Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 25

Wosii Ntamadan a Wɔbɛsom Onyankopɔn Wom

Wosii Ntamadan a Wɔbɛsom Onyankopɔn Wom

Bere a Mose wɔ Bepɔw Sinai so no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onsi ntamadan soronko bi. Ɛhɔ na na Israelfo no bɛsom Onyankopɔn. Baabi a wɔbɛkɔ biara no, na wobetumi asoa ntamadan no akɔ.

Yehowa kaa sɛ: ‘Ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ wɔmfa nea wobenya biara mmra mmɛboa ma wonsi ntamadan no.’ Enti Israelfo no de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, aboɔden abo, ne agude bae. Afei nso wɔde asaawa, nwera anaa ntama fitaa, aboa nhoma, ne nneɛma foforo pii bae. Ná wɔn yam ye paa, enti wɔde nneɛma bae ara ma Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea mode aba no dɔɔso! Obiara mmfa bi mma bio.’

Ná mmarima ne mmea pii nim adwuma paa. Enti wɔboa maa wosii ntamadan no. Yehowa maa wɔn nyansa a wɔde bɛyɛ adwuma no. Ebinom de asaawa yɛɛ nhama, wɔnwenee ntama, anaa wɔnwenee nneɛma a ɛyɛ fɛ guu ntama no mu. Ebi hyehyɛɛ abo, afoforo nso yɛɛ sika kɔkɔɔ, anaa nnua ho adwuma.

Sɛnea Yehowa kaa sɛ wonsi ntamadan no, saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe. Wɔyɛɛ ntama fɛfɛɛfɛ bi de kyɛɛ ntamadan no mu mmienu. Ná wɔfrɛ baako Kronkronbea, ɛnna baako nso wɔfrɛ no Kronkron mu Kronkronbea. Wɔde ɔkanto dua ne sika kɔkɔɔ na ɛyɛɛ apam adaka no. Ná apam adaka no si Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Sɛ wokɔ Kronkronbea hɔ a, na wubehu sika kaneadua, table, ne ade a wɔhyew aduhuam wɔ so a yɛfrɛ no muka nso wɔ hɔ. Adiwo anaa abɔnten hɔ nso, nea na ɛwɔ hɔ ne kyɛnsee bi a wɔde kɔbere ayɛ ne afɔremuka kɛse. Ná apam adaka no ma Israelfo no kae sɛ wɔahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobetie n’asɛm. Sɛ yɛka apam a, wunim nea ɛkyerɛ? Ɛkyerɛ bɔhyɛ titiriw bi.

Yehowa yii Aaron ne ne mma no sɛ wɔnyɛ asɔfo. Ná wɔbɛyɛ adwuma wɔ ntamadan no mu. Ná wɔbɛhwɛ so, na wɔabɔ afɔre wɔ hɔ ama Yehowa. Aaron na na ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Ɔno nko ara na na obetumi akɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Afe biara, na ɔkɔ hɔ baako pɛ. Ɔkɔ hɔ a, na ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, n’abusua, ne Israel man no nyinaa.

Bere a Israelfo no fii Egypt no, afe pɛpɛɛpɛ na wosii ntamadan no wiei. Afei deɛ, na wɔanya baabi a wɔbɛsom Yehowa.

Yehowa de n’anuonyam hyɛɛ ntamadan no ma, na ɔmaa omununkum bɛkataa so. Sɛ omununkum no wɔ ntamadan no so a, na Israelfo no ntu mfi baabi a wɔte no. Nanso sɛ omununkum no ma ne ho so a, ɛma wohu sɛ ɛsɛ sɛ wotu. Ɛba saa a, wotutu ntamadan no, na wɔadi omununkum no akyi.

“Afei metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: ‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma, anaa nnipa mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.’”—Adiyisɛm 21:3