Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 11

Gyidi Ho Sɔhwɛ

Gyidi Ho Sɔhwɛ

Abraham kyerɛkyerɛɛ ne ba Isak sɛ ɔnnɔ Yehowa na onnya gyidi sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam. Nanso bere a Isak dii mfe 25 no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ biribi a na ɛyɛ den paa. Ná ɛyɛ dɛn?

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mesrɛ wo, fa wo ba koro no kɔ Moria asase so kɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw no mu ma me.’ Ná Abraham nnim nea enti a Yehowa se ɔnyɛ saa, nanso otiee Yehowa.

Ade kyee anɔpa paa no, Abraham faa Isak ne ne nkoa mmienu na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Moria. Nnansa akyi no, wohuu sɛ mmepɔw no gu wɔn anim nohoa. Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ wɔntwɛn na ɔne Isak rekɔbɔ afɔre. Abraham de nnyina anaa egya a wɔbɛsɔ no soaa Isak, na Abraham nso faa sekan. Isak bisaa ne papa sɛ: ‘Aboa a yɛde bɛbɔ afɔre no wɔ he?’ Abraham buaa sɛ: ‘Me ba, Yehowa bɛkyerɛ.’

Bere a woduu bepɔw no so no, wosii afɔremuka. Afei Abraham kyekyeree Isak nsa ne ne nan na ɔde no too afɔremuka no so.

Abraham twee sekan. Ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo fi soro frɛɛ no sɛ: ‘Abraham! Mfa wo nsa nka abarimaa no! Afei na mahu sɛ wugye Onyankopɔn di, efisɛ woansuro sɛ wode wo ba no bɛbɔ afɔre ama me.’ Ɛno akyi no, Abraham huu oguan bi a n’abɛn aka nwura bi mu. Enti Abraham sanee Isak, na wɔde aboa no mmom bɔɔ afɔre maa Yehowa.

Efi saa bere no, Yehowa frɛɛ Abraham sɛ n’adamfo. Wunim nea enti a ɔfrɛɛ no saa? Efisɛ biribiara a Yehowa bɛka akyerɛ Abraham sɛ ɔnyɛ no, na ɔyɛ. Sɛ Abraham nte ase mpo a, na otie.

Yehowa san kaa ne bɔhyɛ no ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mehyira wo na mɛma wo mma anaa w’asefo ayɛ bebree.’ Wei kyerɛ sɛ, Yehowa bɛfa Abraham asefo so ahyira nnipa pa nyinaa.

“Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16