Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 28

Balaam Afurum Kasae

Balaam Afurum Kasae

Ná Israelfo no atena sare so bɛyɛ mfe 40. Ná wɔako adi nkurow a ɛyɛ den pii so nkonim. Afei wotu kɔtenaa Moab sare so. Ɛwɔ Yordan Asubɔnten no apuei fam. Ná bere aso sɛ wɔkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ná Balak yɛ Moab hene, na na osuro sɛ Israelfo no bɛko afa n’asase. Enti ɔfrɛɛ ɔbarima bi a ne din de Balaam sɛ ɔmmra Moab mmɛdome Israelfo no.

Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Balaam sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wodome Israelfo no.’ Enti Balaam ankɔ. Ɔhene Balak san soma ma wɔkɔfrɛɛ no. Ɔhene no kaa sɛ nea Balaam pɛ biara, ɔde bɛma no. Nanso, Balaam ampene so. Afei Onyankopɔn kaa sɛ: ‘Wubetumi akɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo nko ara na ɛsɛ sɛ woka.’

Balaam tenaa n’afurum so. Ɔde n’ani kyerɛɛ anafo fam kɔɔ Moab. Ná Yehowa aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔdome Israelfo no. Nanso na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛdome wɔn. Yehowa bɔfo yii ne ho adi mprɛnsa wɔ kwan no so. Balaam anhu ɔbɔfo no, nanso n’afurum no deɛ, ohuu no. Nea edi kan no, afurum no de n’ani kyerɛɛ wuram. Afei afurum no kɔfam ɔfasu bi ho maa Balaam nan ka miaa ɔfasu no. Awiei koraa no, afurum no butuw kwan no mfinimfini. Emu biara no, na Balaam de abaa hwe afurum no.

Nea ɛto so mmiɛnsa akyi no, Yehowa maa afurum no kasae. Afurum no bisaa Balaam sɛ: ‘Adɛn nti na woda so ara rehwe me?’ Balaam kaa sɛ: ‘Woama mayɛ sɛ ogyimfo. Sɛ nkrante bi kura me a, anka sesɛɛ makum wo.’ Afurum no kaa sɛ: ‘Woatena me so mfe pii ni. Woahu sɛ mayɛ wo saa pɛn?’

Afei Yehowa maa Balaam huu ɔbɔfo no. Ɔbɔfo no kaa sɛ: ‘Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ nnome Israelfo no.’ Balaam kaa sɛ: ‘Mayɛ bɔne. Mɛsan m’akyi akɔ fie.’ Nanso ɔbɔfo no kaa sɛ: ‘Wubetumi akɔ Moab, nanso asɛm a Yehowa bɛka akyerɛ wo nko ara na ɛsɛ sɛ woka.’

Nea ɛtoo Balaam no, osuaa biribi fii mu anaa? Dabi. Ɛno akyi no, Balaam yɛe sɛ ɔbɛdome Israelfo no. Ɔyɛɛ saa mprɛnsa. Nanso emu biara no, Yehowa maa ohyiraa Israelfo no mmom. Nea ɛbae ne sɛ, Israelfo no dii Moab so nkonim, na wokum Balaam. Sɛ Balaam tiee Yehowa a, wohwɛ a anka saa na ɛbɛto no?

“Monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”—Luka 12:15