Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 4

Midi Mfomso a Dɛn na Mɛyɛ?

Midi Mfomso a Dɛn na Mɛyɛ?

NEA ENTI A EHIA

Sɛ wotaa gye wo mfomso tom a, ɛma nkurɔfo gye wo di, na wobu wo.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Tim ne ne nnamfo redi agorɔ, ɛnna ɔbɔɔ bɔɔl maa no kɔbɔɔ obi kar ahwehwɛ.

Wone Tim a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

NNEƐMA MMIƐNSA A WUBETUMI AYƐ:

  1. Wubeguan.

  2. Wode bɛhyɛ obi.

  3. Wobɛka nea asi no akyerɛ kar wura no, na woaka sɛ wubetua ka.

Anhwɛ a wobɛyɛ nea edi kan no. Nanso sɛ wobɔ obi ahwehwɛ anaa wudi mfomso foforo bi a, ɛyɛ papa sɛ wubegye atom.

NNEƐMA MMIƐNSA NTI A ƐSƐ SƐ WUGYE WO MFOMSO TOM

  1. Ɛyɛ suban pa.

    Bible se: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”Hebrifo 13:18.

  2. Wugye wo mfomso tom a, nkurɔfo de wo mfomso befiri wo.

    Bible se: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”Mmebusɛm 28:13.

  3. Afei ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

    Bible se: “Yehowa kyi okontomponi, na teefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.”Mmebusɛm 3:32.

Karina adi mfe 20. Bere bi, ɔde kar tuu mmirikabɔne maa polisifo kyee no, nanso wammɔ ne papa amanneɛ. Sɛ ɛyɛɛ Karina sɛ obetumi de asɛm no asie a, na ɔredaadaa ne ho. Ɔno ara kae sɛ: “Afe akyi, me papa kohuu polisifo krataa a me din wɔ so. Nea esii deɛ ɛsɛ w’ani!”

Dɛn na osuae? Karina asɛm ne sɛ: “Woyɛ bɔne sie a, wo ara na ɛbɛsan abɛbɔ wo so. Woremfa wo ho nni da!”

NEA WUBETUMI ASUA AFI WO MFOMSO MU

Bible se: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yakobo 3:2) Sɛ wugye wo mfomso tom a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wowɔ ahobrɛase na w’adwenem abue. Enti wudi mfomso a gye tom ntɛm.

Afei sua biribi fi wo mfomso mu. Abaayewa bi a ne din de Vera kae sɛ: “Midi mfomso biara a, misua biribi fi mu. Sɛ daakye mihyia tebea a ɛte saa a, mihu sɛnea medi ho dwuma.” Yɛnhwɛ sɛnea wubetumi de asɛm yi ayɛ adwuma.

Woasrɛ wo papa sakre, ɛnna woakɔsɛe no. Dɛn na wobɛyɛ?

  • Ebia wobɛyɛ dinn asusuw sɛ wo papa renhu akyi.

  • Ebia wobɛka nea asi no akyerɛ wo papa.

  • Ebia wobɛka akyerɛ wo papa, nanso wode bɛhyɛ obi.

Wo nsɔhwɛ bae no, na woawe, efisɛ woanyere wo ho ansua adeɛ. Dɛn na wobɛyɛ?

  • Ebia wobɛka sɛ nsɔhwɛ no yɛ den dodo.

  • Wubegye atom sɛ wo ara na woansua adeɛ.

  • Anaa wobɛka sɛ tikya no mpɛ w’asɛm.

Wokɔ so ara dwen mfomso a woayɛ atwam ho a, ɛbɛyɛ sɛ obi reka kar na ɔrehwɛ biribi wɔ n’akyi

Yɛnsan nsusuw nhwɛso mmienu no ho bio. Fa no sɛ (1) wo na wo ba asɛe wo sakre (2) wone tikya no. Sɛ wo ba anaa abofra a wokyerɛ no ade gye ne mfomso tom a, adwene bɛn na wubenya wɔ ne ho? Ɛnde sɛ wokata wo mfomso so a, wo papa anaa wo tikya bebu wo sɛn?

Kaakae mfomso bi a wudii no afe a etwaam no na bua nsɛmmisa a edidi so yi.

Mfomso bɛn na wudii? Dɛn na woyɛɛ wɔ ho?

  • Mekataa so.

  • Mede hyɛɛ obi.

  • Mekaa nokware.

Wokataa asɛm no so? Ɛnde akyiri yi ɛkaa wo sɛn?

  • Huree—Me na mekɔ no!

  • Ɛhaw me—Anka ɛsɛ sɛ meka nokware.

Ɛnnɛ a, anka wobɛyɛ dɛn?

Dɛn na wusua fii mfomso no mu?

WUSUSUW HO SƐN?

Adɛn nti na ebinom yɛ bɔne a wɔnka?

Sɛ wokatakata wo mfomso so a, nkurɔfo bebu wo sɛn? Wudi mfomso na woka nokware a, ɛno nso nkurɔfo bebu wo sɛn?Luka 16:10.