Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 30

Rahab De Akwansrafo no Siei

Rahab De Akwansrafo no Siei

Akwansrafo bi fi Israel kɔɔ Yeriko kurow no mu. Wɔtenaa ɔbaa bi a yɛfrɛ no Rahab fie. Yeriko hene tee no, ɔsomaa asogyafo kɔɔ Rahab fie. Rahab de akwansrafo mmienu no siee ne dan no atifi, na ɔmaa asogyafo no faa baabi foforo. Ɔka kyerɛɛ akwansrafo no sɛ: ‘Mɛboa mo efisɛ minim sɛ Yehowa ka mo ho, na mubedi asase yi so nkonim. Mesrɛ mo, monhyɛ me bɔ sɛ mubegye m’abusua nkwa.’

Akwansrafo no ka kyerɛɛ Rahab sɛ: ‘Yɛhyɛ wo bɔ sɛ bɔne biara rento obiara wɔ fie ha.’ Wɔkaa sɛ: ‘Fa ahama kɔkɔɔ sɛn wo mpoma no ho, na w’abusuafo benya nkwa.’

Rahab de ahama kyekyeree ne mpoma ho maa akwansrafo no faa ho sii fam. Wɔde wɔn ho kosiee mmepɔw so nnansa ansa na wɔresan akɔ Yosua nkyɛn. Afei Israelfo twaa Yordan Asubɔnten no, na wosiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛko afa asase no. Kurow a edi kan a wodii so nkonim ne Yeriko. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ da biara, wɔnnantew ntwa kurow no ho nhyia baako. Wɔyɛɛ saa nnansia, na da a ɛto so nson no deɛ, wɔnantew twaa kurow no ho hyiae mpɛn nson. Ɛno akyi no, asɔfo no hyɛn wɔn abɛn no, na asogyafo no nso teɛteɛɛm denneennen. Ɛbaa saa no, kurow no afasu nyinaa bubu guu fam! Ná Rahab fie no si ɔfasu no so. Nanso ɛno deɛ, ammubu. Rahab ne n’abusuafo nyaa nkwa, efisɛ onyaa Yehowa mu gyidi.

“So ɛnyɛ saa ara na . . . Rahab nso wɔnam nnwuma so buu no bem, bere a ogyee abɔfo no fɛw so na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?”—Yakobo 2:25

Yosua 2:1-24; 6:1-27; Hebrifo 11:30, 31; Yakobo 2:24-26