Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 18

Nwura a Ɛredɛw

Nwura a Ɛredɛw

Mose tenaa Midian mfe 40. Ɔwaree, na ɔne ne yere woo mma. Da koro bi, na ɔrehwɛ ne nguan wɔ baabi a ɛbɛn Bepɔw Sinai. Ohuu ade bi a ɛyɛ nwonwa. Ná ogya bi redɛw wɔ nwura bi mu, nanso na ɛnhyew! Mose twe bɛn ho sɛ ɔrekɔhwɛ no yiye. Ɛhɔ ara na ɔtee sɛ ɛnne bi refrɛ no wɔ nwura no mu sɛ: ‘Mose! Gyina baabi a wowɔ no ara. Yi wo nan ase mpaboa, efisɛ asase a wugyina so no yɛ asase kronkron.’ Ɛyɛ Yehowa na na ɔnam ɔbɔfo bi so rekasa.

Ná Mose suro, enti ɔkataa n’anim. Ɛnna ɛnne no kaa sɛ: ‘Mahu sɛnea Israelfo no rebrɛ. Megye wɔn afi Egyptfo nsam na mede wɔn akɔ asase pa so. Wo na wubedi me nkurɔfo anim de wɔn afi Egypt.’ Wunhu sɛ asɛm no bɛyɛ Mose nwonwa paa?

Mose bisaa Yehowa sɛ: ‘Sɛ mekɔ na sɛ nkurɔfo no bisa me sɛ, hena na ɔsomaa wo a, dɛn na menka?’ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ, Yehowa, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn na asoma wo.’ Afei Mose kaa sɛ: ‘Na sɛ nkurɔfo no antie me nso ɛ?’ Yehowa yɛɛ biribi de kyerɛɛ Mose sɛ Ɔbɛboa no. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa poma a okura no nto fam. Bere a ɔde poma no too fam ara pɛ na ɛdanee ɔwɔ! Bere a Mose soo ɔwɔ no dua mu no, ɛsan danee poma. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: ‘Sɛ woyɛ wei a, ɛbɛma Israelfo no ahu sɛ me na masoma wo.’

Mose san kaa sɛ: ‘Minnim kasa papa.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mɛkyerɛ wo nea wobɛka, na mɛma wo nua Aaron akogya wo.’ Afei deɛ, na Mose ahu sɛ Yehowa bɛboa no, enti ɔfaa ne yere ne ne mma, na ɔsan kɔɔ Egypt.

“Munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaasɛ nea mobɛka ho; wɔde nea mobɛka bɛma mo dɔn no mu.”—Mateo 10:19