Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 8

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mihu Fa Mmonnaato Ho?

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mihu Fa Mmonnaato Ho?

NEA ENTI A EHIA

Afe biara wɔto nnipa mpempem mmonnaa anaa wɔyɛ wɔn basabasa. Mmofra ne mmabun na wɔtaa yɛ wɔn saa.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Ná Annette ani nna ne ho so. Ohui ara ne sɛ obi ato ahyɛ ne so aka no atim fam. Ɔkae sɛ, “Meyɛɛ sɛ mɛteɛm, nanso meteɛm koraa a, ɛmma. Merepia no no, na merebɔ no, na meretiti no. Nso ne nyinaa ankosi hwee. Nea metee ara ne sɛ ɔde sekan awɔ me. Afei na meda hɔ kagyaa.”

Wo na biribi saa too wo a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Ebia wohwɛ wo ho yiye paa. Sɛ worepue anadwo a, woyɛ nea wubetumi biara de bɔ wo ho ban. Nanso bɔne betumi ato wo bere biara. Bible ka sɛ, ‘Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.’—Ɔsɛnkafo 9:11.

Nea ɛtoo Annette no to mmabun pii; nkurɔfo a wonnim wɔn na ɛto wɔn mmonnaa. Nanso ebinom deɛ, amannifo anaa abusuafo mpo na ɛto wɔn mmonnaa. Yɛhwɛ Natalie sei a, odii mfe du na aberante bi too no mmonnaa. Ná aberante no te wɔn mpɔtam hɔ ara. Natalie kae sɛ, “Ná mayɛ basaa. Aniwu ne ehu kyekyeree me. Enti mfiase no, mammɔ obiara amanneɛ.”

ASƐM NO MFI WO

Da biara a Annette bɛkae nea esii no, na wabubu. Ɛyɛ no sɛ nea ɛbae nyinaa fi no. Ɔkae sɛ: “Ɛwɔ hɔ ara na abesi me tirim. Midwen ho a, ɛyɛ me sɛ migogow me ho dodow. Asɛm no ara ne sɛ, onya de sekan no wɔɔ me ara na ehu tɔɔ me so. Mantumi anyɛ hwee bio, nanso ebia anka ɛsɛ sɛ mekentene me ho kakra.”

Natalie nso susuw sɛ nea esii nyinaa fi no. Ɔkae sɛ: “Migyee aberante no dii dodo. Na m’awofo aka no denneennen sɛ mekɔ abɔnten kodi agorɔ a, menhwɛ sɛ me nuabea nso wɔ hɔ bi. Nanso mantie. Enti ɛyɛ me sɛ me ara m’asoɔden na ɛkɔfaa ne nyinaa bae. Asɛm no haw m’abusuafo paa, na wei besi me tirim a na mereyɛ awu. Ɛnyɛ me a anka wei nyinaa amma.”

Annette ne Natalie asɛm yi ne wo deɛ hyia a, ɛnde kae sɛ obi to wo mmonnaa a, ɛnkyerɛ sɛ wo na womaa kwan. Mmonnaato yɛ aniberesɛm paa, nanso nsɛm a ebinom ka ma no yɛ sɛ gyama ɛnyɛ biribiara. Wɔka sɛ: “Mmarimaa deɛ saa ara; wugyaagyae wo ho a, wɔremfa nkyɛ wo.” Nanso hena na ɔbɛka sɛ ɔno deɛ ɔpɛ sɛ obi to no mmonnaa? Enti sɛ obi ato wo mmonnaa pɛn a, mmu wo ho fɔ, efisɛ asɛm no mfi wo.

Yɛka sɛ “asɛm no mfi wo” a, ebia ɛnyɛ den sɛ wobɛte ase, nanso wubegye atom anaa? Ebinom mpɛ sɛ wɔbɔ asɛm no so koraa. Adeɛ yi wosusuw sɛ wɔn ara na akɔfa aba. Enti daa na wosu gu wɔn yam. Nanso, wo deɛ hwɛ oo: Wumua w’ano a, hena paa na woreyɛ no? Nea ɔtoo wo mmonnaa no, anaa wo a yɛato wo mmonnaa no? Wo ara wo yiye mu nti ehia sɛ wudwen asɛm no ho bio.

MFA NHYƐ WO MU

Bible ka sɛ ɔtreneeni Hiob rehu amane no, ɔkae sɛ: “Mɛkasa me kra awerɛhow mu!” (Hiob 10:1) Wo nso ɛ? Wunnye nni sɛ woka ho asɛm a ɛbɛboa? Woka kyerɛ obi a wopɛ n’asɛm a, wubehu nneɛma ani so yiye na woahu nea wobɛyɛ wɔ ho. Wei betumi ayi adesoa ne adwennwen afi wo so.

