Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 29

Yehowa Yii Yosua

Yehowa Yii Yosua

Mose dii Israel man no anim mfe pii. Nanso na ɛrenkyɛ na wawu. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnyɛ wo na wode Israelfo no bedu Bɔhyɛ Asase no so. Nanso mɛma woahu asase no.’ Enti Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɛnde onyi onipa foforo a obedi Israelfo no anim. Yehowa kaa sɛ: ‘Kɔ Yosua nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ, ɔno na mayi no.’

Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ ɛrenkyɛ obewu, na Yehowa ayi Yosua sɛ onni wɔn anim mfa wɔn nkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Afei Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: ‘Nsuro. Yehowa bɛboa wo.’ Ɛno akyi bere tiaa bi no, Mose foro kɔɔ Bepɔw Nebo so. Ɛhɔ na Yehowa kyerɛɛ no asase a Ɔde hyɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob bɔ no. Mose wui no, na wadi mfe 120.

Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: ‘Twa Yordan Asubɔnten no kɔ Kanaan. Sɛnea meboaa Mose no, wo nso mɛboa wo. Nanso hwɛ sɛ wobɛkenkan me Mmara no da biara. Nsuro. Nya akokoduru. Kɔ na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no.’

Yosua somaa akwansrafo mmienu sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea Yeriko kurow no te. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ama yɛahu pii afa nea esii no ho. Akwansrafo no bae no, wɔkaa sɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔ Kanaan no ara ni. Ade kyee no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wontutu wɔn ntamadan na wonsiesie wɔn ho. Afei asɔfo a wɔso apam adaka no, ɔma wodii wɔn anim kɔɔ Yordan Asubɔnten no ho. Ná nsu no ayiri. Nanso bere a asɔfo no de wɔn nan sii nsu no mu ara pɛ na nsu a efi atifi reba no nyinaa gyinaa faako. Nea ɛrekɔ anafo no nyinaa sen kɔe! Asɔfo no kogyinaa nsu a awe no mfinimfini. Wɔtwɛn maa Israel man no nyinaa twaa nsu no. Wohwɛ a, saa anwonwade yi maa Israelfo no kaee nea na Yehowa ayɛ ama wɔn wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no anaa?

Mfe pii akyi no, afei deɛ na Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so. Ná wobetumi asisi adan, akyekyere nkurow, ayeyɛ mfuw, bobe nturo, ne nturo a nnuaba wom. Ampa, na ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.

‘Yehowa bedi w’anim daa, na ɔbɛma wo kra amee wɔ asase kesee so.’—Yesaia 58:11