Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 5

Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?

Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?

NEA ENTI A EHIA

Sɛ obi reteetee wo a, nea wobɛyɛ wɔ ho betumi adwudwo tebea no ano anaa ɛbɛsɛe no koraa.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Thomas mpɛ sɛ ɔkɔ sukuu nnɛ anaa ɔkyena; ɔse ɔnkɔ bio koraa. Asɛm no nyinaa ne sɛ, bosome mmiɛnsa ni na ne sukuufo fii ase kekaa ne ho nsɛm sɛee ne din. Edin a wɔtotoo no deɛ, kɛntɛn ma. Ɛtɔ da a na obi ahyɛ da akɔpem no ama nhoma a ekura no nyinaa afiri agu. Owie a na wayɛ sɛ nea gyama wanhyɛ da na ɔyɛe. Ɛtɔ da nso a obi tumi sum no; afei ɔdan ne ho a na obiara ayɛ sɛ nea hwee nsii. Nnɛra mpo deɛ, Thomas huu sɛ nneɛma reyɛ agye nsam. Ne sukuufo de biribi faa Intanɛt so behunahunaa no.

Wone Thomas a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Ɛnsɛ sɛ w’aba mu bu koraa! Asɛm no ne sɛ wubetumi adi osisifo so nkonim a wontow twɛre. Wobɛyɛ no sɛn?

  • HYƐ WO HO SO. Bible se: “Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo dwudwo ne de kosi ase.” (Mmebusɛm 29:11) Sɛ obi regyigye wo na wutumi hyɛ wo ho so a, n’ani bewu.

  • NYƐ BI NTUA KA. Bible se: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” (Romafo 12:17) Woyɛ bi tua ka a, na woasɛe asɛm no koraa.

  • MA W’ANI NNA HƆ. Bible se: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.” (Mmebusɛm 22:3) Obi reteetee wo a, twe wo ho. Ɛbɛyɛ yiye a, nkɔfa baabi a ɔwɔ koraa.

  • MA NO MMUAE BƆKƆƆ. Bible se: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa.” (Mmebusɛm 15:1) Ɛtɔ da a, wubetumi de bi koraa ayɛ serew. Fa no sɛ, obi redi wo ho fɛw sɛ woso dodo. Wubetumi aka sɛ: “Ɛno deɛ wommoa oo; ɛsɛ sɛ metew m’aduan so kakra.”

  • FI HƆ KƆ. Nora adi mfe 19, na ɔkae sɛ: “Sɛ obi gyigye wo na wufi hɔ komm a, ɛkyerɛ sɛ w’adwenem abue na wusi pi. Ɛkyerɛ nso sɛ wowɔ ahoɔden a wode hyɛ wo ho so. Wei yɛ biribi a ogyigyefo no nni.”2 Timoteo 2:24.

  • NYA AKOKODURU. Womoamoa wo ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ obiara bedwoodwoo wo. Nanso sɛ wohu sɛ wontumi mmu mfa wo so a, wɔde wɔn asɛm bɛkɔ.

  • KA HO ASƐM KYERƐ OBI. Tikyani bi kae sɛ: “Sɛ obi sisi wo a, mfa nhyɛ wo ho; ka ho asɛm. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne no. Anyɛ hwee koraa no, ɛbɛbɔ afoforo ho ban.”

Sɛ obi reteetee wo na woammɔ hu a, ɛkyerɛ sɛ wo ho yɛ den sen no