Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 26

Akwansrafo Dumienu

Akwansrafo Dumienu

Bere a Israelfo no tu fii Bepɔw Sinai ho no, wɔfaa Paran sare anaa asase so kɔɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Kades. Ɛhɔ na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Kanaan asase a mede bɛma Israelfo no, soma mmarima 12 na wɔnkɔhwɛ hɔ. Yi ɔbarima baako fi abusua biara mu.’ Enti Mose yii mmarima 12, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ Kanaan nkɔhwɛ sɛ wodua aduan wɔ asase no so a, ɛbɛyɛ yiye anaa. Ɛyɛ a, monhwɛ sɛ nkurɔfo no ho yɛ den anaa wɔn ho nyɛ den. Afei monhwɛ sɛ wɔte ntamadan mu anaa nkurow akɛse mu.’ Ná Yosua ne Kaleb ka akwansrafo 12 no ho. Na wosii mu kɔɔ Kanaan.

Nna mmaako mmaako 40 akyi no, akwansrafo no bae. Wɔde borɔdɔma, granate akutu, ne bobe fi hɔ bae. Akwansrafo no bɛbɔɔ amanneɛ sɛ: ‘Asase no deɛ, ɛyɛ papa nanso nkurɔfo no ho yɛ den na wɔn nkurow no afasu nso yɛ atenten.’ Afei Kaleb kaa sɛ: ‘Yebetumi adi wɔn so nkonim. Enti momma yɛnkɔ wɔn so seesei ara!’ Wunim nea enti a Kaleb kaa saa? Efisɛ na Kaleb ne Yosua gye Yehowa di. Nanso akwansrafo du a aka no kaa sɛ: ‘Dabi! Nkurɔfo no soso woware te sɛ abran! Yɛyɛɛ nketenkete te sɛ mmɛbɛ wɔ wɔn ani so.’

Israelfo no abam bui. Wofii ase kasakasae. Wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Momma yenyi onipa foforo nni yɛn anim na yɛnsan nkɔ Egypt. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kanaan ma ɛhɔfo kunkum yɛn?’ Yosua ne Kaleb kaa sɛ: ‘Mma monyɛ Yehowa so asoɔden. Ɛnsɛ sɛ musuro. Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban.’ Nanso Israelfo no antie. Ná wɔpɛ sɛ wokum Yosua ne Kaleb mpo!

Dɛn na Yehowa yɛe wɔ asɛm no ho? Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Nea mayɛ ama Israelfo nyinaa akyi no, wontie m’asɛm. Ɛno nti wɔbɛtena sare yi so mfe 40, na ɛha ara na wobewuwu. Israelfo mma nko ara, ne afei Yosua ne Kaleb na wɔbɛtena asase a mede hyɛɛ wɔn bɔ no so.’

“Dɛn nti na ehu aka mo, mo a mo gyidi sua?”—Mateo 8:26