Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 6

Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu

Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu

Noa ne n’abusua ne mmoa no kɔɔ adaka no mu. Yehowa too adaka no mu, na nsu no fii ase tɔe. Nsu no tɔɔ saa ara, nanso adaka no deɛ, na ɛda nsu no ani. Afei nsu kataa asase so nyinaa. Abɔnefo a wɔankɔ adaka no mu nyinaa wui. Nanso Noa ne n’abusua a wɔwɔ adaka no mu deɛ, wɔanwu. Wunhu sɛ wɔn ani begye paa sɛ wotiee Yehowa?

Nsu tɔɔ awia ne anadwo nna mmaako mmaako 40 ansa na ɛretew. Nkakrankakra, nsu a ayiri no kɔɔ fam, na adaka no kosii bepɔw bi so. Nanso na nsu wɔ asase so nyinaa, enti na ɛsɛ sɛ Noa ne n’abusua no twɛn kakra ansa na wɔapue afi adaka no mu.

Akyiri yi, nsu no nyinaa wee maa asase so woe. Bere a Noa ne n’abusua kɔhyɛɛ adaka no mu no, edii bɛboro afe baako ansa na Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ wompue. Wopuei no, na ɛte sɛ nea wɔaba wiase foforo bi mu. Wɔn ani gyee sɛ Yehowa agye wɔn nkwa, enti wɔbɔɔ afɔre de daa no ase.

Yehowa nso ani gyee afɔre no ho. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe nneɛma a ɛwɔ asase so nyinaa bio da. Ɔmaa nyankontɔn (rainbow) bɛdaa soro de dii nea waka no ho adanse. Ɛno ne nyankontɔn a edi kan. Woahu nyankontɔn wɔ soro pɛn?

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Noa ne n’abusua sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asase so ma.

“Noa hyɛn adaka no mu, na [nkurɔfo anhu] kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:38, 39