Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 13

Yakob ne Esau Siesiee Wɔn Ntam

Yakob ne Esau Siesiee Wɔn Ntam

Yehowa hyɛɛ Yakob bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban sɛnea ɔbɔɔ Abraham ne Isak ho ban no. Yakob kɔtenaa baabi a yɛfrɛ hɔ Haran. Ɔwaree wɔ hɔ, onyaa abusua kɛse, na onyaa sika pii.

Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ: ‘San kɔ wo kurom.’ Ná ɔkwan no ware paa, nanso Yakob ne n’abusua sii kwan so. Bere a wɔnam kwan so no, nkurɔfo behyiaa Yakob, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo nua Esau reba, na mmarima 400 ka ne ho!’ Ná Yakob suro sɛ ne nua no bɛyɛ ɔne n’abusua no bɔne. Enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Mesrɛ wo gye me fi me nua Esau nsam.’ Da a edi hɔ no, Yakob soma ma wɔde nguan, mpɔnkye, anantwi, yoma (camel), ne mfurum (donkey) bebree kɔkyɛɛ Esau.

Saa anadwo no, bere a na aka Yakob nko ara no, ohuu ɔbɔfo bi! Ɔbɔfo no fii ase ne no dii aperepere. Wɔyɛɛ saa ara ma ade kyee. Ɛwom sɛ ɔbɔfo no piraa Yakob, nanso wannyaa ɔbɔfo no amma wankɔ. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ma menkɔ.’ Nanso Yakob kaa sɛ: ‘Woanhyira me a, meremma wonkɔ.’

Awiei koraa no, ɔbɔfo no hyiraa Yakob. Afei Yakob behuu sɛ Yehowa remma kwan mma Esau nyɛ no bɔne.

Saa anɔpa no, bere a Yakob too n’ani no, ohuu Esau ne ne mmarima 400 no. Yakob dii n’abusua no anim kan, na ɔkɔbɔɔ ne mu ase mpɛn nson wɔ ne nua no anim. Esau tuu mmirika behyiaa Yakob, na ɔyɛɛ no atuu de ne nsa guu ne kɔn mu. Anuanom mmienu yi nyinaa sui, na wosiesiee wɔn ntam. Wohwɛ a, ɔkwan a Yakob faa so siesiee ɔne ne nua no ntam no, Yehowa tee nka sɛn wɔ ho?

Akyiri yi, Esau san kɔɔ ne fie, na Yakob nso kɔɔ ne fie. Yakob woo mmabarima 12. Wɔn din na edidi so yi: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Dan, Naftali, Gad, Aser, Isakar, Sebulon, Yosef, ne Benyamin. Yehowa faa Yakob mmabarima no mu baako so gyee Yehowa nkurɔfo. Ɔno ne Yosef. Wunim ɔkwan a Yehowa faa so? Ma yɛnhwɛ.

“Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.”—Mateo 5:44, 45