɔsan bɛdaa Yesu ase. (Luka 17:12-17) Yɛpɛ sɛ yesuasua saa ɔbarima no na yɛkɔ so kyerɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn ho anisɔ.

7. Ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa kosi he?

7 Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa ne wɔn adwene nyinaa dɔ Yehowa. (Kenkan Mateo 22:37.) Dɛn na ɛno kyerɛ?

8, 9. Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa ahu sɛ yɛdɔ no?

8 Sɛ yɛka sɛ yɛdɔ Yehowa a, ɛno ara dɔɔso anaa? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra ne yɛn adwene nyinaa dɔ Yehowa. (Mateo 7:16-20) Bible ka no pefee sɛ, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yebetie n’ahyɛde. Ɛyɛ biribi a ɛboro yɛn so anaa? Dabi, efisɛ Yehowa “ahyɛde nyɛ den.”—Kenkan 1 Yohane 5:3.

9 Yetie Yehowa a, ɛma yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam. (Yesaia 48:17, 18) Nanso dɛn na ɛbɛboa ma yɛabata Yehowa ho? Ma yɛnhwɛ.

KƆ SO BATA YEHOWA HO

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so sua Yehowa ho ade?

10 Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa adamfo? Bible a woresua no na ama woahu Yehowa yiye. Ɛno na aboa wo ma woabɛyɛ Yehowa adamfo. Wo ne Yehowa adamfofa no te sɛ ogya, na ɛsɛ sɛ wohwɛ na annum. Ogya wɔ hɔ yi, sɛ ɛredɛw na wokɔ so de nnyina gu mu a, ɛrennum. Enti sɛ wokɔ so sua Yehowa ho ade a, ɛbɛma mo adamfofa no mu ayɛ den.—Mmebusɛm 2:1-5.

Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no te sɛ ogya, ɛsɛ sɛ wode nnyina gu mu na annum

11. Sɛ wokɔ so sua Bible a, ɛbɛka wo sɛn?

11 Bere a wugu so resua Bible no, wubehu nneɛma bi a ɛbɛka wo koma paa. Wo deɛ, hwɛ nea ɛtoo Yesu asuafo mmienu yi bere a Yesu rekyerɛkyerɛ Bible nkɔmhyɛ bi mu akyerɛ wɔn no. Wɔkae sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, ampusuw yɛn koma anaa?”—Luka 24:32.

12, 13. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu den? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano annwo?

12 Bere a Yesu asuafo no tee Kyerɛwnsɛm no ase no, epusuw wɔn koma. Ebia wo nso, bere a wufii ase sɛ worenya Bible nkyerɛkyerɛ mu ntease no, w’ani gyei paa. Ama woahu Yehowa yiye, na woadɔ no nso. Ɛkaa wo nko a, anka ɔdɔ yi ano nwo da.—Mateo 24:12.

13 Wunya bɛyɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛsɛ sɛ woyere wo ho ma adamfofa no mu yɛ den. Ɛsɛ sɛ wokɔ so sua Yehowa ne Yesu ho adeɛ, na wudwinnwen ho hwɛ sɛnea wubetumi de abɔ wo bra. (Yohane 17:3) Worekenkan Bible anaa woresua a, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na asɛm yi ka fa Yehowa Nyankopɔn ho? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me koma ne me kra nyinaa dɔ no?’—1 Timoteo 4:15.

14. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛ den?

14 Sɛ wowɔ adamfo bi a wunni ne ho agorɔ a, motaa bɔ nkɔmmɔ paa. Wei ma mo adamfofa no mu yɛ den. Saa ara na yɛne Yehowa adamfofa nso te. Sɛ yɛtaa bɔ Yehowa mpae a, ɛma yɛne n’adamfofa no mu yɛ den. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:17.) Mpaebɔ yɛ akyɛde a ɛsom bo paa a yɛn soro Agya no de adom yɛn. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yetumi ka yɛn komam asɛm kyerɛ no. (Dwom 62:8) Yɛrebɔ mpae a, ɛnsɛ sɛ yɛkeka nsɛm biara kɛkɛ. Na ɛnsɛ sɛ yɛkyere nsɛm bi gu yɛn tirim de bɔ mpae. Sɛ yɛkɔ so sua Bible na yefi yɛn komam bɔ mpae a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu ayɛ den.

KA YEHOWA HO ASƐM KYERƐ NKURƆFO

15, 16. Wubu asɛmpaka adwuma no sɛn?

15 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho a, ɛnneɛ ne mu gyidi a yɛwɔ no, ehia sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛyɛ hokwan kɛse paa. (Luka 1:74) Ɛyɛ adwuma a Yesu de ama nokware Kristofo nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Woafi ase dedaw anaa?—Mateo 24:14; 28:19, 20.

