Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 4

Abufuw Maa Obi Kum Nipa

Abufuw Maa Obi Kum Nipa

Bere a Adam ne Hawa fii Eden turom hɔ no, akyiri yi, wɔwoo mma bebree. Wɔn ba a odi kan no, yɛfrɛ no Kain. Nea ɔto so mmienu no nso de Habel. Ná Habel hwɛ nguan, ɛnna Kain nso yɛ afuw.

Da koro bi, Kain ne Habel bɔɔ afɔre maa Yehowa. Yɛka afɔre a, wunim ade ko? Ɛyɛ ade a obi de kyɛ Onyankopɔn. Yehowa ani sɔɔ Habel afɔre no, nanso Kain afɔre no deɛ, Yehowa ani ansɔ. Ɛmaa Kain bo fuwii paa. Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ abufuw no betumi ama wayɛ bɔne. Nanso Kain antie.

Mmom, Kain ka kyerɛɛ Habel sɛ: ‘Kogya me afuw mu.’ Bere a wɔn nko ara wɔ wuram hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua no so kum no. Dɛn na Yehowa yɛe? Yehowa twee Kain aso; ɔpamoo no fii n’abusuafo nkyɛn kɔɔ akyirikyiri asase so. Kain annya kwan amma n’akyi bio.

Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛpɛ a, yɛn bo betumi afuw. Nanso sɛ yehu sɛ abufuw no reyɛ kɛse, anaa obi hu na otu yɛn fo sɛ yennyae a, ɛsɛ sɛ yegyae ntɛm na yɛankɔyɛ bɔne.

Ná Habel dɔ Yehowa. Habel yɛɛ adepa, enti Yehowa bɛkae no daa. Sɛ Onyankopɔn yɛ asase paradise a, obenyan Habel ama wabɛtena ase bio.

“Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre.”—Mateo 5:24