Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 6

Me Mfɛfo Repiapia Me Akɔ Bɔne Mu a Dɛn na Mɛyɛ?

Me Mfɛfo Repiapia Me Akɔ Bɔne Mu a Dɛn na Mɛyɛ?

NEA ENTI A EHIA

Sɛ wo mfɛfo pɛ sɛ woyɛ bɔne bi na woamma wɔn kwan a, ɛkyerɛ sɛ wusi pi.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Bere a Brian huu sɛ ne sukuufo mmienu reba ara pɛ, ne yam de no hyew! Nnawɔtwe yi ara wɔasɔ no ahwɛ mprenu sɛ ɔnnom sigaret. Wɔpɛ sɛ wɔsan sɔ no hwɛ.

Abarimaa a odi kan no kae sɛ:

“Ɛnnɛ nso bio; woamoamoa wo ho gyina hɔ. Hwɛ, mepɛ sɛ wosɔ adeɛ bi hwɛ.”

Ɔkaa “adeɛ bi” no, ɔde n’ani to hwɛɛ Brian, na oyii biribi fii ne bɔtɔ mu kyerɛɛ no.

Brian hui sɛ sigaret kura abarimaa no. Afei deɛ na ehu aka no.

Brian ka kyerɛ no sɛ: “Wei deɛ mesrɛ wo; maka akyerɛ wo sɛ me . . .”

Abarimaa a ɔka ho no twaa n’ano, na ɔkae sɛ: “Minnim sɛ woyɛ ohufo saa!”

Brian de akokoduru kae sɛ: “Menyɛ ohufo wae!”

Abarimaa no de ne nsa too Brian kɔn mu, na ɔka guu n’asom sɛ: “Wei nyɛ biribiara; wo deɛ gye.”

Abarimaa a odi kan no de sigaret no bɛn Brian ano, na ɔkaa no brɛoo sɛ: “Yɛnka nkyerɛ obiara. Obiara renhu da.”

Wone Brian a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Wohwɛ a, Brian mfɛfo yi fitii prɛko pɛ na wosuaa sigaretnom? Ɛyɛ wɔn ara na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛnom anaa? Dabi. Wobɛhwɛ mu no na afoforo na adaadaa wɔn ama wɔreyɛ biribi a ɛte saa. Wɔpɛ sɛ afoforo gye wɔn tom, enti nea wɔbɛka biara na wodi so.

Biribi saa to wo a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ woyɛ soronko na obiara ntumi mpiapia wo mma wonyɛ bɔne?

  1. HU ASIANE A ƐREBA

    Bible se: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.”Mmebusɛm 22:3.

    Ɛtɔ da a, wo ara wutumi hu sɛ asiane nam kwan so reba. Nhwɛso ni: Fa no sɛ wonam kwan so na wuhui sɛ wo sukuufo bi gyina baabi renom sigaret. Sɛ wuhu asiane a ɛreba a, wubehu nea wobɛyɛ wɔ ho.

  2. SUSUW HO

    Bible se: ‘Kura ahonim pa mu.’1 Petro 3:16.

    Bisa wo ho sɛ, ‘Mede me ho kɔbɔ nkurɔfo yi a, ɛbɛka me sɛn?’ Ampa, sɛ wo ne wo mfɛfo di hwebom a, mfiase no wɔbɛpɛ w’asɛm. Nanso akyiri yi wudwen ho a, ɛbɛka wo sɛn? Wubedi wo sukuufo akyi akɔyɛ biribi a wunim sɛ enye?Exodus 23:2.

  3. HU NEA WOBƐYƐ

    Bible se: “Onyansafo suro ne ho.”Mmebusɛm 14:16.

    Yɛpɛ oo, yɛmpɛ oo, edu baabi a ɛsɛ sɛ yɛn ara yɛpaw nea yɛbɛyɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ nea ebefi mu aba biara da yɛn so. Bible ka sɛ Yosef, Hiob, ne Yesu sii gyinae pa. Nanso nnipa bi te sɛ Kain, Esau, ne Yuda ansi gyinae pa. Wo nso ɛ, ɛdɛn na wobɛyɛ?

Bible se: “Di nokware.” (Dwom 37:3) Sɛ obi gyigye wo sɛ yɛ biribi na wunim nea ebefi mu aba a, ɛbɛboa ma woahu nea wobɛyɛ. Afei wuhu nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, ɛrenyɛ den mma wo sɛ wubebue w’ano akasa. Wubehu sɛ mfaso wɔ so paa.

Ɛho nhia sɛ wudwennwen sɛ, ‘Ei, ɛdɛn na mɛka?’ Kae sɛ wei nyɛ kasatenten biara. Ɛtɔ da a ɛno ara ne sɛ wobɛka sɛ DABI. Anaa wubetumi aka sɛ:

  • “Menyɛ da!”

  • “M’ani nnye ho koraa!”

  • “Munim dedaw sɛ merenyɛ biribi a ɛte saa!”

Nea ehia ara ne sɛ wubesi pi na woaka nea wobɛka ntɛm. Woyɛ saa a, w’ani bɛba wo ho so no, na wo sukuufo no de wɔn aniwu kɔ.

NKURƆFO DI WO HO FƐW A WOBƐYƐ DƐN?

Sɛ wudi wo mfɛfo akyi a, na woayɛ sɛ robɔt; baabi a wobekyim wo afa biara na wudi so

Wo mfɛfo di wo ho fɛw a, wobɛyɛ dɛn? Ebia wɔbɛka sɛ, “Wusuro adeɛ dodo, adɛn?” Wɔka saa a, hu sɛ wɔpɛ sɛ wɔdaadaa wo na wudi wɔn akyi. Ɛnde, dɛn na wobɛka? Nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ.

  • Wubetumi agye atom aka sɛ, “Mommoa, nea moreyɛ no abɔ me hu.” Afei ma wonhu nea enti a woreka saa tiawa.

  • Wubetumi de asɛm no apem wɔn. Ma wonhu nea enti a w’ani nnye ho, na ka sɛ, “Ei, mo nso monom sigaret? Wei deɛ mamfa ansusuw mo da!”

Sɛ wɔkɔ so di wo ho fɛw a, fi hɔ kɔ! Kae sɛ, sɛ wugyina hɔ kyɛ a, wɔbɛkɔ so ahaw wo saa ara, na wunnim nea ebetumi aba. Sɛ wufi hɔ kɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ wonyɛ obi a afoforo betumi ahyɛ wo ma woayɛ nea wɔpɛ.

Nokwasɛm ne sɛ, wuntumi nkwati wo mfɛfo koraa, na saa ara na wuntumi nkwati nea wɔbɛyɛ. Nanso wo ara na wobɛkyerɛ nea wopɛ sɛ woyɛ. Ma wonhu gyinae a woasi. Wei bɛkyerɛ sɛ wonni tumi wɔ wo so. Asɛm no nyinaa gyina wo so; wo na wobɛkyerɛ nea wobɛyɛ!Yosua 24:15.