Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 23

Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ

Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ

Bere a Israelfo no tu fii Egypt bɛyɛ abosome mmienu akyi no, wokoduu Bepɔw Sinai ho. Wogyee wɔn ahome wɔ hɔ. Yehowa frɛɛ Mose kɔɔ bepɔw no so. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Me na migyee Israelfo no. Sɛ wotie m’asɛm na wodi me mmara so a, mede wɔn bɛyɛ me nkurɔfo titiriw.’ Mose sian fii bepɔw no so baa Israelfo no nkyɛn. Ɔkaa nea Yehowa aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn. Dɛn na Israelfo no yɛe? Wɔkaa sɛ: ‘Nea Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ biara, yɛbɛyɛ.’

Mose san foro kɔɔ bepɔw no so. Oduu hɔ no, Yehowa kaa sɛ: ‘Da a ɛto so mmiɛnsa no, me ne wo bɛkasa. Enti ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ mma obiara mma Bepɔw Sinai so.’ Mose sian kɔɔ Israelfo no nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonsiesie wɔn ho na Yehowa ne wɔn bɛkasa.

Ɛda a ɛto so mmiɛnsa no, Israelfo no huu anyinam a ɛrepaapae ne omununkum kusuu wɔ bepɔw no so. Afei wɔtee aprannaa a ɛrebobom ne abɛn a ɛrebɔ. Ɛno akyi no, Yehowa nam ogya mu sian baa bepɔw no so. Ehu kaa Israelfo no maa wɔn ho popoe. Bepɔw no nyinaa wosow denneennen na wusiw kataa so nyinaa. Abɛn no kɔɔ so ara bɔɔ denneennen. Afei Onyankopɔn kaa sɛ: ‘Mene Yehowa. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo biara ka me ho.’

Mose san foro kɔɔ bepɔw no so. Yehowa de mmara maa no, na ɔde brɛɛ nkurɔfo no. Mmara no kyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛsom Yehowa ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra. Mose kyerɛw mmara no, na ɔkenkan kyerɛɛ Israelfo no. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ: ‘Nea Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ biara, yɛbɛyɛ.’ Ampa, wɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ. Nanso wohwɛ a, na wobedi so?

“Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Mateo 22:37