Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 2

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima ne Ɔbaa a Wodi Kan

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima ne Ɔbaa a Wodi Kan

Yehowa yɛɛ turo fɛfɛɛfɛ bi wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Eden. Ná nhwiren, nnua ne mmoa pii wɔ turo no mu. Afei Onyankopɔn bɔɔ Adam. Ɔno ne onipa a Onyankopɔn dii kan bɔɔ no. Ɔde fam dɔte na ɛbɔɔ no, ɛnna ohuu mframa guu ne hwenem. Ɔyɛɛ saa no, wunim nea esii? Onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo! Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ ɔnhwɛ turo no so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ɔntoto mmoa no nyinaa din.

Yehowa maa Adam mmara bi a ɛho hia. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: ‘Wubetumi adi turom ha nnua nyinaa so aba, nanso baako bi deɛ, nni bi. Wudi bi a wubewu.’

Akyiri yi, Yehowa kaa sɛ: ‘Merebɛyɛ obi a ɔbɛboa Adam.’ Ɛno nti, ɔmaa Adam daa hatee. Ɛno akyi no, Onyankopɔn yii Adam mfe dompe baako de yɛɛ ɔbaa maa no. Ɔbaa no din de Hawa. Adam ne ne yere Hawa na wɔbɛyɛɛ abusua a edi kan. Bere a Adam huu ne yere no, ɔtee nka sɛn? Adam ani gyei paa. Enti ɔkaa sɛ: ‘Hwɛ nea Yehowa ayi me mfe dompe de ayɛ! Afei deɛ manya obi a ɔte sɛ me ara!’

Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wɔnwo, na wɔnhyɛ asase so ma. Ná Yehowa pɛ sɛ wɔde anigye yɛ adwuma ma asase nyinaa dan paradise, anaa turo fɛfɛ te sɛ Eden turom hɔ. Nanso anyɛ yiye. Ɛbaa no sɛn? Yebesua ɛho nsɛm pii wɔ ti a edi hɔ no mu.

“Onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea.”—Mateo 19:4