Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 5

Noa Adaka

Noa Adaka

Nkakrankakra, nnipa bɛyɛɛ pii wɔ asase so. Nanso na wɔn mu pii yɛ adebɔne. Abɔfo a wɔwɔ soro mpo, ebi yɛɛ bɔne. Abɔfo no fii soro a ɛyɛ wɔn fie no baa asase so. Wunim nea enti a wɔyɛɛ saa? Wɔbaa sɛ wɔrebɛdan nnipa na wɔaware asase so mmaa.

Abɔfo no ne mmaa no woo mmabarima. Wɔn mma no bɛyɛɛ nnipa a wɔn ho yɛ den, na na wɔyɛ asisifo paa. Ná wɔhaw nkurɔfo. Ná Yehowa mpɛ sɛ nneɛma bɔne a ɛte saa bɛkɔ so, enti ɔyɛɛ sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe abɔnefo no.

Nanso, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔno deɛ ɔyɛ soronko. Ná ɔdɔ Yehowa. Yɛfrɛ no Noa. Ná ɔwɔ yere ne mmabarima mmiɛnsa. Yɛfrɛ ne mma no Sem, Ham, ne Yafet; na wɔn mu biara wɔ yere. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi, na sɛ Nsuyiri no ba a, agye ɔne n’abusua nkwa. Ná ɛyɛ adaka kɛse bi a ɛrentumi mmem. Yehowa san ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa bebree nkɔ adaka no mu sɛnea wɔn nso benya nkwa.

Ɛhɔ ara na Noa hyɛɛ ase yɛɛ adaka no. Noa ne n’abusua de bɛyɛ mfe 50 na ɛyɛɛ adaka no. Wɔyɛɛ adaka no pɛpɛɛpɛ sɛnea Yehowa kyerɛɛ wɔn no. Saa bere no nyinaa, na Noa reka akyerɛ nkurɔfo sɛ Nsuyiri bi reba, nanso obiara antie no.

Nkakrankakra, wowiee adaka no. Enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ mu. Ma yɛnhwɛ nea esii.

“Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.”—Mateo 24:37