Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 17

Mose Yɛɛ N’adwene sɛ Ɔbɛsom Yehowa

Mose Yɛɛ N’adwene sɛ Ɔbɛsom Yehowa

Yakob abusuafo no, na Egyptfo no frɛ wɔn Israelfo. Yakob ne Yosef wui. Ɛno akyi no Farao foforo bedii hene wɔ Egypt. Ohuu sɛ na Israelfo no ho reyɛ den asen Egyptfo no, enti na osuro. Enti saa Farao yi de Israelfo no yɛɛ nkoa. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wontwa blɔks a yɛde si dan, na wɔnyɛ adwumaden wɔ afuw mu. Nanso bere a Egyptfo no rehyɛ Israelfo ama wɔayɛ adwumaden no, na Israelfo no redɔɔso. Ná asɛm no nyɛ Farao dɛ, enti ɔhyɛɛ mmara bi. Ɔkaa sɛ, sɛ Israelni biara wo abofra na ɔyɛ ɔbarima a, wonkum no. Wunnye nni sɛ bere a Israelfo no tee asɛm no wɔn yam hyehyee wɔn paa?

Ná Israelni baa bi wɔ hɔ a yɛfrɛ no Yokebed. Saa bere no, ɔwoo abarimaa bi a na ne ho yɛ fɛ paa. Ná ɔmpɛ sɛ obiara bekum abofra no. Enti ɔde no too kɛntɛn bi mu kosiee nwura mu wɔ Asubɔnten Nil ho. Ɔmaa abofra no nuabaa Miriam kogyinaa nkyɛn baabi hwɛɛ nea ebesi.

Ankyɛ na Farao babaa baa nsu no ho sɛ ɔrebeguare. Ohuu kɛntɛn no. Ohuu sɛ abofra bi da mu a ɔresu, enti ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Ɛnna Miriam bisaa no sɛ: ‘Menkɔhwehwɛ ɔbaa bi mmra na ɔnhwɛ abofra no mma wo anaa?’ Farao babaa no kaa sɛ aane. Enti Miriam kɔfrɛɛ ɔno ara ne maame Yokebed bae. Farao babaa no ka kyerɛɛ Yokebed sɛ: ‘Gye abofra yi na kɔhwɛ no ma me na metua wo ka.’

Bere a abofra no nyinii no Yokebed de no kɔmaa Farao babaa no. Ɔtoo ne din Mose. Farao babaa no tetee Mose sɛ ɔno ankasa ba. Mose nyinii no, na wabɛyɛ te sɛ ɔhene ba. Enti biribiara a ɔpɛ no, na onya. Nanso Mose werɛ amfi Yehowa. Ná Mose nim paa sɛ ɔnyɛ Egyptni na mmom ɔyɛ Israelni. Enti osii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa.

Bere a Mose dii mfe 40 no, na ɔpɛ sɛ ɔboa ne nkurɔfo. Da koro bi Mose huu sɛ Egyptni bi reboro Israelni bi. Enti Mose bɔɔ Egyptni no denneennen kum no. Owui no Mose de no hyɛɛ fam, na ɔde dɔte kataa ne so. Bere a Farao tee asɛm no, ɔyɛɛ sɛ obekum Mose. Nanso Mose guan kɔɔ Midian asase so. Ɔkɔɔ hɔ no, Yehowa hwɛɛ no.

‘Gyidi nti Mose ampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba, mmom ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani.’—Hebrifo 11:24, 25