Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 21

Ɔhaw a Ɛto so Du

Ɔhaw a Ɛto so Du

Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ ɔremma n’anim bio. Nanso ansa na ɔrefi Farao anim akɔ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnnɛ anadwo, Egyptni biara ba a odi kan bewu, efi Farao abakan so kosi akoa abakan so, obiara bewu.’

Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnyɛ aduan titiriw bi. Ɔkaa sɛ: ‘Munkum oguan anaa apɔnkye a wadi afe na momfa ne mogya no bi nyɛ mo pon anim. Montõtõ nam no na momfa paanoo a biribi a ɛma paanoo kaw biara nni mu nka ho nni. Monhyɛ mo ntade ne mo mpaboa, na munsiesie mo ho sɛ mobɛkɔ. Ɛnnɛ anadwo yi, meremma monyɛ nkoa bio.’ Wohwɛ a wunhu sɛ Israelfo no ani begye paa?

Anadwo a obiara ada no, Yehowa bɔfo kɔɔ fie biara a ɛwɔ Egypt mu. Efie biara a na wɔmfaa mogya nyɛɛ ne pon ho no, abakan a ɔwɔ hɔ wui. Nanso afie a wɔde mogya ayɛ ho no deɛ, ɔbɔfo no twaa mu wɔ hɔ. Egyptfo fie biara mu no, osikani fie oo, ohiani fie oo, abofra bi wui wɔ hɔ. Nanso Israelni biara ba anwu.

Farao mpo abakan wui. Afei de na Farao nhu nea ɔnyɛ ne ho. Enti ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: ‘Monsɔre. Mumfi ha nkɔ. Monkɔsom mo Nyankopɔn. Momfa mo mmoa nkɔ!’

Bere a bosome puei no, Israelfo no boaboaa wɔn ho ano mmusua mmusua na wofii Egypt. Israelfo mmarima 600,000 ne mmaa ne mmofra bebree fii Egypt kɔe. Wɔn a wɔnyɛ Israelfo bebree kaa wɔn ho ne wɔn kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi asom Yehowa. Afei deɛ, na Israelfo no nyɛ nkoa bio!

Sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo bɛkae ɔkwan a Yehowa faa so gyee wɔn nti, na ɛsɛ sɛ afe biara wodi saa aduan titiriw no. Saa afahyɛ no, na wɔfrɛ no Twam.

“Eyi ara nti na mama kwan ama woda so te ase, sɛ meyi me tumi adi wɔ wo so, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.”—Romafo 9:17