Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 1

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase

Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn. Nneɛma a yehu ne nea yenhu nyinaa, ɔno na ɔbɔe. Yehowa bɔɔ abɔfo bebree ansa na ɔrebɔ nneɛma a yɛde yɛn ani hu no nyinaa. Wunim abɔfo? Yehowa na ɔbɔɔ wɔn; wɔte sɛ ɔno ara. Sɛnea yɛrentumi nhu Onyankopɔn no, saa ara na yɛrentumi nhu abɔfo nso. Ɔbɔfo a Yehowa dii kan bɔɔ no no bɛyɛɛ ne boafo. Ɔboaa Yehowa ma ɔbɔɔ nsoromma, okyinnsoromma (planet), ne nneɛma a aka nyinaa. Asase fɛfɛɛfɛ a yɛte so yi ka okyinnsoromma no ho.

Afei Yehowa siesiee asase sɛ mmoa ne nnipa ntena so. Ɔmaa awia hyerɛn asase so. Ɔsan bɔɔ mmepɔw, ɛpo, ne nsu a ɛtene.

Dɛn bio na ɔyɛe? Yehowa kaa sɛ: ‘Merebɛyɛ sare anaa ɛserɛ ne nnua.’ Enti nnuaba, nhwiren, ne atosode te sɛ nkontommire ne mako bebree fifii. Afei Yehowa yɛɛ mmoa ahorow bebree; ebi tu, ebi wɔ nsu mu, ebi nso wea. Mmoa nketewa te sɛ adanko, ne akɛse te sɛ ɔsono nyinaa, Yehowa na ɔyɛe. Aboa bɛn na w’ani gye ne ho paa?

Afei Yehowa ka kyerɛɛ ɔbɔfo a odi kan no sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa.” Nnipa ne mmoa nyɛ pɛ. Nnipa tumi de wɔn adwene yɛ nneɛma, yɛkasa, yɛserew, yetumi bɔ mpae. Yehowa de asase ne mmoa maa nnipa sɛ wɔnhwɛ so. Wunim onipa a Yehowa dii kan bɔɔ no? Ma yɛnhwɛ.

“Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1