Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 14

Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ

Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ

Ná Yosef ka Yakob mma nkumaa no ho. Ne nuanom mpanyimfo no huu sɛ wɔn papa pɛ Yosef asɛm paa. Wohwɛ a, na ɛbɛyɛ ne nuanom mpanyimfo no dɛ? Ná wɔn ani bere Yosef, enti na wɔtan no. Yosef soo dae ahorow bi a na ɔnte ase, enti ɔka kyerɛɛ ne nuanom. Yosef nuanom tee dae no ase sɛ, da koro wɔn nyinaa bɛkotow no. Wei maa wɔtan no kɛse!

Da bi, na Yosef nuanom rehwɛ nguan wɔ kurow bi a ɛbɛn Sekem. Enti Yakob somaa Yosef sɛ ɔnkɔsra wɔn na ɔnhwɛ sɛnea wɔn ho te. Bere a wohuu Yosef wɔ akyirikyiri no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Akoa a ɔsoso dae no na ɔreba no. Momma yenkum no!’ Enti wosoo Yosef mu denneennen, na wɔtow no twenee amena tenten bi mu. Nanso ne nua baako a yɛfrɛ no Yuda kaa sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ mukum no! Mmom, yɛntɔn no na ɔnkɔyɛ akoa.’ Ná Midianfo bi a wɔtɔn nneɛma rekɔ Egypt, enti wɔtɔn Yosef maa wɔn. Midianfo no tuaa sika nnwetɛbona 20 maa ne nuanom no.

Afei Yosef nuanom de n’atade hyɛɛ apɔnkye mogya mu. Wɔde atade no kɔmaa wɔn papa na wobisaa no sɛ: ‘Ɛnyɛ wo ba no atade ni?’ Wei maa Yakob adwene yɛɛ no sɛ aboa kɛse bi akum Yosef. Yakob werɛ howee paa. Obiara antumi ankyekye ne werɛ.

Wɔtɔn Yosef ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Egypt. Ɔpanyin bi a yɛfrɛ no Potifar na ɔtɔɔ no. Nanso na Yehowa ka Yosef ho. Potifar huu sɛ Yosef pɛ adwuma paa, na ɔka nokware nso. Enti ankyɛ koraa na Potifar de biribiara a ɔwɔ hyɛɛ Yosef nsa.

Potifar yere huu sɛ Yosef ho yɛ fɛ na ɔwɔ ahoɔden nso. Da biara, na maame no ka kyerɛ Yosef sɛ ɔne no nna. Wohwɛ a, Yosef bɛyɛ dɛn? Wampene. Mmom ɔka kyerɛɛ maame no sɛ: ‘Dabi! Ɛyɛ bɔne. Me wura gye me di, na woyɛ ne yere. Sɛ me ne wo da a, na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn!’

Da bi deɛ, Potifar yere no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhyɛ Yosef ama ɔne no ada. Enti osoo Yosef atade mu denneennen sɛ ɔne no nna, nanso Yosef guanee. Bere a Potifar baa fie no, ne yere ka kyerɛɛ no sɛ Yosef baa ne nkyɛn sɛ ɔne no bɛda. Nanso na maame no retwa atoro. Potifar bo fuwii paa, na ɔde Yosef kɔtoo afiase. Ne nyinaa mu, Yehowa werɛ amfi Yosef.

“Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu.”—1 Petro 5:6