Annette hui sɛ asɛm yi yɛ nokware. Wo deɛ tie n’anom asɛm: “Meka kyerɛɛ m’adamfo bi, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menka nkyerɛ m’asafo mu mpanyimfo no bi. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ meyɛɛ saa. Wɔne me bɔɔ nkɔmmɔ mpɛn pii hyɛɛ me den. Wɔkasa maa no tɔɔ me koma so paa. Wɔmaa mihui sɛ nea esii no mfi me. Emu biara nni hɔ a efi me.”

Ebia asɛm no ahyɛ wo so dodo. Ɛnde, adɛn na wonka nkyerɛ obi mma no mmoa wo?

Natalie kaa nea esii no kyerɛɛ n’awofo. Tie n’anom asɛm: “M’awofo twaa me koma too me yam, na ɛmaa mitumi kasae. Nea m’awofo yɛe yi boaa me paa; amma m’anni yaw kɛse.”

Adeɛ baako a ɛboaa Natalie nso ne mpaebɔ. Ɔkae sɛ: “Edu baabi na ɛyɛ den sɛ me ne obi besusuw ho a, na aka me ne me Nyankopɔn. Mebɔ mpae a, mitumi hwie me komam nsɛm nyinaa gu n’anim. Wei ma me ho dwo me sei fɔmm.”

Wo nso ɛ? Biribi saa ato wo pɛn a, kae sɛ ‘ayaresa wɔ ne bere.’ (Ɔsɛnkafo 3:3) Enti hwɛ wo ho so yiye. Ɛyɛ a nya bere home. Afei kae sɛ Yehowa ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, enti fa wo ho to no so.—2 Korintofo 1:3, 4.

SƐ W’ASO AWARE A

Sɛ woyɛ abaayewa na obi pɛ sɛ ɔhyɛ wo ma wubu bra bɔne a, nsuro sɛ wobɛka no pen sɛ, “Gyae nea woreyɛ no!” anaa “Yi wo nsa, gyae me mu!” Nka sɛ mo adamfofa no bɛsɛe nti wubemua w’ano. Sɛ wei nti ɔne wo twa mu a, mma no nhaw wo. Ɔnyɛ ɔbarima a ɔfata wo! Wuhia ɔbarima a obu ne ho, ɔbarima a obedi wo ni.

YƐ SƆHWƐ YI

“Bere a yɛwɔ sukuu no, ɛwɔ hɔ a na mmarimaa bi abegyina m’akyi atwe me brassiere (bɔdes) akeka abofonosɛm akyerɛ me. Wotumi ka sɛ me ne wɔn da a, m’ani begye paa.”—Coretta.

Wohwɛ nea mmarimaa no yɛe yi a, wobɛka sɛ:

  1. Wɔne Coretta redi agorɔ?

  2. Wɔde wɔn ho rehyehyɛ no?

  3. Wɔretwetwe n’adwene aba nna so?

“Bere bi a yɛte bɔs mu no, abarimaa bi fii ase keka nsɛnhunu kyerɛɛ me. Mihui ara na wasɔ me mu. Enti mebɔɔ ne nsa twenee baabi ka kyerɛɛ no sɛ omfi me nkyɛn. Afei na ɔhwɛ me hãã, kyerɛ sɛ onhu nipa ko a meyɛ.”—Candice.

Wohwɛ nea abarimaa no yɛe yi a, wobɛka sɛ:

  1. Ɔne Candice redi agorɔ?

  2. Ɔde ne ho rehyehyɛ no?

  3. Ɔretwetwe n’adwene aba nna so?

“Afe a etwaam no, abarimaa bi tuu n’ani sii me so sɛ ɔpɛ me na ɔpɛ sɛ yepue. Nanso mampene. Ɛtɔ da a, ɔde ne nsa fefa me ho. Meka sɛ onnyae a, ontie. Da bi na merehyɛ me mpaboa, nea metee ara ne sɛ wabɔ me to.”—Bethany.

Wuhu nea abarimaa yi yɛe no sɛn?

  1. Ɔne Bethany redi agorɔ?

  2. Ɔde ne ho rehyehyɛ no?

  3. Ɔretwetwe n’adwene aba nna so?

Yɛhwɛ nsɛm yi nyinaa a, nea ɛtɔ so 3 no na ɛyɛ nokware.

Sɛ obi retwetwe w’adwene aba nna so anaa ɔde nna ho nsɛm rehaw wo a, yɛrentumi nka sɛ ɔne wo redi agorɔ anaa ɔde ne ho hyehyɛ wo kɛkɛ. Adɛn ntia?

Obi retwetwe w’adwene aba nna so na woka kyerɛ no sɛ onnyae koraa ontie.

Wei yɛ aniberesɛm paa, efisɛ ebetumi akowie mmonnaato.