Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 9

Afei Deɛ, Wɔawo Ɔbabarima!

Afei Deɛ, Wɔawo Ɔbabarima!

Ná Abraham ne Sara aware mfe pii. Bere a wɔte Ur no, na wɔn ho tɔ wɔn. Nanso wotu fii hɔ kɔtenaa ntamadan (tent) mu. Ná Sara gye Yehowa di, enti wannwiinwii anaa ne bo amfuw.

Ná Sara ani abere repɛ ba paa, enti ɔka kyerɛ Abraham sɛ: ‘Sɛ m’afenaa Hagar wo a, ɛbɛyɛ te sɛ nea me ara na mawo abofra no.’ Akyiri yi, Hagar woo ɔbabarima. Ná ne din de Ismael.

Mfe pii akyi, bere a na Abraham adi mfe 99 na Sara nso adi mfe 89 no, ahɔho mmiɛnsa bi bɛsraa wɔn. Abraham ka kyerɛɛ ahɔho no sɛ wɔntena dua bi ase na ɔne wɔn bedidi. Wunim saa ahɔho no? Ná wɔyɛ abɔfo! Wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Afe sesɛɛ, wo ne wo yere bɛwo ɔbabarima.’ Ná Sara wɔ ntamadan mu retie nkɔmmɔ no. Ɔseree wɔ ne mu, na ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Obi a mabɔ aberewa sei deɛ, mɛyɛ dɛn atumi awo?’

Afe a edi hɔ no ara, Sara woo ɔbabarima sɛnea Yehowa bɔfo hyɛɛ bɔ no. Abraham too abofra no din Isak. Edin no kyerɛ ‘Ɔserew.’

Bere a Isak dii bɛyɛ mfe nnum no, Sara huu sɛ Ismael reserew Isak. Ná ɔpɛ sɛ ɔbɔ ne ba no ho ban, enti ɔkɔɔ Abraham hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmpam Hagar ne ne ba Ismael. Mfiase no, na Abraham mpɛ sɛ ɔpam wɔn. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Tie nea Sara reka no, na mɛhwɛ Ismael. Efisɛ ɛnam Isak so na me bɔhyɛ nyinaa bɛbam.’

“Gyidi nti Sara nso nyaa ahoɔden faa yafunu . . . efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no nokwafo.”—Hebrifo 11:11