Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 7

Babel Abansoro Tenteenten

Babel Abansoro Tenteenten

Nsuyiri no akyi no, Noa mma ne wɔn yerenom woo mma pii. Mma a wɔwoo wɔn no nyinii, na wɔn nso woo mma. Afei, na wɔn ase retrɛw wɔ asase so baabiara sɛnea Yehowa kae no pɛpɛɛpɛ.

Nanso mmusua no bi antie Yehowa. Wɔkaa sɛ: ‘Momma yɛnkyekye kurow kɛse anaa yensisi dan na yɛntena ha yi ara. Yensi abansoro a ne tenten bedu soro, na yennye din.’

Nea na nkurɔfo no reyɛ no, Yehowa ani annye ho, enti ɔyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔagyae. Wunim nea ɔyɛe? Ɔmaa wɔn nyinaa kasa sesae prɛko pɛ. Afei na obiara nte ne yɔnko kasa, enti wogyaee adwuma no yɛ. Wɔn kurow no, wɔfrɛɛ no Babel. Babel kyerɛ “Basabasa.” Nnipa fii ase tu fii hɔ, na wɔkɔtenaa asase so baabiara. Nanso baabiara a wɔkɔe no, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne. Ná nnipa bi da so ara dɔ Yehowa anaa? Yebenya mmuae no wɔ ti a edi hɔ no mu.

“Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”—Luka 18:14