16 Ɔsomafo Paulo buu asɛmpaka adwuma no sɛ ɛsom bo paa; ɔfrɛɛ no “ademude.” (2 Korintofo 4:7) Adwuma a ɛho hia paa a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛka Yehowa ho asɛm ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma no akyerɛ nkurɔfo. Sɛ woyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ woresom Yehowa, na ne werɛ remfi da. (Hebrifo 6:10) Asɛmpaka adwuma no betumi aboa wo, na ɛbɛboa wɔn a wotie wo no nso. Efisɛ ɛbɛtwe mo nyinaa abɛn Yehowa, na mubenya daa nkwa. (Kenkan 1 Korintofo 15:58.) Wohwɛ a, adwuma bi wɔ hɔ a ebetumi ama woanya akomatɔyam asen wei?

17. Dɛn nti na asɛmpaka adwuma no ho hia saa?

17 Asɛmpaka adwuma no gye ntɛmpɛ. Ehia sɛ ‘yɛka asɛm no,’ na ɛsɛ sɛ yɛka no “denneennen.” (2 Timoteo 4:2) Ɛsɛ sɛ nkurɔfo te Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Bible ka sɛ: “Yehowa da kɛse no abɛn. Abɛn na ɛrepere pɛ ntɛm.” Awiei no ‘renka akyi.’ (Sefania 1:14; Habakuk 2:3) Yehowa bɛsɛe Satan wiase bɔne yi nnansa yi ara. Nanso ansa na ɛbɛba no, ehia sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ. Ebia wobetumi asi gyinae abɛsom Yehowa.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne nokware Kristofo bom som Yehowa?

18 Nea Yehowa rehwehwɛ ne sɛ yɛne nokware Kristofo bɛbom asom no. Bible ka sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ nhyiam biara, yɛbɛkɔ bi. Efisɛ nhyiam biara ase no, yenya kwan hyehyɛ yɛn ho nkuran na ɛma yɛn gyidi yɛ den.

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadɔ yɛn nuanom Kristofo?

19 Sɛ wokɔ Kristofo nhyiam a, wubenya nnamfo pa a wɔbɛboa wo ma woasom Yehowa. Wubehu anuanom mmarima ne mmea pii a wɔn nso rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Yehowa. Wɔyɛ nnipa te sɛ wo ara. Wɔnyɛ pɛ na wotumi di mfomso. Enti sɛ wɔn mu bi fom wo a, mfa nhyɛ wo mu. (Kenkan Kolosefo 3:13.) Fa w’adwene si wo nuanom Kristofo suban pa so bere nyinaa. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woadɔ wɔn, na woabata Yehowa ho denneennen.

NKWA ANKASA NO

20, 21. Dɛn ne “nkwa ankasa no”?

20 Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo nyinaa nya asetena a edi mũ. Yɛasua afi Bible mu sɛ daakye yɛn asetena bedi mũ koraa asen nea yehu no nnɛ yi.

Yehowa pɛ sɛ wo nsa ka “nkwa ankasa no.” Wopɛ anaa?

21 Bere bi reba a, yɛbɛtena ase afebɔɔ; yɛn nkwa nna renyɛ mfe 70 anaa 80 pɛ. Yebenya “daa nkwa” ne akwahosan pa, na yɛatena ase wɔ asomdwoe ne anigye mu wɔ Paradise. Ɛno na Bible frɛ no “nkwa ankasa no.” Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde nkwa ankasa yi bɛma yɛn, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ‘so mu denneennen.’—1 Timoteo 6:12, 19.

22. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi “aso nkwa ankasa no mu denneennen”? (b) Dɛn nti na yɛn mmɔdenbɔ rentumi mma yennya daa nkwa?

22 Yɛbɛyɛ dɛn atumi “aso nkwa ankasa no mu denneennen”? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ “papa” na yɛyɛ “adefo nnwuma pa mu.” (1 Timoteo 6:18) Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛresua afi Bible mu no yɛ adwuma. Nanso, nkwa ankasa a yebenya no nnyina yɛn mmɔdenbɔ so. Ɛyɛ akyɛde a Yehowa de ma n’asomfo a wodi no nokware, na ɛma yehu sɛnea “Onyankopɔn adom” te. (Romafo 5:15) Yɛn soro Agya no ani gye ho sɛ ɔde saa akyɛde yi bɛma n’asomfo a wodi no nokware.

23. Dɛn nti na ehia sɛ wusi gyinae pa nnɛ?

23 Afei bisa wo ho sɛ, ‘Ɔkwan a Onyankopɔn se yɛmfa so nsom no no, ɛno ara na menam so no?’ Sɛ wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae bi a, ntenatena ho koraa; yɛ no ntɛm. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so, na yɛyɛ nea yebetumi biara tie no a, ɔbɛyɛ yɛn guankɔbea. Ɔbɛbɔ wɔn a wodi no nokware no ho ban wɔ Satan wiase yi nna a edi akyiri no mu. Ne nyinaa akyi no, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛatena Paradise afebɔɔ. Nokwasɛm ni, sɛ wusi gyinae pa nnɛ a, wo nsa bɛka nkwa ankasa no!