Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 8

Abraham ne Sara Tiee Onyankopɔn

Abraham ne Sara Tiee Onyankopɔn

Ná kurow bi bɛn Babel; yɛfrɛ hɔ Ur. Nnipa a wɔte hɔ no, na wɔsom anyame anaa abosom pii. Ná wɔnsom Yehowa. Nanso na ɔbarima bi wɔ Ur; ɔno deɛ na ɔsom Yehowa nko ara. Ne din de Abraham.

Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Fi wo fie ne w’abusuafo nkyɛn, na kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no so.’ Afei Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ: ‘Wobɛyɛ ɔman kɛse anaa w’asefo bɛdɔɔso, na wo nti mɛyɛ nneɛma pa ama nnipa bebree wɔ asase so nyinaa.’

Ná Abraham nnim baabi a Yehowa pɛ sɛ ɔkɔ no, nanso onyaa Yehowa mu gyidi. Enti Abraham, ne yere Sara, ne papa Tera, ne ne nua ba Lot tiee Onyankopɔn. Wɔsesaa wɔn nneɛma, na wofii akwantu no ase.

Asase a na Yehowa pɛ sɛ Abraham ne n’abusua kɔ so no, wɔkɔe. Yɛfrɛ hɔ Kanaan. Bere a woduu hɔ no, na Abraham adi mfe 75. Onyankopɔn ne Abraham kasaa wɔ hɔ, na ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ: ‘Asase a ɛda w’anim yi nyinaa mede bɛma wo mma.’ Nanso na Abraham abɔ akwakoraa, na na Sara abɔ aberewa, nso na wonni ba. Ɛnde na dɛn na Yehowa bɛyɛ ama ne bɔhyɛ no abam?

Gyidi nti, Abraham tiee Yehowa, na osiim kɔɔ baabi a na wɔahyɛ sɛ daakye obenya sɛ agyapade no; na osiim kɔe, bere a na onnim faako a ɔrekɔ.’—Hebrifo 11:8